Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ka Yɛn Ho Da Biara

Yehowa Ka Yɛn Ho Da Biara

Twe Bi:

  1. 1. Sɛ mekae b’re a atwam,

    Sɔhwɛ ne dadwen buu m’abam.

    Ná ɛ-yɛ me sɛ mensɛ hwee.

    Nanso ɛnnɛ mayɛ den,

    Efisɛ mahu Yehowa.

    Ɔdɔ me; ɔbɔ me ho ban.

    N’Asɛm kyerɛ me kwan.

    (NNYESO)

    Yehowa yɛ

    M’adamfo, me sɔhwɛ nyinaa mu;

    M’adamfo, a otie me su.

    M’adamfo, a ɔhyɛ me den.

    M’adamfo, odwen me ho

    M’adamfo, ɔma me so.

    M’adamfo, odi me nokware.

    Yehowa ka me ho da bia’a.

    Waso me mu,

    Meremmɔ hu.

    Nea ɔka na metie.

    Mede me nkwa

    Bɛhyɛ ne nsa daa.

    M’abrabɔ besi yiye.

  2. 2. Ɔyɛ wo Bɔfo,

    Enti ɔbɛka wo ho

    Baabia’a a wobɛkɔ.

    Na sɛ w’abam bu,

    Ɔbɛma woanya akokod’ru;

    Ɔrenni wo huammɔ

    (NNYESO)

    Yehowa yɛ

    W’adamfo, wo sɔhwɛ nyinaa mu.

    W’adamfo, obetie wo su.

    W’adamfo, ɔbɛhyɛ wo den.

    W’adamfo, odwen wo ho.

    W’adamfo, ɔma wo so.

    W’adamfo, odi wo nokware.

    Yehowa ka yɛn ho da bia’a,

    B’re nyinaa; daa nyinaa.

    Yehowa ka yɛn ho da bia’a.

    Na obeso yɛn mu.

    Yɛremmɔ hu

    Nea ɔka na yetie.

    Yɛde yɛn nkwa

    Bɛhyɛ ne nsa daa.

    Y’abrabɔ besi yiye.

    (NNYESO)

    Wabɛyɛ

    M’adamfo me sɔhwɛ nyinaa mu.

    M’adamfo a otie me su.

    M’adamfo, a ɔhyɛ me den.

    M’adamfo, odwen me ho.

    M’adamfo, ɔma me so.

    M’adamfo, odi me nokware.

    Yehowa ka yɛn ho da bia’a,

    B’re nyinaa; daa nyinaa.

    Yehowa ka yɛn ho da bia’a,

    B’re nyinaa; daa nyinaa.

    Yehowa ka yɛn ho da bia’a.