Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Aguamansɛm a Wɔhwɛ

Aguamansɛm a Wɔhwɛ

So Bible no kasa tia aguamansɛm a wɔhwɛ?

“Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.”—Mateo 5:28

NEA ENTI A ƐHO HIA

Aguamansɛm a wɔhwɛ abu so nnɛ sen bere foforo biara. Sɛ wopɛ sɛ wosɔ Onyankopɔn ani na wunya asetena a anigye wom a, ɛsɛ sɛ wuhu sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ aguamansɛm a wɔhwɛ ho.

NEA BIBLE NO KA

Bible nka aguamansɛm a wɔhwɛ ho asɛm tẽẽ. Nanso, aguamansɛm a wɔhwɛ no ne Bible nnyinasosɛm ahorow pii nhyia.

Sɛ nhwɛso no, Bible de kɔkɔbɔ ma pefee sɛ ɔbarima warefo a “ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea” a ɔnyɛ ne yere, na wanya ne ho akɔnnɔ no, betumi asɛe aware. Sɛ obi aware anaa ɔnwaree na ‘ɔkɔ so hwɛ’ aguamansɛm a n’adwene ara ne sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu a, Bible mu nnyinasosɛm yi fa ne ho. Onyankopɔn ani nnye nneyɛe a ɛte saa ho koraa.

 Sɛ obi hwɛ aguamansɛm na wamfa ne ho anhyɛ ɔbrasɛe mu mpo a, so ɛyɛ bɔne ankasa?

‘Enti, munkum mo nipadua akwaa wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere ho.’Kolosefo 3:5.

NEA NKURƆFO KA

Nhwehwɛmufo bi ka sɛ ɛnyɛ hwɛ a obi bɛhwɛ aguamansɛm no na ɛbɛtwetwe no ma ɔde ne ho akɔhyɛ ɔbrasɛe mu ankasa. Nanso, so aguamansɛm a wɔhwɛ yɛ bɔne?

NEA BIBLE NO KA

Bible ka “asereseresɛm a ɛnsɛ” ho asɛm sɛ ɛmfata na ɛyɛ ɔbrasɛe. (Efesofo 5:3, 4) Ɛbɛyɛ dɛn na yɛaka sɛ aguamansɛm a wɔhwɛ de, asɛm nni ho? Ɛnnɛ aguamansɛm a wɔhwɛ no de, wɔtaa hyɛ da ma awarefo ne afoforo da, wɔma mmarima ne wɔn ho da, wɔma afoforo bɔ aguaman, na wotwa eyinom nyinaa ho mfonini. Ɛda adi sɛ, ɔbrasɛe a ɛtete saa a obi hwɛ no yɛ abofono wɔ Onyankopɔn ani so sen asereseresɛm a ɛnsɛ.

Nhwehwɛmufo kɔ so gye akyinnye sɛ ɛnyɛ aguamansɛm a nkurɔfo hwɛ ma egyinagyina wɔn ani so no na ɛma wɔde wɔn ho kɔhyɛ ɔbrasɛe mu. Nanso Bible ka pefee sɛ aguamansɛm sɛe yɛne Onyankopɔn ntam na ɛyɛ no abofono. Bible de afotu yi ma sɛ: “Enti, munkum mo akwaa . . . no wɔ aguamammɔ [ne] akɔnnɔ bɔne” mu. (Kolosefo 3:5) Wɔn a wɔhwɛ aguamansɛm no yɛ nea ɛne kyerɛwsɛm yi bɔ abira koraa—sɛ́ anka wobekum akɔnnɔ bɔne a ɛte saa no, wogugu so ma enyin mmom.

Dɛn na ebetumi aboa wo na woanhwɛ aguamansɛm?

“Monhwehwɛ papa, na ɛnyɛ bɔne . . . Montan bɔne na monnɔ papa.”Amos 5:14, 15.

NEA BIBLE NO KA

Bible ka nnipa a na wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe, asabow, ne korɔnbɔ mu a wotumi gyaee saa abrabɔ bɔne no ho asɛm. (1 Korintofo 6:9-11) Dɛn na ɛboaa wɔn? Wɔde nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu no dii dwuma, na ɛma wohuu sɛnea wobekyi bɔne.

Sɛ wugye bere susuw ɔhaw ahorow a efi nneyɛe bɔne yi mu ba no ho a, ɛbɛboa wo ma woakyi aguamansɛm a wɔhwɛ. Nhwehwɛmu bi a wotintim no nnansa yi kyerɛ sɛ, nnipa a wɔhwɛ aguamansɛm no nya “adwenemhaw, wɔtew wɔn ho fi afoforo ho, wɔne afoforo ntam abusuabɔ sɛe,” na wohyia ɔhaw afoforo nso. (Utah State University) Afei, sɛnea yɛadi kan akyerɛkyerɛ mu no, esiane sɛ ɛyɛ abofono wɔ Onyankopɔn ani so nti, ɛsɛe ade kɔ akyiri koraa sen saa. Ɛtetew onipa ne ne Bɔfo no ntam.

Bible betumi aboa yɛn ma yɛadɔ nneɛma a ɛyɛ papa. Sɛ yɛkenkan Bible no daa a, yebenya ɔdɔ a emu yɛ den ama Bible mu abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn no. Ɔdɔ a ɛte saa no bɛma yɛako atia aguamansɛm a yɛbɛhwɛ na yɛate nka te sɛ odwontofo a ɔkyerɛw asɛm yi no: “Meremfa adehunu biara nsi m’anim.”—Dwom 101:3.