Mote Nka sɛ Mo Nko Ara na Mubenya Nkwa?
Dabi. Nnipa ɔpempem pii tenaa ase mfe pii atwam ni a na wɔnyɛ Yehowa Adansefo, nanso wɔbɛdom wɔn agye wɔn nkwa. Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ wiase foforo bɛba, na sɛ ɛba a, “wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.” (Asomafo Nnwuma 24:15) Afei nso, nnipa pii wɔ hɔ nnɛ a, akyiri yi na wɔbɛba abɛsom Onyankopɔn; saafo no nso benya nkwa. Nanso sɛ obi benya nkwa oo, sɛ ɔrennya nkwa oo, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ. Yesu na ɔbɛyɛ saa adwuma no.—Yohane 5:22, 27.