Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Nhomakorabea Ketewese

Nhomakorabea Ketewese

SEPTEMBER 1, 2021

 “Kan no, na ɛyɛ den sɛ honhom fam aduan no, yebenya no ɛlɛtrɔnik so.” Wunhu sɛ saa asɛm no yɛ nokware? Onua Geoffrey Jackson na ɔkaa saa asɛm no. Ná ɔrema ɔkasa a ɛhyɛ nkuran wɔ Afe 2020 Amanneɛbɔ a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ #6 no mu. Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: “Nanso seesei ɛte sɛn? Korona bere yi mu, sɛ ɛnyɛ JW Library app no a, anka ɛbɛyɛ dɛn na yɛn nsa aka honhom fam aduan no? Enti yehu sɛ Yehowa resiesie yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ tebea bi sei ba a, yebetumi agyina ano.”

 Dɛn na Yehowa de resiesie yɛn? JW Library app no, adwuma bɛn na ɛkɔɔ mu? Ɛdɛn na yɛyɛ ma etu mpɔn na ɛkɔ so yɛ adwuma kama?

Ná Yɛnyɛɛ Bi Saa Da

 May afe 2013 no, Akwankyerɛ Kuw no de hyɛɛ Kɔmputa Dwumadibea a Ɛyɛ MEPS Ho Adwuma wɔ asafo ti no nsa sɛ, wɔnyɛ app bi a wobetumi de Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo no agu so. Onua Paul Willies a ɔyɛ adwuma wɔ saa dwumadibea hɔ no kaa sɛ: “Ɛde besi saa bere no, na yɛnyɛɛ app a ɛte saa nkɔtoo app store biara so da. Nso yeyii nnipa bi sɛ wɔnyɛ ho adwuma, na nnwuma bi a na yɛn nsa kura mu no, yegyaee kakra, ɛnna yɛne dwumadibea afoforo boom yɛɛ app no ne nneɛma a yɛde begu so. Yɛbɔɔ ho mpae paa, na Yehowa nso boaa yɛn maa abosome nnum pɛ akyi no, yewiee ho adwuma, na yɛdaa no adi wɔ asafo ti no afe afe nhyiam a wɔyɛɛ no saa afe no ase!”

 Afei, na aka sɛ yɛbɛma app no adan nhomakorabea ankasa a yɛn nhoma pii wɔ so wɔ kasa pii mu. Eduu January 2015 no, na nhoma a yɛwɔ wɔ Borɔfo kasa mu saa bere no, yɛatumi de dodow no ara agu app no so. Ɛno akyi abosome nsia pɛ no, na yɛde nea ɛwɔ kasa foforo mu abɛka Borɔfo de no ho wɔ app no so ma obiara tumi twe bi.

 Efi saa bere no, yɛn nuanom ayɛ JW Library ho adwuma ama atu mpɔn paa. Seesei yɛde video ahorow aka ho, na nhoma ne video ne mfoni ahorow a ɛwɔ nnawɔtwe biara adesua mu no, yɛde ne nyinaa agu faako wɔ app no so. Afei nso, sɛ wubue kyerɛwsɛm bi a, nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ mu a ɛwɔ Nhwehwɛmu Nhoma no mu no, etumi de wo kɔ mu.

