Ɔde Kɔmaa Tito 3:1-15

  • Ahobrɛase a ɛfata (1-3)

  • Fa w’adwene si nnwuma pa so (4-8)

  • Twe wo ho fi akyinnyegye a nyansa nnim ne nkyerɛkyerɛ foforo ho (9-11)

  • Akwankyerɛ a ɔde maa no ne nkyia (12-15)

3  Kɔ so kae wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nyɛ osetie mma aban ne tumidi,+ na wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara,  wɔnnka obiara ho asɛmmɔne, wɔne nkurɔfo nnham; mmom wɔnyɛ nnipa a wɔte asɛm ase,+ na wɔnyɛ nnipa nyinaa brɛbrɛ bere nyinaa.+  Efisɛ yɛn nso, bere bi a atwam no na yennim nyansa; na yɛn aso yɛ den; na yɛayera; akɔnnɔ ne anigye ahorow de yɛn yɛɛ nkoa; na yɛte bɔne mu, na na yɛn ani bere ade; yɛyɛɛ akyiwade; yɛtentan yɛn ho.  Nanso bere a yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ayamye+ ne ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa daa adi  (ɛnyɛ nnwuma a ɛteɛ a yɛyɛe ntia,+ na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu ntia)+ no, ɔnam guare a woguaree yɛn ma yɛbaa nkwa mu,+ ne honhom kronkron a ɔde yɛɛ yɛn foforo+ no so gyee yɛn nkwa.  Ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo+ so na ehwiee honhom yi guu yɛn so ma ebuu so,  sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔnam n’adom so bu yɛn bem+ a, yɛbɛyɛ adedifo*+ sɛnea daa nkwa ho anidaso a yɛwɔ no te no.*+  Nsɛm yi yɛ nokware, na mepɛ sɛ wokɔ so tĩ saa nsɛm yi mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔagye Onyankopɔn adi no bɛkɔ so de wɔn adwene asi nnwuma pa a wɔbɛyɛ no so. Saa nneɛma yi ye, na ɛso wɔ mfaso ma nnipa.  Nanso twe wo ho fi akyinnyegye a nyansa nnim ne abusua santen ho nsɛm ho, na twe wo ho fi mansotwe ne Mmara ho ntɔkwaw ho, efisɛ mfaso biara nni so, na ɛyɛ adehunu.+ 10  Na obi a ɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforo+ de, sɛ wutu no fo* baako ne ne mprenu so a,+ wo ne no mmmɔ.+ 11  Hu sɛ onipa a ɔte saa no afom kwan, na ɔreyɛ bɔne, na ɔno ara abu ne ho fɔ. 12  Sɛ mesoma Artema anaa Tikiko+ ba wo nkyɛn a, bɔ mmɔden paa bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, efisɛ mabɔ me tirim sɛ ɛhɔ na mɛtena awɔw bere no. 13  Sena a onim Mmara no yiye ne Apolo nyinaa, hwɛ ma wɔn nsa nka nea wobehia de atu kwan no na biribiara anhia wɔn.+ 14  Na ma yɛn nkurɔfo no nso nsua sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ nnwuma pa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aboa wɔn a wohia mmoa denneennen+ no, na wɔanyɛ nnipa a wɔnsow aba.+ 15  Wɔn a wɔwɔ me nkyɛn nyinaa kyiakyia wo. Kyia gyidifo a wɔdɔ yɛn no ma me. Adom nka mo nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “yɛbɛyɛ nnipa a yɛwɔ anidaso sɛ yebenya daa nkwa sɛ agyapade.”
Anaa “adehye.”
Anaa “wobɔ no kɔkɔ.”