Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Efie Nnwuma Ho Hia

Efie Nnwuma Ho Hia

ƆHAW NO

Mmusua bi wɔ hɔ a, awofo hwɛ sɛ wɔbɛma mmofra no aboa efie nnwuma. Na mmofra no nso yɛ nnwuma no a, wonnwiinwii. Mmusua foforo bi mu deɛ, awofo no mma mmofra no mmoa efie nnwuma ahe biara. Na mmofra no nso, ɛyɛ wɔn dɛ, enti wɔnhaw wɔn ho pii sɛ wɔbɛyɛ efie nnwuma.

Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu no ahu sɛ saa suban yi rekɔ so wɔ aburokyiri aman pii so. Aman a ɛte saa mu no, wɔsom mmofra sen sɛ mmofra mmom bɛsom afoforo. Ɔwofo bi a ne din de Steven kaa sɛ: “Ɛnnɛ, wɔagyae mmofra ama wodi video so agorɔ, wokyinkyin Intanɛt so, na wɔhwɛ TV. Wɔmma wɔnyɛ nnwuma ahe biara wɔ fie.”

Wudwen ho sɛn? Enti ɛyɛ ampa sɛ, sɛ mmofra yɛ efie nnwuma a ɛboa ma nneɛma kɔ so yiye wɔ fie hɔ? Ɛsan ma wɔn adwenem bue anaa?

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Ɛyɛ awofo binom den sɛ wɔbɛma wɔn mma ayɛ efie nnwuma, titiriw nnawɔtwe a wohu sɛ homework ne sukuu nnwuma foforo pii gu wɔn mma no so no. Nanso yɛnhwɛ mfaso a ɛwɔ efie nnwuma so.

Efie nnwuma ma mmofra adwenem bue. Mmofra a wɔyɛ efie nnwuma no taa bɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu. Wei nyɛ nwonwa efisɛ mmofra yɛ efie nnwuma a, ɛma wonya ahotoso, wotumi hyɛ wɔn ho so, na wonya akokoduru nso. Saa suban ahorow yi boa mmofra ma wotumi sua ade yiye.

Efie nnwuma boa mmofra ma sɛ wonyin a, wotumi som afoforo. Ebinom ahyɛ no nsow sɛ, mmofra a wɔn awofo hwɛ ma wɔyɛ fie nnwuma no, sɛ wonyin a, wɔtaa yɛ nnwuma de boa ɔmanfo. Wei nyɛ nwonwa koraa efisɛ sɛ mmofra yɛ efie nnwuma a, esiesie wɔn ma wɔyɛ nneɛma a ɛbɛboa afoforo ansa na wɔadwene wɔn deɛ ho. Nanso Steven a yɛadi kan afa n’asɛm aka no kaa sɛ: “Sɛ wɔamma mmofra anyɛ efie nnwuma biara a, ɛma wonya adwene sɛ afoforo mmom na ɛsɛ sɛ ɛsom wɔn. Enti bere a wobenyin no na wonni adwumaden ho adwempa. Afei nso, wonhu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔhaw wɔn ho di wɔn asɛde ho dwuma.”

Efie nnwuma de baakoyɛ ba abusua mu. Sɛ mmofra yɛ efie nnwuma a, ɛma wohu sɛ wɔn ho hia wɔ abusua no mu. Afei nso, ɛma wohu sɛ wɔwɔ asɛde wɔ abusua no mu. Sɛ awofo ma sukuu nnwuma foforo a wɔn mma bɛyɛ ho hia wɔn kɛse sen sɛ wɔbɛma wɔayɛ efie nnwuma a, ɛremma mmofra no nhu nea yɛaka ho asɛm yi. Wo deɛ, bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ me mma de wɔn ho bɔ sukuu bɔɔlbɔ kuw na wɔne abusua no ammom anyɛ ade a, mfaso bɛn na wobenya?’