Sɛnea Yɛhwɛ Ma Nhomakorabea No Yɛ Adwuma Yiye

 Da biara, nkurɔfo bue JW Library wɔ mfiri ɔpepem 8 so, na bosome biara, wobue wɔ mfiri ɔpepem 15 so! Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama JW Library atumi ayɛ adwuma yiye wɔ saa mfiri yi nyinaa so? Onua Willies kyerɛɛ mu sɛ: “App a ɛyɛ adwuma wɔ fon ne tablɛt so de, ɛho adwuma nsa da. Da biara yɛyɛ ho adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde nneɛma bi bɛkeka ho, na yɛama atu mpɔn nso. Program a ɛma fon, tablɛt, ne kɔmputa yɛ adwuma no, daa wɔyɛ mu nsakrae. Enti yɛn nso, daa ɛsɛ sɛ yɛyɛ JW Library ho adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi ayɛ adwuma wɔ saa mfiri no so. Afei nso, esiane sɛ bere nyinaa yɛde nhoma, ɔdio (anaa nneɛma a yɛbɔ tie), ne video pii reka nea ɛwɔ JW Library so dedaw no ho nti, program a ɛma JW Library app no yɛ adwuma no, daa ɛsɛ sɛ yɛyɛ mu nsakrae ma ɛkɔ n’anim.” Sɛ yɛka nhoma, ɔdio, ne video a ɛwɔ kasa horow mu nyinaa bom a, yɛrekasa yi yɛwɔ nhoma bɛyɛ 200,000 wɔ JW Library app no so, na ɔdio ne video a ɛwɔ so nso boro 600,000!

 Sɛ yebetumi ayɛ JW Library ho adwuma ama akɔ so ayɛ adwuma yiye a, yehia kɔmputa ne ɛho nneɛma. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Kɔmputa program pii wɔ hɔ a yɛde yɛ adwuma a ɛsɛ sɛ yetua ho ka. Program baako sei, afe biara yetua Amerika dɔla 1,500. Afei nso, Kɔmputa Dwumadibea a Ɛyɛ MEPS Ho Adwuma no, afe biara wɔbɔ ka bɛyɛ Amerika dɔla 10,000 de totɔ kɔmputa, tablɛt, ne fon a aba foforo, na wɔyɛ JW Library ho adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi ayɛ adwuma yiye wɔ ne nyinaa so.

Nneɛma a Yɛtwe No Mma Yɛmmɔ Ka Pii

 Nneɛma a yɛprinte, yɛkeka si ani, na yɛde mena no, JW Library nti, ɛka a na yɛbɔ wɔ ho no akɔ fam koraa. Ma yɛmfa Kyerɛwnsɛm No Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhoma no nyɛ nhwɛso. Nea ɛbaa afe 2013 no, yɛprintee bɛyɛ ɔpepem 12. Nanso afe 2020 de, ɛwom sɛ na yɛanya adawurubɔfo bɛyɛ 700,000 abɛka ho, nso yɛprintee ɔpepem nnum pɛ. Adɛn ntia? Efisɛ seesei yɛn nuanom Kristofo bebree de JW Library na ɛyɛ daa asɛm. a

“Minni Ho Agorɔ Koraa”

 Wɔn a wɔde JW Library yɛ adwuma no, ɛboa wɔn akwan bebree so. Onuawa bi a wɔfrɛ no Geneviève a ɔte Canada no hu no sɛ, JW Library nti, seesei ɔtaa sua ade paa. Ɔkaa sɛ: “Sɛ mɛka nokware paa a, sɛ daa ɛsɛ sɛ mekɔfa nhoma wei kɔfa nhoma wei ansa na masua ade a, minnye nni sɛ anka mesua ade te sɛ nea meyɛ seesei no. Nanso JW Library nti, mefaa me tablɛt ara, na manya biribiara a mihia wɔ so. Esiane sɛ metaa sua ade seesei nti, ama me gyidi ayɛ den, na ama mabɛn Yehowa paa.”

Geneviève

 Bere a korona yare atu atese yi mpo de, yɛanya JW Library so mfaso kyɛn daa. Onuawa bi a wɔfrɛ no Charlyn a ofi United States kaa sɛ: “Efi bere a korona yare no tuu atese wɔ wiase yi, bɛboro afe ni, memfaa m’ani nhuu yɛn nhoma foforo biara a asafo aprinte da. Nanso JW Library ama yɛakɔ so anya nneɛma pii a ɛhyɛ yɛn gyidi den, na meda Yehowa ase sɛ wɔayɛ nhyehyɛe pa saa.”

