Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | ENTI WO HO HIA ONYANKOPƆN?

Onyankopɔn Nim Wo Yiye

Onyankopɔn Nim Wo Yiye

“O Yehowa, woahwehwɛ me mu, na wunim me.”DWOM 139:1.

“Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me.”DWOM 139:16

NEA ENTI A EBINOM NNYE NNI: Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ Onyankopɔn hwɛ yɛn a, nea ohu ara ne abɔnefo a wɔn ho ntew na wɔn ho nhia. Kendra yɛ obi a na ɔyare adwenemhaw. Esiane sɛ na ontumi nyɛ Onyankopɔn apɛde pɛpɛɛpɛ nti, na n’ahonim bu no fɔ. Ɛno nti, ɔkae sɛ, “migyaee mpaebɔ.”

NEA ONYANKOPƆN ASƐM KA: Ɛnyɛ wo mfomso na Yehowa hwɛ, na mmom ɔhwehwɛ wo mu hu sɛnea wote ankasa. Bible ka sɛ: “Onim yɛn nipaban; ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” Afei nso “ɔnhwɛ yɛn bɔne” ho ne yɛn nni, na mmom sɛ yenu yɛn ho a, ohu yɛn mmɔbɔ de yɛn bɔne kyɛ yɛn.Dwom 103:10, 14.

Yɛmfa Dawid nyɛ nhwɛso. Ɔno ne Israel hene a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no ahyɛase pɛɛ no. Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me, na wɔkyerɛw m’akwaa nyinaa wɔ wo nhoma mu . . . O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hu nea ɛwɔ me koma mu.” (Dwom 139:16, 23) Ná Dawid tumi yɛ bɔne; ɛtɔ da bi mpo a, na bɔne no mu yɛ duru. Nanso na ogye di paa sɛ, sɛ onu ne ho a, Yehowa a ohu komam no behu.

Yehowa nim wo sen onipa biara. Bible ka sɛ: “Onipa desani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Nea woyɛ biara, Onyankopɔn nim nea enti a woyɛ saa. Suban bi wɔ hɔ a wɔde woo wo; ebi nso wɔ hɔ a, baabi a wotenae ne sɛnea wɔtetee wo na ɛma wunyae. Ne nyinaa, Onyankopɔn nim. Ɛwom sɛ ɛtɔ da a wudi mfomso de, nanso sɛnea worebɔ mmɔden sɛ wobɛbɔ bra pa no, Onyankopɔn hu, na ɛyɛ no fɛ.

Sɛ Onyankopɔn nim wo yiye saa a, ɛnde dɛn na ɔyɛ de kyekye wo werɛ?