Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Edin Dodow Sɛn Na Onyankopɔn Wɔ?

Edin Dodow Sɛn Na Onyankopɔn Wɔ?

Nea Bible ka

 Onyankopɔn din ankasa de, ɛyɛ baako pɛ. Hebri kasa mu no, wɔkyerɛw no יהוה, na Twi kasa mu no, wɔtaa kyerɛ ase Yehowa. a Onyankopɔn nam ne diyifo Yesaia so kaa sɛ: “Mene Yehowa; me din ne no.” (Yesaia 42:8) Saa din no, wohwɛ tete Bible nsaano nkyerɛwee mu a, epue bɛyɛ 7,000. Ɛdɔɔso koraa sen abodin foforo biara a wɔde frɛ Onyankopɔn, na ɛdɔɔso sen edin foforo biara a ɛwɔ Bible mu. b

Yehowa wɔ din afoforo bi anaa?

 Ɛwom, Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn din ankasa yɛ baako, nanso ɛde abodin pii frɛ no, na ɛka ne ho asɛm wɔ akwan bi so a ɛma yehu sɛnea ɔte. Onyankopɔn abodin ahorow ne nsɛm a Bible de ka ne ho asɛm no, yɛahyehyɛ bi wɔ ase ha, na emu biara bɛma yɛahu ade baako afa Yehowa ho.

Abodin

Kyerɛwsɛm

Nea ɛkyerɛ

Allah

(Ebi nni hɔ)

“Allah” fi Arabic kasa mu. Ɛnyɛ edin ankasa, mmom ɛyɛ abodin a ɛkyerɛ “Onyankopɔn.” Bible a wɔakyerɛ ase kɔ Arabic kasa ne kasa afoforo bi mu no, wɔakyerɛ “Onyankopɔn” ase “Allah.”

Ade nyinaa so Tumfoɔ

Genesis 17:1

Ne tumi nni ano. Hebri asɛm ʼEl Shad·daiʹ, a ɛkyerɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn” no, epue mpɛn nson wɔ Bible mu.

Alfa ne Omega

Adiyisɛm 1:8; 21:6; 22:13

Abodin “odikanfo ne okyikafo” ne “mfitiase ne awiei” no kyerɛ sɛ, ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn biara nni hɔ a odii Yehowa kan, na obiara nso nni hɔ a ɔbɛba wɔ n’akyi. (Yesaia 43:10) Alfa yɛ Greek nkyerɛwde no mu nea edi kan, na omega na etwa to.

Nea ne nna akyɛ

Daniel 7:9, 13, 22

Onni mfiase; ansa na obiara anaa biribiara reba wiase no, na ɔwɔ hɔ fi teteete.—Dwom 90:2.

Ɔbɔadeɛ

Romafo 1:25

Ɔno na ɔbɔɔ biribiara.

Agya

Mateo 6:9

Ɔno na nkwa fi no.

Onyankopɔn

Genesis 1:1

Ɔfata sɛ yɛsom no; ɔyɛ Otumfoɔ. Hebri asɛmfua ʼElo·himʹ no yɛ dodow kabea, na ɛkyerɛ sɛ Yehowa korɔn, ɔyɛ kɛse, na nidi sɛ no.

Anyame mu Nyankopɔn

Deuteronomium 10:17

Ɔno ne Onyankopɔn pumpuni no. Ɔnte sɛ “anyamehunu” a ebinom som wɔn no.—Yesaia 2:8.

Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini

Yesaia 30:20, 21

Ɔma yenya nkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ a mfaso wɔ so.—Yesaia 48:17, 18.

Yɛn Bɔfo Kɛse

Dwom 149:2

Ɔno na ɔbɔɔ biribiara.—Adiyisɛm 4:11.

Anigye Nyankopɔn

1 Timoteo 1:11

N’ani gye, na odi ahurusi.—Dwom 104:31.

Mpaebɔ tiefo

Dwom 65:2

Mpae a nkurɔfo de gyidi bɔ no, ɔno ankasa na otie.

Mene Nea Mene

Exodus 3:14, Akuapem Twi Bible

Otumi yɛ ne ho nea ɔpɛ biara ma n’atirimpɔw ba mu. Saa asɛm no, ebinom nso kyerɛ ase “Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ.” (Wiase Foforo Nkyerɛase) Saa asɛm yi ma yehu biribi fa edin Yehowa no nkyerɛase ho. Edin no pue wɔ nkyekyɛm a edi hɔ no mu.—Exodus 3:15.

Oninkufo

Exodus 34:14, Akuapem Twi Bible

Ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho. Saa asɛm no, ebinom nso kyerɛ ase “ɔne obiara nkyɛ ne som.”—Wiase Foforo Nkyerɛase.

