Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Ná Wɔpɛ sɛ Me Ara Mehwehwɛ mu Hu Nokware No”

“Ná Wɔpɛ sɛ Me Ara Mehwehwɛ mu Hu Nokware No”
  • AFE A WƆWOO NO: 1982
  • ƆMAN A OFI MU: DOMINICAN REPUBLIC
  • TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆYƐ MORMONNI

ME KAN ASETENA:

Wɔwoo me wɔ Santo Domingo, Dominican Republic. Yɛyɛ mmofra baanan, na me na meyɛ kaakyire. Ná m’awofo akɔ sukuu adu akyiri, na na wɔpɛ sɛ wɔtete yɛn yiye. Aka mfe anan ama wɔawo me no, Mormonfo asɛmpatrɛwfo baa m’awofo nkyɛn. Sɛnea na mmerante no asiesie wɔn ho na wobu ade no, ɛyɛɛ m’awofo fɛ paa. Enti m’awofo sii gyinae sɛ yɛn abusua no bɛkɔ Mormon (Church of Jesus Christ of Latter-day Saints) asɔre no bi. Nnipa a wɔte kurom hɔ a wodii kan kɔɔ asɔre no bi no, na yɛka ho.

Merenyin no, na m’ani gye nneɛma a asɔre no yɛ de gyigye wɔn ani no ho. Sɛnea na wɔka abusua asetena ne abrabɔ pa ho asɛm no, na mepɛ paa. Ná ɛyɛ me dɛ sɛ meyɛ Mormonni, na mede sii m’ani so sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo.

Bere a midii mfe 18 no, na m’awofo pɛ sɛ mekɔ kɔlege, enti yetu kɔtenaa United States. Bɛyɛ afe akyi no, me maame ketewa ne ne kunu bɛsraa yɛn wɔ Florida; ná wɔyɛ Yehowa Adansefo. Wɔkae sɛ yɛne wɔn nkɔ nhyiam bi nkotie Bible mu asɛm. Nhyiam no ase no, mihui sɛ, sɛ ɔkasafo bi rekenkan Bible a, obiara bue ne de kan di n’akyi, na na wɔkyerɛkyerɛw nsɛm a wɔretie no bi. Enti, me nso migyee krataa ne pɛn fii ase kyerɛw bi.

Bere a yɛpɔn nhyiam no, me maame nua no ne ne kunu kae sɛ, sɛ mepɛ sɛ meyɛ ɔsɛmpatrɛwfo de a, ɛnde wɔbɛboa me ama masua Bible. Mepenee nea wɔkae no so, efisɛ saa bere no, na minim Mormonfo nhoma mu sen Bible.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA:

Ná me maame nua no ne ne kunu no taa bɔ Bible mu nkɔmmɔ wɔ telefon so, na daa na wɔka kyerɛ me sɛ memfa me gyidi no ntoto Bible nkyerɛkyerɛ ho nhwɛ. Ná wɔpɛ sɛ me ara mehwehwɛ mu hu nokware no.

 Migyee Mormonfo gyidi no ho nneɛma pii toom, nanso na mintumi nhu sɛ ɛne Bible hyia anaa. Me maame nua no maa me Yehowa Adansefo nhoma bi a wɔfrɛ no Nyan! no bi, (Borɔfo de a ɛbaa November 8, 1995 no) na na emu nsɛm no bi fa Mormonfo gyidi ho. Nea mekenkanee no yɛɛ me nwonwa, efisɛ Mormonfo nkyerɛkyerɛ no bebree wɔ hɔ a, na minnim. Ɛno ma mekɔɔ Mormonfo Intanɛt dwumadibea hɔ kɔhwehwɛe sɛ nea Nyan! no aka no yɛ nokware anaa. Ná ɛyɛ nokware, na bere a mekɔɔ baabi a Mormonfo kora wɔn tete nneɛma wɔ Utah no, nea mihui no foaa so sɛ ɛte saa pɛpɛɛpɛ.

