Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WIASE YI AYƐ BISIBASAA

4 | Anidaso a Wowɔ No, Bɔ Ho Ban

4 | Anidaso a Wowɔ No, Bɔ Ho Ban

NEA ENTI A ƐHO HIA

Sɛnea wiase ayɛ bisibasaa no, ɛho dadwen tumi bɔ ebinom yare, na etumi sɛe ebi nso anigye. Wɔn a nneɛma bɔne te sɛ atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho aka no, wɔn mu bebree te nka sɛ wɔn anidaso asa. Ɛba saa a, sɛn na wɔyɛ wɔn ade?

  • Ebinom wɔ hɔ a wɔmfa daakye asɛm nhaw wɔn ho bio.

  • Ebinom nso de dane nsawe ne nnubɔnenom. Wɔn adwene nyinaa ne sɛ ɛbɛma wɔn werɛ afi wɔn haw.

  • Ebinom hu no sɛ, ɛyɛ sɛ wobewu sen sɛ wɔbɛtena ase.

Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu

  • Ɔhaw no bi wɔ hɔ a, ɛrentena wo so nkyɛ. Ɛnnɛ na nneɛma mu nyɛ a, ɔkyena ebetumi asesa ama ayɛ wo nwonwa.

  • Sɛ mpo ansesa a, nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ na ama woatumi agyina ano.

  • Bible ma yenya anidaso. Ama yɛahu sɛ daakye, nnipa haw nyinaa bɛba awiei. Ɔhaw a ɛde ɔhaw de, yɛrenhyia bio.

Nea Wubetumi Ayɛ No Nnɛ

Bible ka sɛ: “Enti ɛnsɛ sɛ mudwinnwen ɔkyena ho da, efisɛ ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Ɛda biara wɔ n’ankasa haw a ɛdɔɔso ma no.”—Mateo 6:34.

Mfa ɔkyena nhaw wo ho. Nea ɛsɛ sɛ woyɛ no nnɛ no, yere wo ho na yɛ. Mma nneɛma a ebesi daakye no ho adwinnwen nhyɛ wo so dodo.

Mma nneɛma bɔne ho adwinnwen nhyɛ wo so. Ebi wɔ hɔ koraa a, nea woredwinnwen ho no, ɛrensi da. Sɛ wode haw wo ho a, w’abam bebu. Ɛba saa a, daakye papa a worehwɛ kwan no, ebeyi w’adwene afi so.

Bible Ma Yenya Anidaso Ankasa

Tete dwontofo bi bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Dwom 119:105) Hwɛ nea enti a yebetumi de Onyankopɔn Asɛm Bible no atoto kanea ne hann ho.

Kanea boa wo ma wutumi hu kwan mu. Saa na Bible no nso te. Sɛ yɛpɛ sɛ yesi biribi a ɛho hia paa ho gyinae a, afotusɛm a nyansa wom a ɛwɔ Bible mu no betumi akyerɛ yɛn kwan ama yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.

Hann ma yehu ade kɔ akyiri. Saa na Bible no te, ɛma yehu ade kɔ akyiri. Ɛboa ma yehu sɛ daakye papa bi da yɛn anim retwɛn yɛn.