ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM October 2013

Nsɛmma nhoma yi ma yehu sɛ Ɔbɔadeɛ no tumi ne ne nyansa da adi wɔ abɔde mu. Afei nso hwɛ sɛnea yebetumi de mpae bi a Yesu bɔe abɔ yɛn bra.

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa wɔ Philippines

Hwɛ nea ɛkaa ebinom ma wogyaee wɔn nnwuma, tɔn wɔn ahode, na wɔayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ reka asɛm no wɔ Philippines nkuraase.

Abɔde Ma Yehu sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ

Hwɛ nea yebetumi ayɛ de aboa nkurɔfo ma wɔahu Ɔbɔadeɛ no ho nokwasɛm na yɛn ankasa nso anya ne mu gyidi.

Woyɛ Yehowa Akoa—Som No

Dɛn na yɛbɛyɛ na Satan amfa yɛn anyɛ nkoa? Sɛ obi yi ne yam som Yehowa a, nhyira bɛn na ɛwɔ hɔ ma no?

ASETENAM NSƐM

Yɛde Yɛn Ho Ato Yehowa So Anya Nhyira Pii

Malcolm ne Grace Allen mu biara de bɛboro mfe 75 asom Yehowa. Hwɛ sɛnea wɔn ankasa hui sɛ Yehowa hyira wɔn a wɔde wɔn ho to no so no.

Mpae a Ɛka Koma—Sua Biribi Fi Mu

Dɛn na yebetumi asua afi Lewifo mpae no mu? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mpaebɔ aka koma?

Fa Yesu Mpae no Bɔ Wo Bra

Bere a Yesu bɔɔ mpae no, ɔde Yehowa apɛde dii kan ansa na ɔde n’adesrɛ reto n’anim. Yɛbɛyɛ dɛn de Yesu mpae no abɔ yɛn bra?

Wubetumi Abɔ Nnipa Pii Kɔkɔ?

Hwɛ sɛnea ebinom de hokwan biara a wonya di nkurɔfo adanse wɔ mmɔnten so.