Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Afei De Manya Ahotɔ a Edi Mũ.”

“Afei De Manya Ahotɔ a Edi Mũ.”
  • AFE A WƆWOO NO: 1981

  • ƆMAN A OFI MU: UNITED STATES

  • TEBEA A NA ƆWOM: ƆBA HOHWINI

ME KAN ASETENA:

Wɔwoo me wɔ West Virginia, U.S.A. atifi fam kurow a wɔfrɛ no Moundsville, na na ɛyɛ kurow a emu dwo wɔ Ohio Asubɔnten no ho. Ná yɛyɛ mmofra baanan, na me na na meto so abien. Ná yɛn mu baasa yɛ mmarima, enti na yɛn fie hɔ yɛ hyew. Yɛn maame ne yɛn papa de, na wɔyɛ anokwafo nsiyɛfo a wodwen nnipa ho. Ná yɛnyɛ asikafo de, nanso na nea yebedi mmɔ yɛn. Me papa ne me maame yɛ Yehowa Adansefo, na yɛn mmofraase pɛɛ na wɔbɔɔ wɔn ho mmɔden de Bible afotusɛm duaa yɛn mu.

Ne nyinaa akyi no, bere a meredu mpanyin mu no, me koma fii nea wɔakyerɛkyerɛ me no ho nkakrankakra. Mibenyaa adwene sɛ Bible afotusɛm a mede bɛbɔ me bra koraa, gyama mfaso nni so. Metee nka sɛ, sɛ meyɛ nea me ho bɛtɔ me a, ɛno na ɛbɛma m’ani agye ankasa. Ankyɛ na migyaee Kristofo nhyiam kɔ. Me nuanom baanu nso tew atua te sɛ me ara. Yɛn awofo yɛɛ biara sɛ wɔbɛboa yɛn, nanso ankosi hwee.

Ná minnim sɛ sɛɛ nea mibuu no sɛ ahotɔ no bɛma mede nneɛma bi akyekyere me ho mmom. Da bi a mifi sukuu rekɔ fie no, m’adamfo bi maa me sigaret ma migye nomee. Efi saa da no, mifii ase yɛɛ nneɛma foforo pii de sɛee me ho. Eduu baabi no, mede nnubɔne ne nsã yɛɛ m’aduan, na ɔbrasɛe sɔɔ me dɛ mu. Akyiri yi mifii ase nom nnubɔne a ano yɛ den maa ɛyɛɛ kakra no, na ɛde me ayɛ akoa ma sɛ mannya bi a mintumi ntena. Medɔɔ nnubɔne mu asukɔ araa ma afei de na metɔn nnubɔne no bi sɛnea ɛbɛyɛ a menya bi anom daa.

Mebɔɔ mmɔden paa sɛ mebu m’ani agu nea me tiboa reka kyerɛ me no so, nanso daa na ɛkae me sɛ ɔbra a merebɔ no nye. Ne nyinaa mu no, na mete nka sɛ baabi a madu no de, aka akyi dodo sɛ mɛsesa. Sɛ mekɔ apontow ne danse ase a nnipa pii wɔ hɔ mpo a, mete nka sɛ mayɛ ankonam. Ɛtɔ da bi na sɛ mehwɛ sɛnea m’awofo ho twa na wɔyɛ nnipa pa no a, na ɛyɛ me nwonwa sɛ masɛe adu akyiri saa.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA:

Me ara de, na mapa abaw, nanso na afoforo mpaa abaw. Afe 2000 mu no, m’awofo too nsa frɛɛ me sɛ memmra Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam no bi. Metwetwee me ho nanso mekɔe. Ade biako a ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ me nuanom baanu a na wɔn nso asorosorow no kɔɔ bi.