Mmeresanten Hene

Adiyisɛm 15:3

Ne tumidi nni mfiase nni awiei.

Awurade

Dwom 135:5

Owura; Hebri asɛmfua a efi mu ne ʼA·dhohnʹ anaa ʼAdho·nimʹ.

Asafo Awurade

Yesaia 1:9, Akuapem Twi Bible; Romafo 9:29, Akuapem Twi Bible

Ɔno ne abɔfodɔm bebree so panyin. Abodin “Asafo Awurade” no, ɛno ara ne “asafo Yehowa.”—Romafo 9:29, Wiase Foforo Nkyerɛase.

Ɔsorosoroni

Dwom 47:2

Ɔwɔ dibea kɛse sen obiara.

Ɔkronkronni

Mmebusɛm 9:10

Ɔyɛ kronkron sen obiara, na ne ho tew sen obiara.

Yɛn Nwemfo

Yesaia 64:8

Ɔwɔ nnipa ne aman so tumi, sɛnea ɔnwemfo wɔ dɔte so tumi no.—Romafo 9:20, 21.

Ogyefo

Yesaia 41:14

Ɔmaa Yesu Kristo bewu de bɔɔ afɔre, na ɔde agye nnipa afi bɔne ne owu mu.—Yohane 3:16.

Ɔbotan no

Dwom 18:2, 46

Ɔyɛ guankɔbea, na ne hɔ na yenya nkwagye.

Agyenkwa

Yesaia 45:21

Ogye yɛn fi asiane ne ɔsɛe mu.

Yɛn Hwɛfo

Dwom 23:1

Odwen n’asomfo ho.

Awurade Tumfoɔ

Genesis 15:2

Ɔwɔ biribiara so tumi; Hebri asɛmfua a efi mu ne ʼAdho·naiʹ.

Opumpuni

Daniel 7:18, 27

Ɔno ne otumfoɔ a ɔkorɔn paa.

Edin a ɛdeda mmeae bi so wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu

 Mmeae bi wɔ Bible mu a edin a ɛdeda so no, Onyankopɔn din ka ho. Nanso edin a ɛte saa no nyɛ din foforo a yetumi de frɛ Onyankopɔn.

Beae no din

Kyerɛwsɛm

Nea ɛkyerɛ

Yehowa-Yire

Genesis 22:13, 14

“Yehowa Bɛkyerɛ.”

Yehowa-Nisi

Exodus 17:15

“Yehowa Ne Me Frankaa.” (Wiase Foforo Nkyerɛase) Yehowa yɛ Onyankopɔn a ne nkurɔfo betumi aguan akɔ ne nkyɛn akɔhwehwɛ ahobammɔ ne mmoa.—Exodus 17:13-16.

Yehowa-Salom

Atemmufo 6:23, 24

“Yehowa Ne Asomdwoe.”

Nea enti a ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn din na yɛbɔ

  •   Onyankopɔn ama wɔde ne din Yehowa no ahyɛ Bible mu wɔ mmeae pii. Ɛno ma yehu sɛ ne din ho hia no paa.—Malaki 1:11.

  •   Onyankopɔn Ba Yesu nso, mpɛn pii na ɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn din ho hia. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Wo din ho ntew.”—Mateo 6:9; Yohane 17:6.

  •   Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Yehowa fa adamfo a, nea ɛsɛ sɛ odi kan yɛ ne sɛ ohu Onyankopɔn din na ɔbɔ. (Dwom 9:10; Malaki 3:16) Obi ne Onyankopɔn nya adamfofa saa a, ne nsa bɛka Onyankopɔn bɔhyɛ yi: “Ɔdɔ me nti, me nso megye no. Mɛbɔ ne ho ban, efisɛ onim me din.”Dwom 91:14.

  •   Ɛwom, Bible ka sɛ: “Ɔsoro oo, asase so oo, wɔn a wɔfrɛ wɔn ‘anyame’ wɔ hɔ sɛnea ‘anyame’ pii ne ‘awuranom’ pii wɔ hɔ no.” (1 Korintofo 8:5, 6) Nanso nokware Nyankopɔn baako pɛ a ɔwɔ hɔ no, Bible ma yehu sɛ ne din paa ne Yehowa.—Dwom 83:18.

a Hebrifo abenfo binom ka sɛ Onyankopɔn din no, ne nkyerɛase a eye paa ne “Yahwe.”

b Wotumi twa Onyankopɔn din no tiaa frɛ no “Yah.” Epue bɛyɛ 50 wɔ Bible mu. Ɛtɔ da a egyina ne ho so; ɛtɔ da nso a ɛhyɛ asɛmfua “Haleluia” mu. Saa asɛmfua no kyerɛ “Munyi Yah ayɛ.”—Adiyisɛm 19:1, Akuapem Twi Bible.