Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASETENAM NSƐM

Obi Nni Ahoɔden Mpo a, ne Gyidi Tumi Yɛ Den

Obi Nni Ahoɔden Mpo a, ne Gyidi Tumi Yɛ Den

Sɛ wuhu me a, wobɛka sɛ mawu awie ara ne sa. Mete mmubuafo akongua mu, na me mu duru yɛ kilogram 29 pɛ. Minni ahoɔden, nanso mafa nneɛma pii mu ama me gyidi ayɛ den. Ma menkyerɛ nea enti a mereka saa.

Bere a na madi mfe anan

France anafo fam akuraa bi ase na na m’awofo te. Sɛ mekae me mmofraberem a, na m’ani agye. Me papa yɛɛ adonko maa me, na na mitu mmirika twa yɛn fie hɔ hyia ma me ho bae me. Afe 1966 mu no, Yehowa Adansefo fii ase baa yɛn fie, na na wɔne me papa taa bɔ nkɔmmɔ kyɛ. Bɛyɛ abosome ason akyi no, me papa sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ Ɔdansefo. Ankyɛ na me maame nso kɔkaa ne ho. Ná anigye wɔ yɛn fie paa.

Akyiri yi yetu kɔɔ m’awofo kurom Spain, na ɛhɔ na m’amanehunu fii ase. Me nsa ne me nanpɔw so fii ase tutuu me. Yekyinii adɔkotafo so mfe abien. Akyiri yi na yekohuu dɔkota bi a wakwadare sesaborɔ ayaresa mu, na ɔde awerɛhow kae sɛ, “Baabi a adu no de, yentumi nyɛ ho hwee.” Ɛhɔ ara na me maame hyɛɛ ase sui. Ɔdan a na yɛwom no nko ara mpo, na ama me koma atu. Afei nea na mete no m’asom ara ne edin huhuuhu bi te sɛ autoimmune chronic illness ne juvenile polyarthritis. * Ná meyɛ abeawa a madi mfe du pɛ, enti nea ɛrekɔ so no, na menhyɛ da nte ase, nanso mihui sɛ ɛnyɛ asɛm papa.

Dɔkota no kae sɛ wɔmfa me nkɔto baabi a wɔhwɛ mmofra yare. Yekoduu hɔ no, mehwɛ baabi a wɔde me rekɔtena no a, nokwarem, na ɛyɛ awerɛhow. Ná ɛhɔ mmara dɔɔso dodo. Mmea a wɔhwɛ yɛn so no twitwaa me ti nhwi gui, na wɔhyɛɛ me atade yuu a mmofra a wɔwɔ hɔ hyɛ no bi. Mifii ase sui, na mibisaa me ho sɛ, ‘Ɛha de, mɛyɛ dɛn atena?’

MIHUU YEHOWA NSA WƆ ME SO

Ná m’awofo de Yehowa som atete me, enti mamfa me ho anhyɛ Katolek asɔre amanne biara mu wɔ ayaresabea hɔ. Nanso na mmea a wɔhwɛ yɛn so no nte me ase. Misu frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmma ne werɛ mmfi me. Ankyɛ koraa na mihui sɛ Yehowa kura me mu sɛnea agya a ɔwɔ ɔdɔ yɛ ne ba no.

Memeneda nko ara na na wɔma m’awofo kwan ma wɔba me nkyɛn; ɛno mpo, na wɔmma wɔn nkyɛ. M’awofo brɛɛ me Bible ho nhoma kenkanee, na ɛmaa me gyidi yɛɛ kɛse. Ná wɔmpene mma obiara mfa nhoma mmrɛ mmofra no, nanso me de, m’awofo brɛɛ me nhoma, na wɔansiw kwan. Enti da biara na  mekenkan nhoma no ne Bible. Afei nso, na metaa ka m’anidaso ho asɛm kyerɛ mmeawa a mene wɔn wɔ hɔ no. Saa anidaso no ne sɛ mɛtena ase daa wɔ asase so Paradise; ɛhɔ de, obiara renyare bio. (Adiyisɛm 21:3, 4) Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a na m’ani nka na me werɛ nso tumi how, nanso na m’ani gye, efisɛ Yehowa mu gyidi ne ahotoso a mewɔ no, na ɛreyɛ kɛse.

Medaa hɔ abosome asia ansa na wɔreyi me akɔ fie. Ná yare no da so wɔ hɔ, nanso m’ani gyei sɛ masan akɔ m’awofo nkyɛn. Me nan ne me nsa koakoae, na m’ahotutu no nso yɛɛ kɛse. Enti mede ɛyaw na enyinii. Nanso midii mfe 14 no, na masi me bo sɛ mɛsom me soro Agya no sɛnea m’ahoɔden betumi, enti mebɔɔ asu. Ɛno akyi mpo no, ɛwom ara a, na mete nka sɛ ɔne me anni no yiye. Mebɔ mpae a, mitumi bisa no sɛ, “Adɛn, me nko ara, bɔne bɛn na mayɛ? Mesrɛ wo, sa me yare. Enti brɛ a merebrɛ yi, wunhu?”

Me mmabunbere mu de, mamfa no ahogono koraa. Mibehui sɛ baabi a yare no adu no, tena ara na me ne no bɛtena. Mehwɛ me ho na mehwɛ sɛnea me nnamfonom te apɔw na wɔrekɔ ba no a, na mete nka sɛ mensɛ hwee. Enti, na menka nkɔ nnipa ho. Ne nyinaa mu no, na m’abusuafo ne me nnamfo ani kũ me ho. Onipa biako a mekae no paa ne Alicia. Ná ɔkyɛn me bɛyɛ mfe 20, nanso ɔbɛyɛɛ m’adamfo paa. Ɔboaa me ma midwen nea metumi ayɛ ama nkurɔfo sen sɛ mesu me ho mmɔborɔ.

MAMMA YARE NO AMFA ME SO

Bere a midii mfe 18 no, yare no kaa ne ho denneennen. Mekɔ Kristofo nhyiam mpo a, mɛba no na mabrɛ; meyɛ me ho hwee a ɛnyɛ yiye. Nanso mamma bere pii a mede tenaa fie no ansɛe kwa. Mede suaa Bible. Hiob ne Nnwom nhoma a ɛwɔ Bible mu no ma mibehui sɛ, seesei de, ade a ehia Yehowa Nyankopɔn paa ne sɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛatumi asom no, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban afi ɔhaw biara ho. Esiane sɛ metaa bɔ mpae nti, Yehowa maa me “tumi a ɛboro onipa de so” ne “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.”2 Korintofo 4:7; Filipifo 4:6, 7.

Midii mfe 22 no, mibehui sɛ maka mmubuafo akongua mu. Nea na ɛhaw me ne sɛ, anhwɛ a na me din mpo ayera; afei obiara bɛfrɛ me “ɔyarefo a ɔte mmubuafo akongua mu.” Nanso sɛɛ biribi resɛe no, na ne yiye mu. Mmubuafo akongua a na mete mu nti, nneɛma bi wɔ hɔ a afei de na mitumi yɛ. M’adamfo bi a wɔfrɛ no Isabel de too m’anim sɛ ɔpɛ sɛ ɔne me yɛ asɛnka adwuma no, enti ɛbɛyɛ yiye a, anka memfa nsi m’ani so sɛ mede nnɔnhwerew 60 bɛyɛ adwuma no bosome biako.

Ahyɛase no, ɛyɛɛ me sɛ agoru bi na ɔredi. Nanso mebɔɔ ho mpae, na Yehowa boaa me ma mitumi yɛe. Me nnamfo ne m’abusuafo nso boae. Bosome no soe mpo manhu; afei ehu oo, fɛre oo, ne nyinaa tew kɔe. M’ani gyei araa ma afe 1996 mu no, mebɛyɛɛ daa kwampaefo, kyerɛ sɛ, na mede nnɔnhwerew 90 yɛ asɛnka adwuma no bosome biara. Mibehui sɛ gyinae a misii no ye paa. Ama mabɛn Onyankopɔn na aboa m’apɔwmuden nso. Asɛnka adwuma no ama matumi aka me gyidi ho asɛm akyerɛ nnipa pii, na maboa ebinom mpo ma wɔabɛyɛ Onyankopɔn nnamfo.

