Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | ASƐM TO WO A, WOBƐYƐ DƐN?

Wo Ho Nipa Bi Awu?

Wo Ho Nipa Bi Awu?

Aberante Ronaldo te Brazil. Onyaa kar akwanhyia bi, na emu na ne maame ne ne papa ne ne ho nnipa mmiɛnsa bi nso wui. Nea ɔkae ne sɛ: “Midii abosome mmienu wɔ ayaresabea ansa na wɔreka akyerɛ me sɛ m’abusuafo no awuwu.

“Ahyɛase no, mannye anni sɛ wɔn nyinaa awuwu ampa; asɛm no ansen me tirim koraa. Ebubuu me, na midii awerɛhow mu awerɛhow. Akyiri yi mpo de, wiase fonoo me. Enni da bi a mise nnɛ de mansu; misui saa araa abosome pii! Sɛ me ara na na mereka kar no a, anka amma saa; manu me ho paa sɛ mede kar no maa obi kae.

“Asɛm no sii no mfe 16 ni, na seesei mitumi yɛ me biribiara te sɛ kan no. Nanso wɔn wuo no agyaw awerɛhow kɛse wɔ me koma mu.”

NEA ƐBƐBOA WO

Ehia sɛ wusu a, su. Bible se, “osũ wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 4) Ronaldo kae sɛ: “Sɛ me werɛ how a, misu. Misu wie a, na me ho atɔ me. Mfaso biara nni so sɛ mɛka me nusu ahyɛ.” Nanso kae sɛ, ɛsono sɛnea obiara di n’awerɛhow. Enti sɛ wunnim su a, ɛnkyerɛ sɛ woreka w’awerɛhow ahyɛ. Sɛ wunnim su a, ɛnhyɛ wo ho nsu.

Ntew wo ho mfi nnipa ho. (Mmebusɛm 18:1) Nea Ronaldo kae ne sɛ: “Ɛbaa me mu sɛ mentew me ho mfi nnipa ho, nanso mebɔɔ me ho mmɔden sɛ merentew me ho. Nkurɔfo baa me nkyɛn, na me ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ. Afei nso mekaa nea ɛhaw me nyinaa kyerɛɛ me yere ne me nnamfonom.”

Sɛ obi ka asɛm a ɛyɛ yaw a, yɛ dinn. Ebia obi bɛka akyerɛ wo sɛ “amma saa a, anka ɛnyɛ.” Ronaldo kae sɛ, “Ebinom yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔreka nsɛm bi akyekye me werɛ nanso saa nsɛm no maa me werɛ howee.” Enti mfa w’adwene nkɔ nsɛm a ɛyɛ yaw no so. Mmom fa Bible mu afotu yi yɛ adwuma: “Mfa wo koma nni nsɛm a nnipa ka nyinaa akyi.”Ɔsɛnkafo 7:21.

Sua tebea a awufo wom. Ronaldo kae sɛ: “Mahu wɔ Bible mu wɔ Ɔsɛnkafo 9:5 sɛ nnipa wu a, wonhu amane biara; eyi ama me koma atɔ me yam. Bible ka nso sɛ owusɔre bɛba; saa bere no awufo bɛsan aba nkwa mu bio. Enti me ho nnipa a wɔawuwu no, ɛyɛ a mefa no sɛ wɔatu kwan.”Asomafo Nnwuma 24:15.

Ná wunim? Bible hyɛ bɔ sɛ bere bi reba a Onyankopɔn ‘bɛmene owu akosi daa.’ *Yesaia 25:8.