Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesii Gyinae Sɛ Yɛbɛyɛ Yɛn Ho Awiɛmfoɔ

Yesii Gyinae Sɛ Yɛbɛyɛ Yɛn Ho Awiɛmfoɔ

 Madián ne Marcela te Colombia kurow bi a wɔfrɛ no Medellín mu. Ná wɔte yiye, na adwuma a Madián yɛ nso, na sika wom. Enti na ofie a wɔte mu no yɛ kama paa. Nanso biribi kaa wɔn ma wɔsan susuw nneɛma a na ɛho hia wɔn paa no ho. Wɔka sɛ, “Afe 2006 mu no, yɛkɔɔ ‘Ma W’ani Nhwɛ Tee’ ɔmansin nhyiam no bi. Ɔkasa ahorow a wɔmae no mu pii kaa sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo tetew nneɛma so na wonya bere pii de som Onyankopɔn. Yehuu sɛ nsɛm a wɔkaa wɔ nhyiam no ase nyinaa fa yɛn ho, efisɛ na yɛpɛ atotɔatotɔ na na ɛka remene yɛn.”

 Nhyiam no akyi no, Madián ne Marcela yɛe sɛ wɔbɛtetew nneɛma so. Wɔka sɛ, “Yefii ase gyaee atotɔatotɔ no. Yetuu fii yɛn dan kamakama no mu kɔɔ dan ketewa bi mu. Ná yɛtɔn yɛn kar kɔtɔɔ moto.” Afei na wɔnkɔ sotɔɔ akɛse mu nkɔtotɔ nneɛma bio, efisɛ na wɔmpɛ sɛ mmeae a ɛtete saa bɛsɔ wɔn ahwɛ ma wɔatotɔ nneɛma a ɛho nhia. Madián ne Marcela fii ase de bere pii kaa Bible mu asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Afei wɔde wɔn ho bɔɔ anuanom bi a wɔyɛ akwampaefo atitiriw. a

 Ankyɛ koraa na Madián ne Marcela yɛe sɛ wobetu akɔ baabi a wohia asɛmpakafo ama wɔaka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo. Wei nti, Madián gyaee adwuma a na ɔyɛ no. Ná n’adwumawura te nka sɛ gyama n’adwene nyɛ adwuma. Enti Madián bisaa n’adwumawura no sɛ: “Adwuma a woyɛ yi, sɛ́ wunya sika pii? Nanso mimmisa wo oo, ɛyɛ a w’ani gye?” N’adwumawura no ka kyerɛɛ no sɛ, anigye a yɛfrɛ no anigye de, onni bi, efisɛ na ɔhaw pii gu ne so a ontumi nni ho dwuma. Madián ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ sika bebree a obi benya na ɛbɛma n’ani agye, mmom nea ehia ne sɛ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma n’ani agye. Me ne me yere de, sɛ yɛka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛno na ɛma yɛn ani gye. Enti yɛpɛ sɛ yɛde bere pii yɛ saa adwuma no.”

 Gyinae a Madián ne Marcela sii no ama wɔn ani agye paa, na ama wɔn koma atɔ wɔn yam. Wɔde mfe 13 aka asɛmpa no wɔ Colombia nkuraase, na seesei wɔyɛ akwampaefo atitiriw.

a Akwampaefo atitiriw yɛ Yehowa Adansefo a wɔde wɔn bere nyinaa reka asɛmpa no mmeae a wohia asɛmpakafo. Ɛyɛ a, wɔma wɔn sika kakra de twitwa wɔn ho.