Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MONKƆ SO NWƐN!

Adɛn Nti Na Amanyɔsɛm Tumi Paapae Nnipa Mu Saa?—Dɛn Na Bible Ka?

Adɛn Nti Na Amanyɔsɛm Tumi Paapae Nnipa Mu Saa?—Dɛn Na Bible Ka?

 Aman bebree wɔ hɔ a, amanyɔsɛm apaapae nnipa mu. Afe 2022 mu no, adwumakuw bi a yɛfrɛ wɔn Pew Research Center yɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ aman 19 so. Nnipa a wɔbisabisaa wɔn nsɛm no, “wuyi 100 biara a, emu 65 kaa sɛ wɔn man mu no, nnipa a ɛsono amanyɔkuw a wɔdɔm no ani nhyia koraa, na amanyɔsɛm kɔfa akasakasa a emu yɛ den ne mente-me-ho-ase ba wɔn ntam.”

 Baabi a wote no nso ɛ? Mpaapaemu a amanyɔsɛm de ba no, wuhu sɛ ɛreyɛ kɛse anaa? Wohwɛ a, adɛn nti na ɛte saa? Ano aduru wɔ hɔ? Hwɛ nea Bible ka.

Suban a ɛde mpaapaemu ba

 Mmere a yɛwom yi, Bible frɛ no “awiei mmere,” na ɛka too hɔ sɛ, nnipa bebree beyi suban bi adi a ɛde mpaapaemu bɛba.

  •   “Hu eyi sɛ awiei mmere no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya, . . . nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam.”—2 Timoteo 3:1-3.

 Nnipa bebree ayɛ biara sɛ wɔbɛma nnipa amammu akɔ yiye, nanso enkosi hwee; wɔde tare a na awae. Sɛ nnipa mmienu adwene nhyia a, wɔbrɛ paa ansa na wɔatumi aka wɔn ti apam ho asɔ ɔhaw ano, na ɛtɔ da mpo a ɛnyɛ yiye. Wei nti na nnipa amammu nkɔ yiye no, na ɛnyɛ nwanwa, efisɛ Bible aka ho asɛm ato hɔ dedaadaw. Ɛkaa sɛ:

 Nanso, Bible ma yehu ano aduru. Ɛne sɛ, ɛrenkyɛ aban bi bɛba, na ɔhaw ne amane a nnipa rehu no nnɛ no, nea ɔda saa aban no ano no beyi afi hɔ.

Ɔkannifo a ɔfata na odwen nnipa ho

 Bible ma yehu onii a ɔfata paa sɛ odi yɛn so a obeyi yɛn haw nyinaa afi hɔ. Ɔno ne Yesu Kristo. Yesu pɛ sɛ ɔde nkabom ne asomdwoe ba wiase, na ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ nso. Hwɛ nea Bible ka fa ne ho:

  •   “Ne bere so no, ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm, na asomdwoe pii bɛba.”—Dwom 72:7.

  •   “Amanaman nyinaa bɛsom no.”—Dwom 72:11.

 Yesu fata paa sɛ odi yɛn so, efisɛ yɛn asɛm yɛ n’asɛm. Afei nso, ɔpɛ sɛ ɔboa nnipa, ɛnkanka wɔn a nkurɔfo asisi wɔn no.

  •   “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne mmɔborɔwa ne nea onni boafo nso. Ɔbrɛfo ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ, na obegye ahiafo nkwa. Obegye wɔn afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.”—Dwom 72:12-14.

 Aban a ɛwɔ soro a yɛfrɛ no Onyankopɔn Ahenni a Yesu da ano no, hwɛ nea saa aban no bɛyɛ ama wo, ne nea wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wotaa saa aban no akyi.