Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛ Bɔne Sɛ Obi Bɛnom Sigaret Anaa?

Ɛyɛ Bɔne Sɛ Obi Bɛnom Sigaret Anaa?

Nea Bible ka

 Bible nka sigaretnom ho asɛm. a Afei nso, nneɛma foforo a wɔde tawa yɛ no, ɛnka ho asɛm. Nanso, afotusɛm wom a ɛma yehu sɛ, nneyɛe ahorow a ɛho ntew na etumi sɛe nipadua no de, Onyankopɔn mpene so. Enti obu sigaretnom sɛ ɛyɛ bɔne.

  •   Nkwa som bo. “Onyankopɔn . . . na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome.” (Asomafo Nnwuma 17:24, 25) Nkwa yɛ akyɛde a efi Nyankopɔn hɔ. Enti ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribiara, anaa yɛnom sigaret de twa so. Wiase nyinaa, nneyɛe a ɛde owu a ɛho nhia ba no, sigaretnom ka ho bi pa ara.

  •   Dɔ wo yɔnko. “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39) Wonom sigaret wɔ baabi a nkurɔfo wɔ a, ɛno kyerɛ sɛ wonnɔ wɔn. Nyarewa a wɔn a wɔnom sigaret nya no, obi a ɔte ne baabi a ɔno nso taa home wusiw no bi no tumi nya yare koro no ara bi.

  •   Ɛsɛ sɛ yɛyɛ kronkron. “Momfa mo nipadua mma sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (Romafo 12:1) “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fĩ nyinaa ho, na yɛn ahotew adi mũ Onyankopɔn suro mu.” (2 Korintofo 7:1) Obi a ɔnom sigaret ntumi nka sɛ ɔyɛ kronkron; ontumi nka sɛ ne ho tew na nkekae biara nni ne ho. Efisɛ wɔn a wɔnom sigaret hyɛ da twe awuduru a ebetumi adi wɔn nipadua dɛm kɔ wɔn mu.

Bible no ka sɛ yebetumi anom wii anaa nnuru foforo de agyigye yɛn ani anaa?

 Bible mmɔ wii anaa nnubɔne foforo a ɛtete saa din. Nanso afotusɛm wom a ɛboa yɛn ma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛnom nnubɔne de gyigye yɛn ani. Afotusɛm a yɛaka ho asɛm wɔ ha yi akyi no, nea edidi so yi nso ho hia:

  •   Ɛsɛ sɛ yetumi nya yɛn adwene so tumi. “Fa . . . w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mateo 22:37, 38) “Momma mo ani nna hɔ yiye.” (1 Petro 1:​13) Obi ntumi nnwen yiye bere a ɔnom nnubɔne. Nnipa pii mpo wɔ hɔ a wɔnom nnubɔne a ɛtete saa ma ɛka wɔn hɔ. Nneɛma a mfaso wɔ so no, nnipa a wɔnom nnubɔne mfa wɔn adwene nsi so, mmom nea ehia wɔn ara ne sɛnea wobenya nnubɔne no bi anom​—Filipifo 4:8.

  •   Di aban mmara so. ‘Yɛ osetie ma nniso ne tumi horow.’ (Tito 3:1) Aman pii so no, mmara mma kwan sɛ obi bɛnom nnubɔne. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yedi aban mmara so.​—Romafo 13:1.

a Yɛka sigaretnom ho asɛm wɔ ha a, nea ɛkyerɛ ne sɛ obi bɛhyɛ da atwe sigaret, cigar, abua, anaa water pipe mu wusiw akɔ ne mu. Ɛno da nkyɛn a, afotusɛm a yɛreka ho asɛm wɔ ha yi fa tawa a obi bɛwe anaa asera a ɔbɛsom ho. Ɛlɛtrɔnik sigaret a nicotine wom ne biribiara a ɛte saa nso ka ho.