 Onuawa bi a wɔfrɛ no Faye te Philippines, na asɛm bi a ɔkae no, nnipa pii ne no yɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “Biribiara a mihia na ama me ne Yehowa adamfofa mu akɔ so ayɛ den no, app nwonwaso yi ma minya ne nyinaa. Mesɔre anɔpa a, mekan biribi wɔ so. Sɛ mereyɛ fie nnwuma a, mebɔ biribi wɔ so tie. Ɛno na mede sua ade ansa na makɔ adesua. Ɛno na mede sua ade ansa na makɔ asɛnka. Minya bere kakra a, mehwɛ video wɔ so. Sɛ merekɔyɛ ade wɔ baabi na sɛ ennuu me so a, mekan nhoma bi anaa Bible wɔ so. Minni ho agorɔ koraa!”

 JW Library app no boa paa wɔ asɛnka mu nso. Nhwɛso baako ni: Onuawa bi a ɔwɔ Cameroon ne obi kɔɔ asɛnka, na nea ɔne no nam no kan kyerɛwsɛm bi kyerɛɛ obi. Nnawɔtwe kakra akyi no, na onuawa no nso pɛ sɛ ɔkan saa kyerɛwsɛm no kyerɛ obi wɔ asɛnka mu, nanso na ɔnkae. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Nea ɛboaa me ne sɛ, mekaee kyerɛwsɛm no mu nsɛm kakra. Ɛhɔ ara na mibuee Bible mu wɔ JW Library so, na mede nsɛm no hwehwɛe wɔ so. Anni gyina na mihuu kyerɛwsɛm no. Kyerɛwsɛm pii wɔ hɔ a, ɛyɛ a na me werɛ afi, nanso JW Library nti mitumi hu.”

 Sɛnea mufi mo pɛ mu de akwan a yɛakyerɛ wɔ donate.isa4310.com so yi ntoboa no, ɛno na ama yɛatumi ayɛ JW Library app no ama anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa. Ɛno ara nso na ɛma yetumi hwɛ ma ɛyɛ adwuma yiye na etu mpɔn. Yɛda mo ase sɛ muyi mo yam yi ntoboa.

JW Library Abakɔsɛm

  1. October 2013—Yɛdaa app no adi. Ná Wiase Foforo Nkyerɛase a wɔayɛ no foforo wɔ Borɔfo kasa mu no gu so dedaw

  2. January 2015—Yɛde Borɔfo nhoma afoforo guu app no so, na akyiri yi yɛde nea ɛwɔ kasa afoforo mu nso kaa ho

  3. November 2015—Yɛyɛɛ biribi wɔ app no so a ɛma wutumi de kɔla hyɛ nsɛm bi nsow

  4. May 2016—Yɛde Asafo Nhyiam afã no kaa ho

  5. May 2017—Yɛde biribi kaa app no ho a ɛma wutumi yɛ kyerɛwtohɔ

  6. December 2017—Yɛde Study Bible (Adesua Bible) no kaa ho

  7. March 2019—Yɛyɛɛ biribi wɔ app no so a ɛma wutumi twe nhoma wɔ so bɔ tie, na wutumi bɔ video fi intanɛt so tẽẽ. Yɛsan yɛɛ biribi wɔ so, enti sɛ wubue kyerɛwsɛm bi a, nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ mu a ɛwɔ Nhwehwɛmu Nhoma no mu no, etumi de wo kɔ mu

  8. January 2021—Yɛde biribi kaa ho a ɛma Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no yɛ adwuma yiye

a Biribiara a obi bɛtwe afi JW Library so no, yetua ho ka kakra. Afe a etwaam no sei, nneɛma a ɛwɔ JW Library ne jw.org so a nkurɔfo bɔ fii Intanɛt so ne nea wɔtwee nko ara no, ɛka a yɛbɔɔ wɔ ho boro Amerika dɔla ɔpepem baako ne fã. Nanso ɛka a yɛbɔ wɔ nneɛma a yɛtwe wɔ JW Library ne jw.org ho no, esua koraa sen sɛ anka yɛbɛprinte nhoma, ayɛ CD ne DVD amena.