Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ná Purple Triangle Bobɔ Wɔn Ntaade Mu

Ná Purple Triangle Bobɔ Wɔn Ntaade Mu

 Maud te France, na ɔyɛ adwuma wɔ sukuu bi mu. Sɛ adesua rekɔ so a, na ɔboa sukuufo nkwadaa a wɔadi dɛm. Nnansa yi, na sukuufo no bi resua sɛnea Nasifo kunkum nnipa pii na wɔde ebinom guu afiase ho ade. Wɔn a na wogu afiase no, na yɛapempam biribi abobɔ wɔn ntaade mu, na na ɛsono ebiara ne ne kɔla. Kɔla a ɛbɔ obiara ataade mu ne sɛnea yɛatwa ade no na na ɛkyerɛ nea enti a ɔda afiase.

 Tikyani a ɔrekyerɛ adeɛ no kaa nneduafo a na purple triangle (ahinasa afasebiri) bobɔ wɔn ataade mu ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Migye di sɛ saa nkurɔfo no yɛ mmarima a wɔne mmarima da ne mmea a wɔne mmea da.” Bere a wɔpɔnee no, Maud ne tikyani no kasae, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ tikyani no sɛ, ɛyɛ Yehowa Adansefo na Nasifo de purple triangle no bobɔɔ wɔn ntaade mu. a Ɔkaa sɛ ɔde biribi a ɛka purple triangle no ho asɛm bɛbrɛ no. Tikyani no penee so, na ɔka kyerɛɛ Maud sɛ ɔnka mu nsɛm no bi nkyerɛ sukuufo no.

 Da bi nso na tikyani foforo rekyerɛ asɛm korɔ no ara ho adeɛ Ɔde mfoni bi kyerɛɛ sukuufo no maa wohuu ade a ɛbɔ deduani biara ataade mu Mfoni a ɔde kyerɛe no maa sukuufo no huu sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo na wɔde purple triangle no bobɔɔ wɔn ntaade mu. Bere a wɔpɔnee no, Maud de biribi a ɛka purple triangle no ho asɛm maa tikyani no. Tikyani no gyei, na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ Maud mmɛka purple triangle no ho asɛm nkyerɛ sukuufo no.

Nhoma ne video a Maud de yɛɛ adwuma no kura no

 Maud kɔyɛɛ ahoboa sɛ ɔde simma 15 bɛkyerɛkyerɛ purple triangle no mu akyerɛ class a edi kan no. Nanso bere soe sɛ ɔrebɛkyerɛkyerɛ mu no, tikyani no ka kyerɛɛ no sɛ: “Dɔnhwerew baako no nyinaa yɛ wo dea; fa kyerɛkyerɛ mu.” Maud dii kan yii video a ɛkyerɛ sɛnea Nasifo no tanee Yehowa Adansefo ani kyerɛɛ wɔn. Video no duu baabi no, na ɛreka sɛ Nasifo no gyee Yehowa Adansefo nkwadaa 800 fii wɔn awofo nsam. Ɛhɔ ara na Maud miaa video no so maa no gyinae. Ɛnna ɔkenkan nea saa nkwadaa no mmiɛnsa faa mu kyerɛɛ sukuufo no. Bere a Maud yii video no wiei no, ɔkenkan krataa bi a Yehowa Danseni akwadaa bi a ofi Austria a wadi mfe 19 kyerɛw no afe 1940. Ne din de Gerhard Steinacher. Ɛyɛ krataa bi a ɔkyerɛw a na ɔne n’awofo redi nkra, efisɛ na aka kakraa bi ama Nasifo no akum no. b

 Maud kyerɛkyerɛɛ purple triangle no mu kyerɛɛ class a ɛto so mmienu no nso. Akokoduru a Maud nyae nti, seesei sɛ atikyafo mmienu no rekyerɛ ade afa nneduafo a Nasifo de wɔn guu afiase no ho a, ɛyɛ a wɔkae bɔ Yehowa Adansefo din.

a Bere a Wiase Ko a Ɛto So Mmienu no rekɔ so no, wɔde Yehowa Adansefo a wɔwɔ Germany a na wɔsan frɛ wɔn Bibelforscher (Bible Asuafo) no guu afiase sɛ wɔantaa Nasi aban no akyi.

b Nea enti a wokum Gerhard Steinacher ne sɛ wankɔdɔm Germany asraafo. Ɔkyerɛw wɔ krataa a ɔne n’awofo de dii nkra no mu sɛ: “Meda so ara yɛ akwadaa. Sɛ Awurade amma me ahoɔden a, mintumi nnyina; ɛno ara na meresrɛ.” Ade kyee anɔpa no, wokum Gerhard. Nea wɔkyerɛw guu ne nna so ni: “Owu de hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.”