Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WOBƐYƐ DƐN ANYA BIBLE AKENKAN SO MFASO?

Bible Betumi Aboa Me?

Bible Betumi Aboa Me?

Bible nyɛ nhoma biara kɛkɛ. Ɔbɔadeɛ no nsɛm na ɛwom. (2 Timoteo 3:16) Emu nsɛm betumi aboa yɛn paa. Bible no ara mpo ka sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Tumi a ɛwom no, yenya so mfaso wɔ akwan mmienu so. Ɛnnɛ mpo, ɛboa yɛn wɔ yɛn abrabɔ mu. Afei nso yesua a, yebehu Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow yiye.—1 Timoteo 4:8; Yakobo 4:8.

Ɛnnɛ mpo Bible betumi aboa wo. Bible betumi aboa yɛn wɔ abrabɔ mu nsɛm ho. Ebi ne:

Aberante ne ababaa bi a wɔwɔ Asia yɛ awarefo. Wɔakenkan Bible anya so mfaso paa. Yenim sɛ nnipa pii ware foforo a, ɛyɛ a wɔnte wɔn ho ase, na wontumi nyi wɔn yam mmɔ nkɔmmɔ. Awarefo yi nso hyiaa ɔhaw yi bi. Nanso, wɔhyɛɛ ase de nea wɔkenkan fii Bible mu no yɛɛ adwuma. Ɛboaa wɔn sɛn? Ɔbarima no de Vicent, na nea ɔkae ni: “Bible no nti, sɛ me ne me yere nya asɛm a, minya ne ho abotare. Wei ama yɛn aware asɔ paa.” Ne yere Annalou nso kaa sɛ: “Sɛnea nnipa pii yɛɛ wɔn ade wɔ Bible mu no aboa yɛn paa. Seesei yɛte yɛn ho ase na yetumi bom yɛ ade. Wei ama m’ani agye paa.”

Ɛbɛma woahu Onyankopɔn. Vicent ahu sɛ, sɛ aware mu nsɛm da nkyɛn a, wanya mfaso bebree afi Bible so. Ɔkaa sɛ: “Seesei Bible a mekenkan no ama mabɛn Yehowa kɛse.” Nea Vicent aka yi ama yɛahu biribi foforo a ɛho hia paa. Ɛne sɛ Bible betumi ama woahu Onyankopɔn yiye. Wei bɛma wode n’afotusɛm abɔ wo bra, na wubetumi afa no adamfo nso. Ɛnyɛ ɛno nko, Bible bɛma woahu nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa daakye. Saa bere no, wubenya anigye mapa anaa “nkwa ankasa.” Kyerɛ sɛ, wobɛtena ase daa. (1 Timoteo 6:19) Sɛ ɛnyɛ Bible a, nhoma bɛn bio na ebetumi aboa wo saa?

Sɛ wohyɛ ase kenkan Bible a, toa so na mfaso a ebinom anya no, wo nso wubenya bi. W’abrabɔ betu mpɔn nnɛ, na wubehu Onyankopɔn yiye. Nanso, wohyɛ ase sɛ worekenkan Bible a, ebia nsɛmmisa pii bɛba w’adwene mu. Sɛ worekenkan Bible a, kae Etiopiani piani no. Ɔtenaa ase mfe 2,000 a atwam ni. Ná ɔwɔ Bible ho nsɛmmisa bebree. Bere a obi bisaa no sɛ ɔte nea ɔrekenkan no ase anaa no, ɔkaa sɛ: “Sɛ obi ankyerɛ me a, mɛyɛ dɛn atumi ate ase.” * Ɔmaa kwan maa Filipo boaa no. Ná Filipo yɛ Yesu suani a otumi de Bible kyerɛkyerɛ yiye. (Asomafo Nnwuma 8:30, 31, 34) Wo nso, wopɛ sɛ wuhu Bible mu yiye paa a, ɛnde fa w’abisade no fa Intanɛt so wɔ www.isa4310.com/tw anaa fa address a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi kratafa 2 no mu nea ɛbɛn wo paa kyerɛw yɛn. Afei wubetumi ahwehwɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam anaa wubetumi akɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so. Adɛn na womfa Bible nkenkan no seesei ara? Anka ebesi wo yiye paa!

Sɛ ɛyɛ den sɛ wubegye Bible adi paa a, ɛnde yɛsrɛ wo hwɛ video tiatiaa yi. Wɔato din, Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Sɛ Bible no Yɛ Nokware? Wopɛ nso a, kɔ yɛn wɛbsaet wɔ jw.org/tw. Kɔ NHOMA > VIDEO.

^ nky. 8 Afotusɛm pii wɔ Bible mu. Wopɛ sɛ wuhu bi a, kɔ yɛn wɛbsaet wɔ jw.org/tw. Kɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE.

^ nky. 11 Afei hwɛ asɛm bi wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu. Asɛm a ɛda so ne “Adɛn Nti na Ehia sɛ Yɛte Bible Ase Yiye?