Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mowɔ Asɔfo a Mutua Wɔn Ka Anaa?

Mowɔ Asɔfo a Mutua Wɔn Ka Anaa?

 Kristofo a wɔtenaa ase asomafo no bere so no, Yehowa Adansefo di wɔn anammɔn akyi, enti wonni nkyekyɛm biara sɛ ebinom yɛ asɔfo ɛnna ebinom yɛ asɔremma. Emufo a wɔabɔ asu nyinaa fata sɛ wɔyɛ asɛmpaka ne nkyerɛkyerɛ adwuma no bi. Wɔakyekyɛ Adansefo no mu ayɛ wɔn asafo asafo, na asafo biara mu nnipa dodow bɛyɛ 100. Asafo biara mu no, mmarima a wɔbɔ mmɔden di asafo no anim som sɛ “mpanyimfo.” (Tito 1:5) Adwuma a wɔyɛ no, wonnye ho akatua.