Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehia Wiase Foforo!

Yehia Wiase Foforo!

Amanaman Nkabom kyerɛwfo panyin a yɛfrɛ no António Guterres kaa sɛ, “nneɛma agye nsam wɔ wiase yi mu.” Wo ne no nyɛ adwene?

Ɛnnɛ sɛ wutie kaseɛbɔ a, nsɛm a etu koma nko ara. Ebi ne:

  • Nyarewa a ate atese

  • Atoyerɛnkyɛm

  • Ohia ne ɔkɔm

  • Asaase yi ne mframa a wɔresɛe no

  • Atuturasɛm, awudisɛm, ne kɛtɛasehyɛ

  • Akodi

Biribiara kyerɛ sɛ yehia wiase foforo. Wiase a

  • Obiara benya apɔwmuden

  • Obiara benya ahobammɔ

  • Aduan bebu so

  • Obiara bɛhome mframa pa

  • Nsisi biara nni mu

  • Asomdwoe wom

Nanso sɛ yɛka wiase foforo a, ɛkyerɛ sɛn?

Dɛn na ɛbɛto saa wiase yi?

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi atena wiase foforo no mu?

Ɔwɛn-Aban yi bɛboa yɛn ama yɛanya nsɛmmisa yi ne nsɛmmisa foforo ho mmuae afi Bible no mu. Mmuae a yebenya no bɛkyekye yɛn werɛ.