Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WOBƐYƐ DƐN ANYA BIBLE AKENKAN SO MFASO?

Mɛyɛ Dɛn Afi Ase?

Mɛyɛ Dɛn Afi Ase?

Sɛ wopɛ sɛ wokenkan Bible nya so mfaso paa a, wobɛyɛ no sɛn? Nnipa bebree afa akwan nnum yi so anya so mfaso. Ma yɛnhwɛ.

Pɛ baabi pa. Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Hwɛ sɛ woremma biribiara ntwetwe w’adwene. Sɛ wunya baabi a kanea ne mframa pa wɔ a, w’ani begye akenkan no ho paa.

Yɛ w’adwene yiye. Yɛn soro Agya na ɔde Bible no ama yɛn. Enti sɛ wobrɛ wo ho ase te sɛ abofra a ɔrepɛ biribi asua afi n’awofo nkyɛn a, wubenya so mfaso pii. Sɛ wowɔ adwene bi a ɛnteɛ wɔ Bible ho a, bɔ mmɔden pia to nkyɛn na ma Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ wo.—Dwom 25:4.

Di kan bɔ mpae. Nsɛm a ɛwɔ Bible mu nyinaa fi Onyankopɔn hɔ enti ɔno nko ara na obetumi aboa yɛn ama yɛate ase. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde “honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no.” (Luka 11:13) Honhom kronkron betumi aboa wo ama woate Bible ase. Nkakrankakra ebebue w’adwenem ama woate “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no mpo” ase.—1 Korintofo 2:10.

To wo bo ase. Worekenkan a, mfa ntu mmirika. Fa w’adwene di nea worekenkan no akyi. Wubetumi abisa wo ho nsɛm bi te sɛ: ‘Nipa a merekenkan ne ho asɛm yi, ne suban te sɛn? Mɛyɛ dɛn de abɔ me bra?’

Fa biribi si w’ani so. Sɛ wubenya Bible akenkan so mfaso a, fa si w’ani so sɛ wobɛhwehwɛ biribi pɔtee a ɛbɛboa wo. Wubetumi de biribi sei asi w’ani so: ‘Mepɛ sɛ mihu Onyankopɔn yiye.’ ‘Mepɛ sɛ mesesa me suban. Mepɛ sɛ meyɛ okunu anaa ɔyere pa.’ Afei hwɛ baabi pɔtee a ebetumi aboa wo ama woadu botae no ho. *

Nneɛma nnum a yɛaka ho asɛm yi betumi aboa wo ama woakenkan Bible. Ɛnde dɛn na wobɛyɛ na akenkan no ayɛ wo dɛ? Asɛm a edi hɔ no bɛboa wo.

^ nky. 8 Sɛ wofa Bible, na sɛ wunhu baabi pɔtee a wobɛkan a, ɛnde Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo.