Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO: ƆTAN HUNU BEFI WIASE—DA BƐN?

Ɔtan Hunu—Ɛyɛ Amansan Haw

Ɔtan Hunu—Ɛyɛ Amansan Haw

JONATHAN yɛ Koreani a wɔwoo no wɔ Amerika. Ɔyɛ abofra no, na nkurɔfo hwɛ n’anim ne baabi a ofi bu no atɛnkan anaa wɔtan no kwa, enti bere a onyinii no, otu kɔtenaa baabi foforo. Ɔkɔyɛɛ dɔkota wɔ kurow ketewa bi so; ɛwɔ Alaska atifi fam wɔ U.S.A. Ɛhɔ de, na sɛnea ɔte wɔ nipadua mu no te sɛ nnipa bebree a ɔhwɛ wɔn yare no. Baabi a okopuei no, na awɔw no ano yɛ den, nanso awɔw ne ɔtan hunu de, ɛfanim awɔw, na ɛyɛɛ no sɛ afei de wafi ɔtan hunu no mu.

Nanso bere bi ɔhwɛɛ ɔbea bi a wadi mfe 25 yare, na nea esii no ma ohui sɛ ne haw no mfii hɔ. Ná ɔbea no atɔ mum, na bere a n’ani so tetew no no, ɔhwɛɛ Jonathan anim kaa asɛm yayaayaw bi de kyerɛe sɛ okyi Koreafo kɔkɔkɔkɔ. Asɛm no hyee Jonathan paa, na ɛkaee no sɛ mmɔden a wabɔ sɛ ɔreguan ɔtan hunu no, ne nyinaa ayɛ kwa.

Nea ɛtoo Jonathan no ma yehu awerɛhosɛm a ɛrekɔ so. Ɔtan hunu wɔ wiase baabiara, gye sɛ baabi a nnipa nte.

 Nnipa dodow no ara ka sɛ ɔtan hunu nyɛ adepa, nanso abu so wɔ baabiara, enti ɛma asɛm no yɛ nwonwa. Sɛ nnipa ani nnye ho de a, ɛnde adɛn nti na abu so saa? Nea ɛwom ara ne sɛ, nnipa pii ka sɛ wɔmpɛ ɔtan hunu, nanso wɔn ankasa nso, ebi wɔ wɔn mu a wonnim. Wo nso, saa na wote anaa? Wubebua saa asɛm no sɛn?

ADIDI NNIPA MU

Sɛ yenim oo, sɛ yennim oo, ɛyɛ den sɛ yebehu sɛ ɔtan hunu kakra wɔ yɛn koma mu. Bible kyerɛkyerɛ mu ma yehu nea enti a ɛte saa. Ɛka sɛ: “Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa.” (Yeremia 17:9) Enti anhwɛ a, yɛbɛdaadaa yɛn ho aka sɛ yɛpɛ nnipa nyinaa asɛm. Anyɛ saa nso a, yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ, sɛ yɛmpɛ nnipa bi asɛm a, na ɛwɔ ase.

Sɛ wuhyia tebea bi sei a, wobɛte nka dɛn?

Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ yedwen adwemmɔne ma nkurɔfo no, fa no sɛ wo nko ara wonam abɔnten anadwo, ɛnna wuhui sɛ mmarima akantinka baanu bi a wunnim wɔn reba, na obiako de, wohwɛ a ayɛ sɛ okura biribi.

Ɛba saa a, w’adwene bɛyɛ wo sɛ wonya wo a, wɔbɛyɛ wo biribi anaa? Ampa, ebia ahu-bi-pɛn nti, wobɛhwɛ yiye. Nanso wohwɛ a, nea asi pɛn nti, ɛkyerɛ ampa sɛ saa mmarima baanu yi nso bɛyɛ wo biribi? Asɛmmisa a ɛbɛma woahu nea ɛwɔ wo komam paa ne sɛ, Mmarima baanu no, w’adwene yɛ wo sɛ wɔyɛ hefo? Mmuae a wobɛma no bɛma nea ɛwɔ wo komam ada adi, na ɛbɛma woahu sɛ ɔkwan bi so no, wo nso ebia wubu nkurɔfo atɛnkan anaa ɔtan hunu wɔ wo mu.

Sɛ yɛbɛka nokware a, ɔkwan bi so no, ɔtan hunu wɔ obiara mu, na yɛn nyinaa bu nkurɔfo atɛnkan wɔ yɛn komam. Bible mpo ma yehu sɛ atɛnkan kakra wɔ obiara mu. Ɛka sɛ: “Onipa de, nea ohu na ogyina so bu ne yɔnko atɛn.” (1 Samuel 16:7, Contemporary English Version) Yɛn nyinaa yɛ nnipa, enti saa su no bi wɔ yɛn mu, na ɛtaa kowie bɔne. Ɛnde asɛm no ne sɛ, anidaso bi wɔ hɔ sɛ yebetumi ayi ɔtan hunu afi yɛn abrabɔ mu anaa? Enti bere bi bɛba a, ɔtan hunu befi wiase koraa?