Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yebetumi Asua Onyankopɔn Ho Ade Afi N’adiyifo Hɔ

Yebetumi Asua Onyankopɔn Ho Ade Afi N’adiyifo Hɔ

Tete no, Onyankopɔn de nsɛm a ɛho hia somaa n’adiyifo sɛ wɔnka nkyerɛ adasamma. Nsɛm a ɔde somaa wɔn no, ebetumi aboa ama yɛahu nea yɛyɛ a yebenya Onyankopɔn nhyira anaa? Aane. Wo de, ma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi adiyifo anokwafo mmiɛnsa bi hɔ.

ABRAHAM

Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim na ɔpɛ sɛ ohyira nnipa nyinaa.

Onyankopɔn hyɛɛ agya panyin Abraham bɔ bi. Ɔka kyerɛɛ no sɛ “wo nti asase so mmusua nyinaa benya nhyira.”—Genesis 12:3.

Dɛn na yesua fi mu? Ɛne sɛ, Onyankopɔn dɔ yɛn paa na ɔpɛ sɛ ohyira mmusua nyinaa. Enti sɛ yɛyɛ mmarima oo, mmea oo, mmofra oo, yetie no nko ara de a, obehyira yɛn.

MOSE

Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo na wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu no no, ohyira wɔn.

Ade nyinaa so Tumfoɔ no maa odiyifo Mose tumi a ɔde bɛyɛ anwonwade akɛse. Nanso ne nyinaa akyi no, Mose bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Ma minhu w’akwan, na ama mahu wo na makɔ so anya w’anim dom.” (Exodus 33:13) Onyankopɔn ani sɔɔ Mose adesrɛ no na ohyiraa no, enti ɔma ohuu nneɛma pii faa ne ho. Afei, Onyankopɔn suban ne sɛnea ɔyɛ n’ade nso, ɔbɛtee ase. Ebi ne sɛ, Mose behui sɛ Ɔbɔadeɛ no yɛ “Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo.”—Exodus 34:6, 7.

Dɛn na yesua fi mu? Onyankopɔn pɛ sɛ ohyira yɛn nyinaa. Yɛyɛ mmarima oo, mmea oo, mmofra oo, yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu no yiye a, ɔno nso behyira yɛn. Sɛ yɛhwɛ Kyerɛw Kronkron no mu a, ɔma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛsom no. Afei nso, waka wom sɛ, n’ani gye ho paa sɛ obehyira yɛn.

YESU

Yesu yam hyehyee no maa afoforo, na ɔsaa yare ahorow pii

Sɛ yesua Yesu ho ade, na yesua nneɛma a ɔyɛe ne nea ɔkyerɛkyerɛe nso a, yebetumi anya Onyankopɔn nhyira afebɔɔ.

Nneɛma a Yesu yɛe ne nea ɔkyerɛkyerɛe no ho nsɛm pii wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Onyankopɔn maa Yesu tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade pii. Ebi ne sɛ, obuee anifuraefo ani, ɔmaa asotifo aso tee asɛm, na ɔmaa mpakye nantewee. Onyan wɔn a wɔawuwu mpo. Yesu yɛɛ weinom nyinaa de kyerɛɛ nneɛma pa a Onyankopɔn bɛyɛ ama nnipa nyinaa daakye. Ɔkyerɛɛ nea yɛn mu biara yɛ a ɛbɛma wanya saa nhyira no bi. Ɔkaa sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.”—Yohane 17:3.

Ná Yesu wɔ ayamhyehye ma afoforo, na odwo ma nnipa, na na ne yam ye. Yesu de anigye too nsa frɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra ne nkyɛn, na mmarima ne mmea, mpanyimfo ne mmofra nyinaa gyee ɔfrɛ no so. Yesu kaa sɛ: “Munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra.” (Mateo 11:29) Yesu bere so no, na ebinom mfa mmea nyɛ hwee, nanso Yesu de, ɔne mmea dii no yiye, odii wɔn ni, na na obu wɔn.

Dɛn na yesua fi mu? Ná Yesu dɔ nnipa paa, na ɔyɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne yɛn yɔnko nipa di ho nhwɛso pa maa yɛn.

YESU NYƐ ONYANKOPƆN

Kyerɛw Kronkron no ma yehu sɛ “yɛn de, Onyankopɔn biako na yɛwɔ,” na Yesu Kristo de, ɔyɛ odiyifo a ɔbrɛ ne ho ase a Onyankopɔn somaa no. (1 Korintofo 8:6) Yesu kaa no pefee sɛ Onyankopɔn yɛ kɛse sen no, na Onyankopɔn na ɔsomaa no baa asase so.—Yohane 11:41, 42; 14:28. *

^ nky. 17 Sɛ wopɛ sɛ wuhu Yesu Kristo ho nsɛm pii a, hwɛ nhomawa a wɔato din Real Faith—Your Key to a Happy Life no, ɔfã 8 ne 9. Wubehu wɔ www.isa4310.com.