Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ako bruu-akokɔsrade. Ne ntwemu yɛ sɛntimita 85

Ako Ahoɔfɛdua

Ako Ahoɔfɛdua

BƐYƐ mfe 600 a atwam ni, nkurɔfo bi fi Europe aman bi so kɔɔ Central America ne South America kɔhwehwɛɛ hɔ. Ade baako a wohu maa wɔn ani gyee paa ne nnomaa bi a wɔatu yuu fi kwae mu nam wim. Na ɛyɛ ako a wɔn ho kɔla-kɔla na wɔn dua wa. Anokwa, wuhu wɔn a wuntumi nyi w’ani. Ako abusua sõ, nanso nea yɛreka wɔn ho asɛm yi wɔ Central America ne South America. Bere a wohuu mmoa no, ankyɛ koraa na wɔde wɔn mfonini baa map so de yɛɛ ɔman no ahyɛnsode.

Ako yi deɛ, anini ne abere nyinaa ho yɛ kɔla-kɔla. Wei ma wɔda nsow wɔ nnomaa pii ho. Wɔn nne yɛ yayaayaw na wɔne nnipa tumi di agorɔ ma ɛyɛ nwonwa. Anɔpa tutuutu na ako bɛyɛ 30 atu yuu rekɔpɛ aduan. Ako de wɔn bɔwerɛw sesaw aduan na wɔde wɔn ano dennen no atetew mu. Wotumi de wɔn ano bɔ adwe koraa. Wodidi wie a, wotu yuu kosisi abotan so anaa nsu ano kɔsosɔw anhwea kakra. Sɛ biribi wɔ aduan no mu a, anhwea no tumi dwudwo ano. Ɛsan ma wonya nnuannuru a wohia.

‘Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ne bere mu.’Ɔsɛnkafo 3:11

Ako a yɛreka wɔn ho asɛm yi, sɛ wonya wɔn hokafo a gye owu na ɛtetew wɔn ntam. Sɛ wɔwo nso a, “ɔbea” ne “barima” no nyinaa bom hwɛ wɔn mma kama. Wɔtaa yɛ wɔn buw wɔ nnua, abotan, amena, siw, ne ntokuru mu. Yɛse “benkum dware nifa na nifa nso adware benkum,” enti sɛ nnomaa no redwudwo wɔn ho wɔ wɔn buw mu a, obiara yiyi ne yɔnko ho fĩ. Bere a wɔn mma bedi abosome nsia no na wɔaso wɔn adwe bɔ, nanso wontumi nte wɔn ho mfi wɔn maame ne wɔn papa ho. Wɔde no saa, gye mfe mmiɛnsa ansa na ebia wɔatumi ate wɔn ho. Mmoa yi tumi di bɛyɛ mfe 30 anaa 40. Wɔn a wɔyɛn wɔn fie no mpo deɛ, wotumi di boro mfe 60. Nnomaa yi gu ahorow ahorow bɛyɛ 18. Ebi na ɛwɔ ha yi.

Ako a ne ntaban yɛ ahabammono; wɔsan frɛ no ako kɔkɔɔ-ahabammono. Ne ntwemu bɛyɛ sɛntimita 95

Ako kɔkɔɔ. Ne ntwemu yɛ sɛntimita 85

Ako bruu. Ne ntwemu yɛ sɛntimita 100. Saa ako yi so sen nea aka nyinaa. Ne mu duru bɛyɛ kilogram 1.3