Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 TETEFO MFONINI | AHYƐDE NO

So Ɛyɛ Ahyɛde a Wɔde Mae wɔ Onyankopɔn Din Mu?

So Ɛyɛ Ahyɛde a Wɔde Mae wɔ Onyankopɔn Din Mu?

“Sɛ moanyɛ eyi a, . . . Onyankopɔn bɛma me tumi na matow ahyɛ mo so, na me ne mo bedi ako wɔ mo asase no afanan nyinaa so sɛnea metumi, na mede mo ahyɛ Asɔre no ne Ɔhene no kɔndua ase; na mɛfa mo yerenom ne mo mma akɔyɛ nkoa, . . . na mɛfa mo nneɛma nyinaa, na ɔhaw biara a mepɛ no, mede bɛba mo so. . . . Owu ne amanehunu a ebefi mu aba no ho asodi renna Ɔhene anaa yɛn so, na mmom ɛbɛda mo so.”

AHYƐDE ahorow a wɔde ama pɛn nyinaa mu no, gyama eyi ne nea ɛyɛ hu a ntease nnim koraa. Ɛka Ahyɛde a wɔfrɛ no el Requerimiento wɔ Spania kasa mu, a wɔ afeha 16 mu no, na ɛsɛ sɛ Spania akofo no mu biara ka bere a wɔakodu Amerika rekɔpere asase no.

Asɛm pɔtẽẽ bɛn na akofo no ka kyerɛɛ kurom hɔfo no, na dɛn ntia?

Wɔhyɛɛ Wɔn Ma Wɔsesaa Wɔn Som Baa Katoleksom Mu

Columbus duu Amerika wɔ afe 1492 mu no, ankyɛ koraa na Spain ne Portugal kyerɛe sɛ wɔn na wodi asase foforo yi so. Esiane sɛ aman abien no nyinaa bu Pope no sɛ Kristo nanmusini wɔ asase yi so nti, wɔde asɛm yi kɔmaa no sɛ onsiesie. Pope no ma wɔkyɛɛ asase a wɔahu no foforo no mu maa Spain ne Portugal bere a aman abien no penee so sɛ wɔde asɛmpatrɛwfo bɛkɔ kurow no so na wɔaboa emufo ma wɔasesa abɛyɛ Katolekfo no.

Bere a akodi no rekɔ so no, Spania atumfoɔ no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ mmara de ataa akofo no akyi. Spaniafo no kae sɛ, esiane sɛ bere a Pope no de asase no maa wɔn no na ɔyɛ Onyankopɔn nanmusifo nti, na wɔwɔ hokwan sɛ wokunkum kurom hɔfo na wɔsɛe wɔn nneɛma na wɔtew wɔn ahofadi so.

 Spaniafo no yɛɛ Pope ahyɛde no ho kyerɛwtohɔ na wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ kurom hɔfo. Na ɛsɛ sɛ kurom hɔfo gye Kristosom tom na wɔde wɔn ho hyɛ Spaniafo hene ase. Sɛ wɔampene so a, na Spaniafo no susuw sɛ wɔwɔ “hokwan” sɛ woko tia wɔn wɔ Onyankopɔn din mu.

“Ansa na obi bɛsɔre atia obi no, na ɛsɛ sɛ onya biribi pa gyina so. Enti na ɛsɛ sɛ Spaniafo hwehwɛ biribi gyina so bu wɔn ho bem.”—Francis Sullivan, Jesuitni nyamekyerɛ ho ɔbenfo

“Ɛyɛ Amumɔyɛsɛm, Ɛnteɛ, na ɛyɛ Apoobɔ”

Ná Spania atumfoɔ no ma wɔkenkan Ahyɛde no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ahonim renhaw wɔn. Ansa na Spania akofo no bɛtow ahyɛ ɔman bi so no, na wɔtaa di kan kenkan ahyɛde no wɔ po so hyɛn mu anaa wɔkenkan wɔ asase kesee so kyerɛ kurow no mufo a wɔnte Europafo kasa no. Ɛtɔ da nso a, wɔkenkan ahyɛde no kyerɛ adan a ehu nti, nkurɔfo aguan afi mu ma ada mpan no.

Mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔasesa wɔn som no ma wohwiee mogya pii gui. Sɛ nhwɛso no, wokunkum Araukaniafo bɛyɛ 2,000 wɔ akodi bi a ɛkɔɔ so wɔ Chile wɔ afe 1550 no mu. Ɔkofo Pedro de Valdivia kaa wɔn a wɔankunkum wɔn no ho asɛm kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “Esiane sɛ mesoma ma wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ mpɛn pii na mede Ɔhene Ahyɛde maa wɔn nanso wɔantie nti, mitwitwaa wɔn mu ahanu nsa ne wɔn hwene.” *

Ebia Ahyɛde no a wɔkenkan no maa akofo no ahonim ammu wɔn fɔ. Nanso antumi amma Spaniafo som annya nkɔso biara. Afeha a ɛto so dunsia ɔsɛmpatrɛwfo Bartolomé de las Casas, a ohuu nea efii Ahyɛde no mu bae no kyerɛwee sɛ: “Hwɛ sɛnea na ahyɛde no yɛ amumɔyɛsɛm, ɛnteɛ, ɛyɛ apoobɔ, na nyansa ne ntease nnim! Dimmɔne a ɛmaa Kristosom gyei de, meremmɔ so mpo.” Ɔkyerɛwfo Gonzalo Fernández de Oviedo, bɔɔ abubuw sɛ, atirimɔdensɛm a wɔde dii wɔn a wofi Amerika ankasa no ma wonyaa Kristosom ho adwene a ɛnteɛ fi mfiase pɛɛ.

So ɛsɛ sɛ yɛde atirimɔdensɛm a atumfoɔ ne asɔre no kae sɛ wodii wɔ Onyankopɔn din mu no ho asodi to Onyankopɔn so anaa? Bible no ka sɛ: “Ɛmpare nokware Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, ne ade nyinaa so Tumfoɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnteɛ!”—Hiob 34:10.

^ nky. 12 Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, woguu Ahyɛde no wɔ afe 1573 mu.