Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Nea Ebinom Anya Aboro So No Ama Afoforo Anya Nea Wohia

Nea Ebinom Anya Aboro So No Ama Afoforo Anya Nea Wohia

OCTOBER 1, 2020

 Yehowa Adansefo boa nkurɔfo ma wɔbɛn Onyankopɔn, na wɔyɛ nkurɔfo adɔe nso. Wɔyɛ wei nyinaa wɔ aman bɛboro 200 so. Nanso saa aman yi mu bɛyɛ 35 pɛ na wɔn ankasa ntoboa tumi tuatua ɛka a wɔbɔ wɔ hɔ no. Ɛnde, aman a wonni bi yɛ dɛn tuatua ɛka a wɔbɔ no?

 Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no hwɛ nea wɔn nuanom Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa hia na ama wɔatumi asom Onyankopɔn, na wɔaka asɛmpa no. Sɛ wohu nea wɔn nuanom hia a, wɔtena ase sese sika dodow a ɛsɛ sɛ wɔde kɔma wɔn, na wɔhwɛ ma wɔn nsa ka. Sɛ Betel a ɛwɔ ɔman bi so hu sɛ ɔman no mu ntoboa boro nea wohia so a, wɔde nea aboro so no kɔboa aman a wohia bi. Saa ara na tete Kristofo no yɛe; wɔboaa wɔn ho wɔn ho na ama “biribiara akyɛ pɛpɛɛpɛ.” (2 Korintofo 8:14) Nea wɔanya aboro so no, wɔde kɔboaa wɔn nuanom Kristofo a wonni bi.

 Yɛn nuanom a nea aboro ebinom so abegu wɔn hia mu no, wɔte nka sɛn? Wokɔ Tanzania a, ɔman no mu nnipa bɛboro fã di hia paa; sika a da mu wɔn mu biara di nnu cedi 12. Sika a Adansefo a ɛwɔ hɔ no nsa ka fi wɔn nuanom hɔ no, wɔde bi siesiee Ahenni Asa a Mafinga Asafo no hyiam wɔ hɔ yɛ adesua. Asɛm a asafo no mufo kyerɛwee ne sɛ: “Efi bere a yesiesiee yɛn Ahenni Asa yi, nnipa dodow a ɛba adesua akɔ anim paa! Yɛda Yehowa ahyehyɛde no ne yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ase sɛ wɔabue wɔn nsam ama ebi aso yɛn so. Ɛno na ama yɛanya saa dan fɛfɛ yi a yɛresom Yehowa wom no.”

 Yɛnhwɛ Sri Lanka nso. COVID-19 yare no nti, yɛn nuanom a ɛwɔ hɔ no bi wɔ hɔ a, aduan a wobenya adi koraa ho ayɛ den ama wɔn. Wɔn mu bi ne yɛn nuabea Imara Fernando ne ne ba Enosh. Nanso, esiane mmoa a efi aman foforo so nti, wɔn nsa aka nea wohia. Hwɛ asɛm a wɔkyerɛw de kɔdaa wɔn nuanom ase: “Yɛda anuanom ase sɛ yɛkɔɔ ahokyere mu no, wɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ yɛn. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛka abusua yi ho, na yɛn mpaebɔ ne sɛ Yehowa mmoa yɛn nuanom nyinaa wɔ awiei mmere yi mu.”

Imara ne Enosh Fernando

 Ɛmfa ho baabi a yɛn nuanom te biara, ɔdɔ ka wɔn ma wɔne afoforo kyɛ nea wɔwɔ. Sɛ nhwɛso no, Enosh yɛɛ ntoboa adaka ketewaa bi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nso betumi ayi biribi de aboa mmusua a ahia wɔn. Guadalupe Álvarez nso yɛ ade paa. Baabi a ɔte wɔ Mexico no, sika a nnipa dodow no ara yɛ adwuma a wonya no, ɛnyɛ ahe biara. Nanso ɔbɔ mmɔden yi ntoboa sɛnea n’ahoɔden betumi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Meda Yehowa ase sɛ daa ɔda papayɛ ne ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ me. Minim sɛ wɔde me ntoboa no bɛka afoforo de ho de aboa anuanom a ahia wɔn.”

 Betel ahorow a wɔde sika a aboro wɔn so kɔma afoforo no, ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔboa wɔn nuanom wɔ saa kwan no so. Anthony Carvalho a ɔka Brazil Baa Boayikuw ho no kaa sɛ: “Mfe pii ni na yɛn nuanom a wɔwɔ aman foforo so de sika abɛboa adwuma a yɛyɛ wɔ ha no. Saa mmoa yi nti, yetumi nyaa nkɔanim a ɛyɛ nwonwa. Seesei yɛn sikasɛm kɔ yiye, enti yɛanya hokwan reboa yɛn nuanom a wɔwɔ aman afoforo so. Anuanom a ɛwɔ ha no nim sɛ, asɛnka adwuma a Yesu de ahyɛ n’akyidifo nsa no, yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa. Enti wɔhwɛ nea wobetumi ayɛ de apia adwuma no.”

 Dɛn ne ɔkwan a eye paa a Yehowa Adansefo betumi afa so aboa wɔn nuanom a ahia wɔn? Ɛne sɛ wobeyi ntoboa de akɔboa wiase nyinaa adwuma no, na ɛnyɛ sɛ wɔde sika no bɛkɔ Betel a ɛwɔ ɔman foforo bi so. Sɛ obi pɛ sɛ oyi sika de boa wiase nyinaa adwuma no a, obetumi de ato ntoboa adaka a wɔakyerɛw ho “Wiase Nyinaa Adwuma” no mu anaa obetumi de afa donate.isa4310.com. Yɛn ani sɔ ntoboa a ɛte saa no paa.