Bere nyinaa na migye di sɛ Mormonfo nhoma ne Bible hyia. Nanso, bere a metɔɔ me bo ase kenkan Bible no, mihui sɛ Mormonfo nkyerɛkyerɛ ne Bible mu nsɛm bi nhyia. Ɛho nhwɛso biako ne Hesekiel 18:4; Bible ka wɔ hɔ sɛ ɔkra wu. Nanso Mormonfo nhoma no ka wɔ Alma 42:9 sɛ: “Ɔkra ntumi nwu da.”

Sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛne Bible nhyia no da nkyɛn a, ade biako a na ɛhaw me nso ne ɔman ho dɔ a ɛwɔ Mormonfo mu no. Nhwɛso biako ne sɛ, Mormonfo kyerɛkyerɛ sɛ na Eden turo no wɔ Jackson County, Missouri, U.S.A. Asɔre no adiyifo kyerɛ sɛ, sɛ Onyankopɔn Ahenni ba a, United States frankaa no nkutoo begyina adi ahim wɔ wiase nyinaa.

Mibisaa me ho sɛ, sɛ ɛba saa a, ɔman a mifi mu ne aman foforo nso ɛ, ebewie wɔn dɛn? Da koro anwummere bi, Mormonni aberantewa bi a ɔregye ntetee akɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo frɛɛ me telefon so ne me bɔɔ nkɔmmɔ, na nkɔmmɔ no mu no, mekɔfaa saa asɛm no bae. Mede sii n’anim bisaa no sɛ enti sɛ ne man ne ɔman foforo reko a, obetumi agyina na ɔne Mormonfo a wofi aman foforo so ako anaa. Ɔkae sɛ obetumi ayɛ, na me ho dwiriw me! Mehwehwɛɛ me gyidi no mu kɔɔ akyiri, na mikohuu Mormon asɔre mpanyimfo nso. Mmuae a minyae ne sɛ saa nsɛm no yɛ ahintasɛm a da koro hann no ba a, yɛbɛte ase.

Nkyerɛkyerɛmu a wɔde maa me no ma meyɛɛ basaa, enti afei mifii ase bisaa me ho nea enti koraa a mepɛ sɛ mebɛyɛ Mormon ɔsɛmpatrɛwfo. Mihui sɛ nea enti a mepɛ sɛ meyɛ ɔsɛmpatrɛwfo ara ne sɛ mɛboa nkurɔfo. Ade foforo nti a na mepɛ sɛ mebɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo ne sɛ ɛbɛma nkurɔfo abu me. Nanso Onyankopɔn mpo, na minni ne ho nimdeɛ pii. Ɛwom sɛ na mahwɛ Bible mu mpɛn pii de, nanso na ɛho nhia me biara. Onyankopɔn atirimpɔw a ɔwɔ ma asase ne adesamma no, na minnim ho hwee.

SƐNEA ABOA ME:

Bible a me ne Yehowa Adansefo suae nti, mihuu nneɛma bebree. Ebi ne Onyankopɔn din, yewu a baabi a yɛkɔ ne adwuma a Yesu reyɛ ama Onyankopɔn atirimpɔw aba mu. Afei de, na mede nkakrankakra rehu Bible mu, na mekaa nea meresua no bi kyerɛɛ nkurɔfo. Ná minim sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso afei de na mitumi ne no kasa wɔ mpaebɔ mu te sɛ m’adamfo paa. Mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo July 12, 2004, na edii abosome asia no, mifii ase de bere pii kaa asɛmpa no.

Meyɛɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no mfe anum. M’ani gyei paa sɛ meboa maa wotintim Bible ne Bible ho nhoma a ɛreboa nnipa mpempem pii wɔ wiase, na ɛyɛ me dɛ sɛ migu so reboa nkurɔfo ama wɔasua Onyankopɔn ho asɛm.