NEA WUBETUMI AYƐ

Fa hyɛ abofra no ase ntɛm. Ebinom ka sɛ, sɛ mmofra di mfe mmiɛnsa a, ɛsɛ sɛ awofo ma wofi ase yɛ fie nnwuma. Nnipa bi nso ka sɛ, sɛ wodi mfe mmienu anaa nea ennu saa mpo a, wobetumi ama wɔayɛ efie nnwuma. Asɛm no ara ne sɛ, mmofra nkumaa ani gye ho paa sɛ wɔne wɔn awofo bɛbom ayɛ ade na wɔasuasua wɔn.​—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 22:6.

Hwɛ wo ba no mfe a wadi na ma no adwuma a obetumi ayɛ. Nhwɛso bi ni. Abofra a wadi mfe mmiɛnsa betumi asesaw abaduaba (toy) a ɔde di agorɔ agu yiye. Nsu anaa biribi hwie gu fam a, obetumi apopa. Afei obetumi ayiyi ntade a wɔrebesi mu, ayi fitaa agu baabi na wayi kɔla a aka nso agu nkyɛn. Mmofra a wɔn ani afi kakra nso betumi aprapra, ahohoro kar ho, anaa wɔanoa aduan mpo. Ma wo ba no adwuma a obetumi ayɛ. Sɛ woma wo ba yɛ efie nnwuma a, anigye ne ahokeka a ɔde bɛyɛ no, ebetumi ayɛ wo nwonwa mpo.

Ma efie nnwuma a wo ba bɛyɛ ho nhia wo kɛse. Sɛ da biara, homework pii gu wo ba so a, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛma efie nnwuma a ɔbɛyɛ no ho ahia wo kɛse. Nanso nhoma bi ka sɛ, sɛ woamma wo mma anyɛ efie nnwuma esiane sɛ wopɛ sɛ wɔbɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu nti a, “na woamfa nneɛma a ɛho hia paa no anni kan.” (The Price of Privilege) Sɛnea yɛadi kan aka no, sɛ mmofra boa ma wɔyɛ efie nnwuma a, ɛma wotumi sua ade yiye wɔ sukuu. Na efie nnwuma a wɔyɛ no siesie wɔn na sɛ daakye wonya wɔn ankasa abusua a, adi aboa wɔn.​—Bible mu asɛm: Filipifo 1:10.

Ma nea enti a woma wo ba yɛ efie nnwuma no ho nhia wo nkyɛn sɛnea ɔbɛyɛ adwuma no. Sɛ woma wo ba adwuma a, ebia ɔrenwie no ntɛm sɛnea anka wopɛ no. Ebia wubehu nso sɛ wo ba no ntumi nyɛ adwuma no yiye. Sɛ ɛba saa a, nnye adwuma no nyɛ. Ɛnyɛ wo botae ne sɛ wo ba no bɛyɛ adwuma no pɛpɛɛpɛ sɛnea anka ɔpanyin bɛyɛ. Mmom no, wo botae ne sɛ wobɛboa wo ba no ama wahu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne anigye a ɛwɔ adwumayɛ mu.​—Bible mu asɛm: Ɔsɛnkafo 3:22.

Fa w’adwene si sɛnea ɛbɛboa wo ba no daakye so. Ebinom ka sɛ, sɛ wo mma yɛ efie nnwuma na wutua wɔn ka a, ɛma wohu sɛnea wobedi wɔn asɛde ho dwuma. Afoforo nso ka sɛ, ɛma mmofra no de wɔn adwene si nea wobenya afi abusua no hɔ so sen sɛ wɔde wɔn adwene besi nea wɔbɛyɛ de aboa abusua no so. Wɔbɔ kɔkɔ nso sɛ, sɛ awofo tua abofra bi ka wɔ efie nnwuma a ɔyɛ ho a, ɛda a sika wɔ abofra no ho no, ɔrenyɛ efie nnwuma no. Sɛ ɛba saa a, abofra no rennya mfaso a ɛsɛ sɛ onya wɔ efie nnwuma a ɔyɛ no so. Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Ne papa mu no, sɛ woma wo ba sika bi a, ɛnsɛ sɛ woma no te nka sɛ adwuma bi a ɔyɛɛ wɔ fie nti na wode maa no.