Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn a ɔyɛ “mpaebɔ Tiefo” no ani gye ho sɛ obetie yɛn.—DWOM 65:2

Kɔ So Bɔ Mpae Hwehwɛ Onyankopɔn Nhyira

Kɔ So Bɔ Mpae Hwehwɛ Onyankopɔn Nhyira

Onyankopɔn ama nnipa akyɛde soronko bi. Ɛno ne mpaebɔ. Mpaebɔ yɛ ɔkwan a yɛfa so ne Onyankopɔn kasa na yɛka yɛn koma mu nsɛm kyerɛ no. Ɔhene Dawid bɔɔ mpae sɛ: “O mpaebɔ Tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa bɛba.” (Dwom 65:2) Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ mpae ma Onyankopɔn atie na wahyira yɛn?

KA WO KOMA MU ASƐM KYERƐ ONYANKOPƆN WƆ AHOBRƐASE MU

Sɛ w’ankasa wobɔ mpae a, ɛma wutumi ka wo koma mu nsɛm kyerɛ Onyankopɔn, anaa wutumi ka sɛnea wote nka ankasa kyerɛ no. (Dwom 62:8) Sɛ yefi yɛn koma mu bɔ mpae a, ade nyinaa so Tumfoɔ no ani sɔ paa.

SƐ WOREBƆ MPAE A, BƆ ONYANKOPƆN DIN

Onyankopɔn wɔ abodin bebree, nanso ne din yɛ baako pɛ. Waka wɔ n’Asɛm no mu sɛ “Mene Yehowa; me din ne no.” (Yesaia 42:8) Edin Yehowa no pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Adiyifo pii de Onyankopɔn din frɛɛ no. Abraham kaa sɛ: “Mesrɛ sɛ mma Yehowa bo mmfuw me na menkasa.” (Genesis 18:30) Sɛ yɛn nso yɛrebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn din Yehowa no frɛ no.

BƆ MPAE WƆ WO KASA MU

Kasa biara a woka no, sɛ wode bɔ Onyankopɔn mpae a, ɔbɛte ase, na sɛnea wote nka biara nso obehu. N’Asɛm ma yenya awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

Nanso, mpae a yɛbɛbɔ no da nkyɛn a, nneɛma foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Onyankopɔn ahyira yɛn. Nsɛm a edi hɔ mu no, yebehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.