Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wudwen Ho Sɛn?

Wudwen Ho Sɛn?

Bible betumi aboa wo ama woabɛyɛ Onyankopɔn adamfo anaa?

EBINOM GYE DI SƐ . . .

wɔrentumi nyɛ Onyankopɔn adamfo, efisɛ wɔte nka sɛ wɔn ho ntew anaa bɔne wɔ wɔn ho. Afoforo nso ka sɛ Onyankopɔn nnwen yɛn ho. Wo nso ɛ?

NEA BIBLE AKA

‘Teefo na Onyankopɔn ne wɔn di atirimsɛm.’ (Mmebusɛm 3:32) Sɛ yedi Onyankopɔn asɛm so a, yebetumi ayɛ ne nnamfo.

DƐN BIO NA BIBLE AKA?

  • Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ yɛn Adamfo.​—Yakobo 4:8.

  • Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔbɛboa ne nnamfo na ɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.​—Dwom 86:5.

  • Nneɛma a Onyankopɔn ani gye ho no, ne nnamfo ani gye ho. Nea ɔtan no, ne nnamfo nso tan.​—Romafo 12:9.