Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NYAN! No. 3 2021 | Ɔbɔadeɛ Bi Wɔ Hɔ Anaa?—W’adwene Ne Sɛn?

Sɛ wubisa nkurɔfo sɛ ɛyɛɛ dɛn na amansan ne emu nneɛma nyinaa bae a, ɛsono obiara ne nea ɔka. Ebi ka sɛ amansan yi bae ara kwa, ebi nso gye di sɛ obi na ɔhyɛɛ da bɔe. Wobɛyɛ dɛn ahu asɛm yi mu nokware? Yebesusuw adanse ahorow a ɛfa saa asɛm yi ho wɔ nsɛmma nhoma yi mu. Sɛ wuhu asɛm yi mu nokware a, ɛbɛboa wo paa.

 

Wobɛyɛ Dɛn Ahu Asɛm Yi Mu Nokware?

Nnipa pii no ara nhu nea ɛyɛe a amansan yi ne nkwa bae.

Nea Amansan Yi Ma Yehu

Sɛnea ɔsoro ne asaase ne emu nneɛma te no, wutumi hu sɛ wɔhyɛɛ da yɛe sɛ nkwa ntena mu. Wunnye nni sɛ obi na ɔhyɛɛ da yɛɛ no saa anaa?

Nea Abɔde a Nkwa Wom Ma Yehu

Woto w’ani hwɛ asaase yi so a, abɔde a nkwa wom ama ɛso ayɛ fɛ. Ɛyɛɛ dɛn na nkwa bae? Dɛn na abɔde a nkwa wom ma yehu?

Nea Nyansahufo Rentumi Mma Yenhu

Nyansahufo atumi ama yɛahu nea ɛyɛe a amansan yi ne nkwa bae anaa?

Nea Bible No Ma Yehu

Asɛm a Bible ka fa adebɔ ho no, ɛne nyansahu hyia anaa?

Nea Enti a Ehia Sɛ Wuhu Asɛm Yi Mu Nokware

Sɛ wugye di sɛ ade nyinaa so tumfo Nyankopɔn bi wɔ hɔ a, ɛbɛma woanya mfaso pii nnɛ ne daakye.

Susuw Adanse No Ho

Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ anaa? Wo ara susuw adanse no ho hwɛ.