Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 3

Sɛnea Obegyina Tebea Biara Ano

Sɛnea Obegyina Tebea Biara Ano

OBI TUMI GYINA TEBEA BIARA ANO A, ƐKYERƐ SƐN?

Obi a otumi gyina tebea biara ano no, sɛ ohyia ɔhaw bi a, otumi di ho dwuma, na ɔsan gyina ne nan so bio. Sɛ abofra bi betumi ayɛ wei a, gye sɛ osua. Abofra resua nantew a, ɛwom ara a ɔbɛhwe ase. Saa ara nso na sɛ ebesi wo ba no yiye wɔ abrabɔ mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ ɛtɔ da a, obehyia ɔhaw.

ADƐN NTI NA EHIA SƐ OTUMI GYINA TEBEA BIARA ANO?

Mmofra bi wɔ hɔ a, sɛ wɔantumi anyɛ biribi yiye, wohyia ɔhaw bi, anaa wɔyɛ biribi na afoforo ka ho asɛm pɛ a, wobɛhwɛ na wɔn abam abu. Ebinom mpo de ahwease yɛ nna. Nanso ɛsɛ sɛ wɔte nokwasɛm a edidi so yi ase:

Sɛ wo ba tumi gyina tebea biara a ohyia ano a, ɛbɛma wanya gyidi sɛ ɔhaw foforo biara a obehyia wɔ abrabɔ mu no, obetumi agyina mu.

SƐNEA WOBƐBOA NO MA WAGYINA TEBEA BIARA ANO

Bere a wo ba ammɔ mmɔden wɔ biribi mu.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre.”​—Mmebusɛm 24:16.

Boa wo ba ma onnya ɔhaw a ohyia ho adwene a ɛfata. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ ɔkyerɛw sɔhwɛ na wantwa a, dɛn na ɔbɛyɛ? N’abam betumi abu ma waka sɛ, “Mede, meyɛ biribiara a ɛnyɛ yiye!”

Sɛ wo ba no betumi agyina ɔhaw a ɛte saa ano a, kyerɛ no nea ɔyɛ a ɛbɛboa no ma wabɔ ne ho mmɔden bere foforo. Woyɛ saa a, obegye ɔhaw no atom sen sɛ ɔbɛma apira no.

Nanso, sɛ anka wubedi ɔhaw no ho dwuma ama no no, boa no ma ɔno ara nni ho dwuma. Wubetumi abisa wo ba no sɛ, “Nea woresua wɔ sukuu mu no, dɛn na ɛbɛboa wo ma woatumi ate ase yiye?”

Bere a asɛmmɔne bi asi.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.”​—Yakobo 4:14.

Obi nnim ɔkyena asɛm. Obi wɔ sika nnɛ a, obetumi adan ohiani ɔkyena. Obi te apɔw nnɛ a, ɔkyena obetumi ayare. Bible ka sɛ: “Ɛnyɛ ahoɔharefo na wodi nkonim mmirikatu mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfo na wodi nkonim ɔko mu, efisɛ asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.”​—Ɔsɛnkafo 9:11.

Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden bɔ wo ba ho ban fi asiane ho. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi atwitwa agye wo ba no.

Sɛ wo ba hyia ɔhaw ahorow a, ɛsɛ sɛ woboa no ma ogyina ano. Ebi ne bere a ɔne n’adamfo bi ntam atetew anaa ne busuani bi awu. * Sɛ woboa no ma ogyina ɔhaw a ɛtete saa ano a, ɛbɛma wahu sɛnea obegyina ɔhaw afoforo ano bere a wanyin no. Ebi ne sɛ ebia n’adwuma afi ne nsa, anaa ne sikasɛm ayɛ basaa.

Bere a obi de afotu pa ama wo ba.

BIBLE MU AFOTUSƐM: ‘Tie afotu na woahu nyansa daakye.’​—Mmebusɛm 19:20.

Sɛ obi teɛ wo ba so a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔmpɛ wo ba no asɛm, mmom ɔpɛ sɛ esi no yiye.

Sɛ woboa wo ba ma otie afotu a, wo ne wo ba no nyinaa benya so mfaso. Agya bi a ɔde John kaa sɛ: “Sɛ wo mma di mfomso na bere nyinaa wutwitwa gye wɔn a, wɔrenhu nyansa da. Da biara wɔde ɔhaw foforo bɛba fie, na wo a woyɛ ɔwofo no na daa wobɛhwɛ adi ho dwuma. Biribi a ɛte saa betumi ama asetena afono awofo ne wɔn mma no nyinaa.”

Wobɛyɛ dɛn aboa wo ba na sɛ afoforo de afotu pa ma no a, wanya so mfaso? Sɛ wɔde nteɛso ma wo ba no wɔ sukuu mu anaa baabi foforo biara a, nkogyina wo ba no akyi. Mmom wubetumi abisa wo ba no sɛ:

  • “Wohwɛ a, adɛn nti na ɔde saa nteɛso no maa wo?”

  • “Dɛn na wobɛyɛ na bere foforo woansan anyɛ bio?”

  • “Sɛ biribi a ɛte sɛɛ si bio a, dɛn na wobɛyɛ?”

Kae sɛ, sɛ obi de afotu pa ma wo ba a, ɛnyɛ nnɛ nko ara na obenya so mfaso. Daakye nso sɛ onyin a, ɛbɛboa no.

^ nky. 21 Hwɛ asɛm a wɔato din “Boa Wo Ba ma Onnyina Awerɛhodi Ano” a ɛbaa July 1, 2008 Ɔwɛn-Aban mu no.