Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Tete Wo Mma Ma Wɔnkyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ

Tete Wo Mma Ma Wɔnkyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ

 Nkurɔfo a wɔyɛ nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, nnipa a wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ no, wɔn ani gye, na wɔwɔ apɔwmuden. Afei nso, sɛ ɔhaw to wɔn a, wotumi gyina ano, na wonim adamfo fa paa. Owura bi a ɔyɛ nhwehwɛmu a wɔfrɛ no Robert A. Emmons kaa sɛ, sɛ obi kyerɛ nneɛma ho anisɔ a, “ɛbɔ ne ho ban fi suban bi a ebetumi apira no ho; suban bi te sɛ ahoɔyaw, menasepɔw, anibere, ne abufuw.” a

 Sɛ mmofra kyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛboa wɔn sɛn? Nkurɔfo bi de mfe nnan yɛɛ nhwehwɛmu faa mmerante ne mmabaa 700 ho, na wohui sɛ, wɔn a wɔn ani sɔ nea afoforo yɛ ma wɔn no, na wonwia sɔhwɛ mu, na wɔnnom nsã ne nnuru bɔne, na na wɔnyɛ nneɛma a ebepira wɔn ankasa anaa afoforo.

  •   Sɛ obi adwene yɛ no sɛ nneɛma pa a nkurɔfo yɛ ma no no, ɔsɛ fata nti na wɔyɛ maa no a, ɔrenkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Mmofra pii te nka sɛ wɔsɛ fata nti na nkurɔfo yɛ adepa ma wɔn. Sɛ obi yɛ biribi ma wo na wofa no sɛ ɛyɛ ɛka bi a ɔde wo na wabetua a, ɛremma wonkyerɛ ho anisɔ.

     Ɛnnɛ saa suban no abu so. Ɔbaatan bi a wɔfrɛ no Katherine kaa sɛ, “Wiase a yɛwom no ma nkurɔfo nya adwene sɛ biribiara a wɔpɛ no, ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka. Dawurubɔ nnwuma no de nneɛma pii ho mfoni guan yɛn ho. Wɔka sɛ ‘yehia’ saa nneɛma no, na ɛsɛ sɛ yenya bi ansa na obi foforo biara anya bi.”

  •   Mmofra ntɔtɔfewa mpo betumi asua sɛnea yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ. Ɔbaatan bi a wɔfrɛ no Kaye kyerɛ sɛ: “Mmofra de, wutumi dannan wɔn. Sɛ wotete wɔn ma wonya suban pa wɔ wɔn mmofraase pɛɛ a, ɛte sɛ nea woadua biribi na wode dua asi ho sɛnea ɛbɛyɛ a afifide no bɛbobare dua no ho akɔ soro.”

Sɛnea wobɛtete wo mma ama wɔakyerɛ nneɛma ho anisɔ

  •   Kyerɛ wɔn nea wɔnka. Mmofra nketenkete mpo, wubetumi akyerɛ wɔn sɛ, sɛ obi kyɛ wɔn ade anaa ɔyɛ biribi ma wɔn a, wɔnka medaase. Wogu so renyin no, nkakrankakra wobehu sɛ, obi yɛ biribi ma wɔn a, ɛsɛ sɛ wɔda no ase.

     Bible mu afotusɛm: “Monyɛ nnipa a wɔkyerɛ anisɔ.”—Kolosefo 3:15.

     “Yɛn nana a wadi mfe mmiɛnsa no taa ka ‘medaase,’ na bere biara a ɔpɛ sɛ obi yɛ biribi ma no no, ɔka ‘mepaakyɛw.’ Osua fii n’awofo hɔ. Sɛnea n’awofo yɛ wɔn ade ne sɛnea wɔka medaase no reboa no ama wasua sɛnea ɔbɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ.”—Jeffrey.

  •   Kyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Bere foforo a obi bɛkyɛ wo mma ade no, wubetumi ama wo mma no akyerɛw nsɛm kakra agu krataa so akɔda nipa no ase. Afei nso, sɛ wokyekyɛ fie nnwuma ma wo mma a, ɛbɛma mmofra no ahu sɛ egye adwumaden na ama nneɛma akɔ yiye wɔ fie.

     Bible mu afotusɛm: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

     “Yɛn mma mmaayewa mmienu no boa yɛn abusua no paa. Wotumi boa ma abusua no hu aduan a yɛbɛnoa, wɔboa aduannoa, na wɔyɛ fie nnwuma foforo nso. Ɛno boa wɔn ma wohu sɛ yɛn a yɛyɛ awofo no, yɛyɛ adwumaden. Enti ɛma wɔn ani sɔ nneɛma a yɛyɛ de boa abusua no.”—Beverly.

  •   Boa wɔn ma wonnya suban pa. Anisɔ te sɛ afifide, ɛnna ahobrɛase te sɛ asaase pa. Sɛ wudua anisɔ wɔ ahobrɛase mu a, enyin yiye paa. Enti nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase hu sɛ biribiara a wɔyɛ biara, wohia obi mmoa na ayɛ yiye. Ɛno nti, sɛ obi boa wɔn a, wɔkyerɛ ho anisɔ.

     Bible mu afotusɛm: “Mommrɛ mo ho ase na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo. Munnnwen mo nko ara mo ho, na mmom munnwen afoforo nso ho bi.”—Filipifo 2:3, 4.

     “Anwummere bi wɔ hɔ a, yedi agorɔ bi a yɛato din ‘kyerɛ nneɛma ho anisɔ.’ Abusua no muni biara ka nea obi ayɛ ama no a n’ani asɔ. Ɛma obiara dwen adwempa, na eyi pɛsɛmenkominya adwene biara fi hɔ.”—Tamara.

 Nyansahyɛ: Yɛ nhwɛso pa. Sɛ wo mma hu sɛ wo a woyɛ ɔwofo no, sɛ wɔn anaa obi foforo biara yɛ ade ma wo a woda wɔn ase a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔn nso bɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ.

a Efi nhoma a wɔato din Thanks! How Practicing Gratitude Can Make You Happier no mu.