Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mewɔ Wo Mu Ahotoso Pii

Mewɔ Wo Mu Ahotoso Pii

Twe Bi:

  1. 1. Mede anigye sua w’Asɛm.

    Madua wɔ me komam.

    Ɛma me koma tɔ me yam, ɛma me asomdwoe.

    Na sɛ b’ribi hyɛ me so,

    Na midwennwen wo nsɛm ho,

    O wo nsɛmpa no hyɛ me den; na ɛkae me sɛ:

    (NNYESO NNIANIM)

    Kɔ so; nsuro hwee.

    Sua n’Asɛm; bɔ wo ho mmɔden.

    (NNYESO)

    Wo nsɛm yɛ dɛ, ɛsom bo.

    Ɛhyɛ me den da biara.

    Na mewɔ wo mu gyidi ne ahotoso pii.

  2. 2. Mepɛ sɛ meyɛ nea wopɛ;

    Na ɛtɔ da a, ɛnyɛ mm’rɛw.

    Nanso wowɔ hɔ ma me daa; ɛboa me paa.

    Nea masua, ɛwɔ me t’rim;

    Mede bɛyɛ adwuma.

    Agya, mihia wo honhom no, ɛkae me sɛ:

    (NNYESO NNIANIM)

    Kɔ so; nsuro hwee.

    Sua n’Asɛm; bɔ wo ho mmɔden.

    Sɛ mpo ɔhaw bi ba wo so,

    Fa w’ani si nhyira no so.

    (NNYESO)

    Wo nsɛm yɛ dɛ, ɛsom bo.

    Ɛhyɛ me den da biara.

    Na mewɔ wo mu gyidi ne ahotoso pii​—

    so pii.

    (NNYESO NNIANIM)

    Kɔ so; nsuro hwee.

    Tie n’Asɛm, na kura mu den.

    Sɛ mpo ɔhaw bi ba wo so,

    Fa w’ani si nhyira no so.

    (NNYESO)

    Wo nsɛm yɛ dɛ, ɛsom bo.

    Ɛhyɛ me den da biara.

    Na mewɔ wo mu gyidi ne ahotoso pii.