Mewɔ nhyiam no ase no, mekaee sɛ afe a etwaam no, mebaa danse bi wɔ baabi a nhyiam no rekɔ so no. Mede nhyiam no toto ho a, mihu sɛ ɛyɛ soronko koraa, enti ɛkaa me koma. Bere a mekɔɔ danse wɔ hɔ no, na wura atwa yɛn ho ahyia, na na sigaret wusiw ayɛ hɔ kumɔnn. Wɔn a wɔkɔɔ danse no bi no, na wɔn mu dodow no ara yɛ basabasa na na nnwom a wɔbɔ no nso nyɛ papa. Nanso nhyiam no ase de, na obiara ani agye; ɛwom sɛ na mihuu ebinom akyɛ paa de, nanso wogyee me awaawaa atuu. Ná ɛhɔ tew kama, na na asɛm a wɔreka no nso ma awerɛkyekye. Bere a mihuu sɛnea Bible mu nokware ama me koma atɔ me yam no, na minhu nea enti koraa a migyaee akyiri di!—Yesaia 48:17, 18.

“Bible hyɛɛ me den ma migyaee nnubɔne tɔn na migyaee ne nom nso, na ɛma mebɔɔ ɔbrapa”

Yewiee nhyiam no ara na meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsan aba Kristofo asafo no mu bio. Me nuanom nso, nneɛma a wohui wɔ nhyiam no ase nti, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔn nso wɔbɛsan aba asafo no mu bio. Yɛn baasa nyinaa penee so ma wɔne yɛn mu biara yɛɛ Bible adesua.

Bible mu asɛm bi a epusuw me paa ne Yakobo 4:8. Ɛhɔ asɛm ne sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” Mihui sɛ, sɛ mepɛ sɛ mebɛn Onyankopɔn a, gye sɛ migyae ɔbrabɔne no. Nneɛma a na ɛsɛ sɛ meyɛ no bi ne sɛ megyae sigaretnom na magyae nnubɔne ne nsanom nso.—2 Korintofo 7:1.

Me ne me nnamfo dedaw no nyinaa tetew mu na mefaa nnamfo foforo a wɔsom Yehowa. Asafo mu panyin a ɔne me suaa Bible no boaa me pii. Ná ɔtaa frɛ me telefon so, na na ɔtaa ba me fie nso bɛsra me. Besi nnɛ nyinaa ɔka me nnamfo paa ho.

Afe 2001 osutɔbere mu no, mebɔɔ asu de kyerɛe sɛ mahyira me ho so ama Onyankopɔn, na me nuanom baanu no nso bɔɔ asu. Bere a yɛn abusua no nyinaa san ka boom wɔ Yehowa som mu no, anigye a m’awofo ne me nua barima kumaa a wamfi asafo no mu nyae de, ɛnyɛ asɛm ketewa.

SƐNEA ABOA ME:

Ná midwen sɛ Bible mmara kyekyere yɛn dodo, nanso seesei de, mibu no sɛ ahobammɔ a ɛkyɛn biribiara. Bible hyɛɛ me den ma migyaee nnubɔne tɔn na migyaee ne nom nso, na ɛma mebɔɔ ɔbrapa.

Seesei m’ani agye sɛ mabɛka Yehowa asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa ho. Wɔyɛ nnipa a wɔdodɔ wɔn ho paa, na wɔde biakoyɛ resom Onyankopɔn. (Yohane 13:34, 35) Manya nhyira kɛse bi afi saa kuw no mu. Saa nhyira no ne me yere Adrianne, ɔbea a mepɛ n’asɛm na medɔ no. Me ne no aka abom resom yɛn Bɔfo no, na ɛma yɛn ani gye pii.

Seesei menyɛ nea me ara mepɛ bio; mmom no, matu me ho ama de me bere nyinaa ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo, na mekyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔn nso wɔde Onyankopɔn Asɛm bɛbɔ wɔn bra. Saa adwuma yi ama manya anigye paa. Metumi de ahotoso paa aka sɛ Bible na ɛsesaa m’asetena. Afei de, manya ahotɔ a edi mũ.