Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Maremagnum/Corbis Documentary via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Armagedon Bɛhyɛ Ase Wɔ Israel Anaa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Armagedon Bɛhyɛ Ase Wɔ Israel Anaa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 Bible ma yehu sɛ, Armagedon nyɛ ɔko a ɛbɛkɔ so wɔ ɔman bi so anaa kurow bi so. Mmom, ɛyɛ ɔko a ɛbɛkɔ so wɔ wiase nyinaa; ɛyɛ wiase atumfoɔ nyinaa na ɛbɛka wɔn ho abom ne Onyankopɔn ako.

  •   ‘Nsɛm a efi ahonhommɔne hɔ kɔ asaase nyinaa so ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no mu ko no. Na wɔboaboaa ahemfo no ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Armagedon.’—Adiyisɛm 16:14, 16.

 Asɛmfua “Armagedon” no, efi Hebri asɛmfua Har Meghid·dohnʹ mu, na ɛkyerɛ “Megido Bepɔw.” Ná Megido yɛ kurow bi a ɛwɔ tete Israel asaase so. Ɛno nti, ebinom adwene ne sɛ Armagedon ko no bɛkɔ so wɔ Israel. Nanso, Megido asaase no, sɛ yɛka sɛ yɛde “asaase nyinaa so ahemfo” ne wɔn asogyafo rekogyina hɔ a, ɛrenyɛ yiye, efisɛ ɛhɔ nyɛ kɛse saa; Middle East hɔ nso, baabiara nni hɔ a ɛyɛ kɛse saa a “asaase nyinaa so ahemfo” ne wɔn asogyafo betumi akɔ hɔ akɔko.

 Adiyisɛm nhoma no, emu nsɛm no yɛ “nsɛnkyerɛnne,” anaa yɛbɛka a, egyina hɔ ma biribi. (Adiyisɛm 1:1) Enti yɛka Armagedon a, ɛnyɛ kurow bi anaa baabi pɔtee bi. Mmom nea ɛte ne sɛ, amanaman no bɛka wɔn ho abom asɔre atia Onyankopɔn tumidi; ɛno bɛyɛ bere a etwa to a wɔbɛsɔre atia Onyankopɔn, na ɛbɛkɔ so wɔ wiase nyinaa. Ɛno na yɛfrɛ no Armagedon.—Adiyisɛm 19:11-16, 19-21.