Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Russia Atow Ahyɛ Ukraine So

Russia Atow Ahyɛ Ukraine So

 February 24, 2022 anɔpa mu hɔ baabi no, Russia asogyafo tow hyɛɛ Ukraine man no so. Ɛwom, aman ahorow so mpanyimfo ne akannifo yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wobesi ano na ɛko biara ansi, nanso mmɔden biara a wɔbɔe no ankosi hwee. Saa ɔko yi a afi ase yi, sɛn na ɛbɛka wiase no? Bɛyɛ nna kakra ni, Amanaman Nkabom kyerɛwfo panyin a yɛfrɛ no António Guterres kaa sɛ: “Nea ɛrebobɔ ba no, amanehunu a ɛde bɛbrɛ nnipa ne nneɛma a ɛbɛsɛe de, yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu. Ɛno da nkyɛn a, ɛde aman a ɛwɔ Europe ne wiase nyinaa bammɔ bɛto asiane mu.”

Nsɛm a ɛrekɔ so yi, ɛkyerɛ biribi anaa? Dɛn na Bible no ka?

  •   Yesu Kristo ka too hɔ sɛ, bere bi bɛba a “ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni.” (Mateo 24:7) Yɛyɛ dɛn hu sɛ akokoakoko a ɛrekɔ so nnɛ yi kyerɛ sɛ Yesu nkɔmhyɛ no abam. Kenkan asɛm a yɛato din “What Is the Sign of ‘the Last Days,’ or ‘End Times’?” na wubehu ɛho mmuae wɔ Bible mu.

  •   Adiyisɛm nhoma no nso kaa obi a ɔte ‘ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so’ ho asɛm. Ɛkaa sɛ, nea ɔte so no ‘beyi asomdwoe afi asaase so.’ Onii a ɔte saa pɔnkɔ no so no gyina hɔ ma akodi. (Adiyisɛm 6:4) Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea saa nkɔmhyɛ yi fa akokoakoko a ɛrekɔ so nnɛ no ho a, kenkan asɛm a yɛato din “Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?

  •   Daniel nhoma no nso ka too hɔ sɛ, akansi ne aperepere bɛkɔ so wɔ “atifi fam hene” ne “anaafo fam hene” no ntam. (Daniel 11:25-45) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Russia ne n’apamfo ne atifi fam hene no? a Hwɛ video a yɛato din Sɛnea Daniel Ti 11 Nkɔmhyɛ No Aba Mu no, na wubehu nea enti a yɛreka saa.

  •   Adiyisɛm nhoma no san kaa “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no mu ko” ho asɛm. (Adiyisɛm 16:14, 16) Nanso, saa ko yi a Adiyisɛm nhoma no kaa ho asɛm no nyɛ akokoakoko a yehu sɛ nnɛ ɛrekɔ so wɔ aman bi ntam no. Saa ko yi de, ɛbɛba daakye. Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn Ne Armagedon Ko No?

Adɛn nti na yebetumi ahwɛ daakye papa bi kwan?

 Yehowa Adansefo bɛboro 129,000 na ɛwɔ Ukraine, na sɛnea Yesu amfa ne ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu no, wɔn nso, wɔmfa wɔn ho mfɔrefɔre amanyɔsɛm na wɔnkɔ ko. (Yohane 18:36) Sɛ wokɔ wiase baabiara a, Yehowa Adansefo gu so reka “Ahenni no ho asɛmpa” kyerɛ afoforo. Wɔma nkurɔfo hu sɛ, Ahenni no nko ara na ebetumi ayi adasamma haw afi hɔ a akokoakoko nso ka ho. (Mateo 24:14) Anidaso nsɛm a ɛwɔ Bible mu no, sɛ w’ani gye ho sɛ wubesua ho ade pii a, wo ne yɛn nni nkitaho na yɛbɛyɛ nhyehyɛe ama obi ne wo abesua Bible.

a Sɛ wopɛ sɛ wote nkɔmhyɛ yi ase yiye a, kenkan nsɛm a yɛato din “‘Atifi Fam Hene No’ Wɔ Awiei Bere No Mu” ne “Hena Ne ‘Atifi Fam Hene No’ Nnɛ?