Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Me Akokoduru

Ma Me Akokoduru

(2 Ahene 6:16)

Twe Bi:

  1. 1. Ɔhaw ne adwinnwen—

    Ɛma me koma tu.

    Nanso woyɛ Ɔbotantim;

    Ɛno nti memmɔ hu.

    Abɛbrɛsɛ mu mpo,

    Woboa me da biara:

    O Agya, woka me ho nnɛ;

    Wukura me mu daa.

    (NNYESO)

    Yehowa, hyɛ me gyidi den;

    Ma me akokoduru.

    Wɔn a wɔtan yɛn no adɔɔso,

    Nanso meremmɔ hu.

    Boa me, ma menyɛ den;

    Na minnyina pintinn.

    Yehowa, bɛhyɛ me den

    Ma minni nkonim.

  2. 2. Me de, meyɛ dɔte.

    Ɛnkyɛ na mabotow.

    Me Nyankopɔn, woahyɛ me bɔ;

    Woyɛ ɔnokwafo.

    Mihia akokoduru;

    Wo na mehyɛ wo nsa.

    Biribiara nso wo yɛ nti,

    Medan wo da biara.

    (NNYESO)

    Yehowa, hyɛ me gyidi den;

    Ma me akokoduru.

    Wɔn a wɔtan yɛn no adɔɔso,

    Nanso meremmɔ hu.

    Boa me, ma menyɛ den;

    Na minnyina pintinn.

    Yehowa, bɛhyɛ me den

    Ma minni nkonim.

    (NNYESO)

    Yehowa, hyɛ me gyidi den;

    Ma me akokoduru.

    Wɔn a wɔtan yɛn no adɔɔso,

    Nanso meremmɔ hu.

    Boa me, ma menyɛ den;

    Na minnyina pintinn.

    Yehowa, bɛhyɛ me den;

    Ma minni nkonim.

    Yehowa, bɛhyɛ me den;

    Ma minni nkonim.