YEHOWA NA OKURAKURA ME

Afe 2001 mu no, minyaa kar akwanhyia maa me nan abien no mu bui. Meda mpa so wɔ ayaresabea no, na merehu amane. Mebɔɔ mpae wɔ me tirim sɛ: “Yehowa mesrɛ wo, nnyi me tow-kyene!” Saa bere no ara mu na ɔbea bi a ne mpa bɛn me bisaa me sɛ, “Woyɛ Yehowa Dansefo?” Ná m’ahoɔden asa, enti mebɔɔ me ti nko. Ɔbea no kae sɛ: “Minim mo! Metaa kenkan mo nhoma.” Asɛm a ɔkae no dwudwoo me koma. Tebea a mewɔ mu no mpo tumi danee adansedi maa Yehowa. Akwannya bɛn ara ni!

Bere a minyaa ahoɔden kakra no, meyɛɛ m’adwene sɛ medi adanse no bi aka ho. Ná wɔahyɛ me nan abien nyinaa pii-oo-pi, enti sɛ metena mmubuafo akongua mu a, na me maame apia me kɔ ayarefo no nkyɛn. Da biara na yetumi srasra ayarefo no bi bisa sɛnea wɔn ho te, na yegyaw Bible ho nhoma ma wɔn. Mewie no, na mabrɛ sei tam, nanso Yehowa hyɛɛ me den.

Me ne m’awofo, afe 2003

Mfe kakra a atwam ni no, me yare no mu ayɛ den. Nea ɛhyɛɛ me awerɛhow koraa ne me papa a ofii mu no. Ne nyinaa mu no, memma ɔhaw no nni me so. Meyɛ dɛn yɛ saa? Sɛ ɛbɛyɛ yiye nko ara a, me ne me  nnamfo ne m’abusuafo bɔ, na ɛno ma miyi m’adwene fi me haw so. Ɛka me nko ara nso a, metaa kenkan ade, misua Bible, anaa midi nkurɔfo adanse wɔ fon so.

Nea meyɛ ne sɛ, ɛwom ara a, mekata m’ani, na matwa wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no ho mfonini wɔ m’adwene mu

Nneɛma nketenkete bi wɔ hɔ a m’ani sɔ paa. Ebi ne mframa a ɛfa me ho ne nhwiren a ɛyɛ huam. Saa nneɛma no ma m’ani gye paa. Ɛtɔ da bi nso a, mede nneɛma bi yɛ aseresɛm. Da koro, na me ne m’adamfo bi wɔ asɛnka mu; ɔno na na ɔrepia me, nanso ogyinae sɛ ɔrekyerɛw ade. Nea mihui ara ne sɛ me ne me mmubuafo akongua no agye hwii, kar bi mu pann! Yɛn ho mmoa nyinaa tu yerae, nanso bere a yehui sɛ bɔne biara ansi no, yetuee serew mu.

Nneɛma pii wɔ hɔ a m’ahoɔden ntumi. Mefrɛ saa nneɛma no “da-bi da-bi ɛbɛyɛ yiye.” Nea meyɛ ne sɛ, ɛwom ara a, mekata m’ani, na matwa wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no ho mfonini wɔ m’adwene mu. (2 Petro 3:13) Sɛ mitwa ho mfonini saa a, mihu me ho sɛ mewɔ ahoɔden ne anigye, na mitumi nantew me nan so di akɔneaba. Asɛm bi a Ɔhene Dawid kae no da me koma so paa. Ɔkae sɛ: “Fa w’ani to Yehowa so; nya akokoduru na ma wo bo nyɛ duru.” (Dwom 27:14) Seesei m’apɔwmuden so atew koraa, nanso Yehowa mmoa so, me gyidi de, ɛyɛ den paa.

^ nky. 6 Juvenile polyarthritis yɛ sesaborɔ yare bi a ɛyɛ mmofra. Nipadua no nkwammoaa a wɔko tia nyarewa no twa wɔn ho ko tia nipadua no. Ɛba saa a, ɛma ɔyarefo no apɔw so honhon, na ɛyɛ yaw paa.