Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Enti Wiase Yi Bɛsan Asi Ne Dedaw Mu? Nsakrae a Yareɛ Kodiawuo No De Aba Wiase No, Sɛnea Bible Betumi Aboa Yɛn

Enti Wiase Yi Bɛsan Asi Ne Dedaw Mu? Nsakrae a Yareɛ Kodiawuo No De Aba Wiase No, Sɛnea Bible Betumi Aboa Yɛn

 “Nneɛma a na yetumi yɛ no, obiara pɛ sɛ otumi san yɛ bio.”—Angela Merkel, ɔno na na ɔwɔ tumi paa wɔ Germany man no mu.

 Ebia wo ne Angela Merkel bɛyɛ adwene, efisɛ COVID-19 yareɛ kodiawuo no aka obiara asetena wɔ wiase, na ennyaee. Sɛ yɛka sɛ nneɛma asi ne dedaw mu a, ɛkyerɛ sɛn? Ɛdɛn na nkurɔfo nyae a anka wɔbɛyɛ?

  •   Nkurɔfo nyae a, anka wɔasi wɔn dedaw mu. Ebinom nyae a, anka nneɛma a na wotumi yɛ kan no, wotumi san yɛ bio. Ebi ne sɛnea na wotumi yɛ nkurɔfo atuu, wokyia wɔn nsam, na wotumi tu kwan kɔ baabiara a wɔpɛ no. Sɛnea Dr. Anthony Fauci a kyerɛ no, wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, “sɛ wotumi kɔ rɛstɔrant kodidi, wɔkɔhwɛ sini, [ne] nneɛma a ɛtete saa a,” ɛno na ɛkyerɛ sɛ “wɔresan asi wɔn dedaw mu.”

  •   Nkurɔfo nyae a, anka wɔn asetena atu mpɔn. Asetena foforo a COVID-19 yareɛ no de aba no, ebinom hu sɛ ɛyɛ akwannya a ɛbɛma wɔn asetena ayɛ papa asen kan no. Wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ nneɛma bi sesa wɔ wiase. Ebi ne adwuma a egye bere ne ahoɔden bebree, nnipa mu nyiyim, ne nnipa bebree a adwenem yare abɛtɔ wɔn so ama wɔrehu amane. Klaus Schwab a ɔtew kuw bi a wɔn botae ne sɛ wɔbɛhwɛ sɛnea wiase sikasɛm rekɔ (World Economic Forum) kaa sɛ: “Yareɛ kodiawuo no ama yɛanya akwannya soronko bi a ɛbɛma yɛadwen yɛn asetena ho ne sɛnea yɛpɛ sɛ wiase no yɛ, na yɛasesa nneɛma bi wɔ wiase. Saa akwannya yi, sɛ yɛanso mu a, ebefi yɛn nsa.”

 Afoforo nso, yare no aka wɔn asetena araa ma wonnye nni sɛ wobetumi asi wɔn dedaw mu bio. Wo deɛ hwɛ, nnipa pii adwuma ne wɔn fie afi wɔn nsa, wonni apɔwmuden bio, na nea asɛe asɛm no koraa ne sɛ, wɔn ho nnipa pii awuwu.

 Sɛ yareɛ kodiawuo no kɔ a, obiara nnim sɛnea asetena bɛyɛ. (Ɔsɛnkafo 9:11) Nanso Bible no betumi aboa yɛn ama yɛahu nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan, na nea ɛbɛba biara nso, Bible bɛboa ama yɛatumi agyina mu. Afei nso, Bible ka sɛ daakye papa da yɛn anim; ɛno deɛ ebia ɛmaa wo tirim mpo da.

Nya adwene a ɛfata wɔ COVID-19 yareɛ kodiawuo no ho

 Bible aka ato hɔ dedaadaw sɛ, “wiase yi awiei bere no,” “nsanyare a edi awu” bebree bɛba. (Luka 21:11; Mateo 24:3) Sɛ yɛde saa ntease no hwɛ COVID-19 yareɛ kodiawuo no a, yehu sɛ ɛyɛ nneɛma akɛseakɛse a yɛhwɛ kwan sɛ ebesisi ama Bible nkɔmhyɛ aba mu no, ɛyɛ emu baako. Nneɛma no bi nso ne ɔko, asaasewosow akɛse, ne ɔkɔm.

 Sɛnea saa nimdeɛ yi betumi aboa yɛn: Nea yareɛ kodiawuo no akɔfa aba no, ebetumi aba sɛ nneɛma bɛyɛ yiye kakra. Nanso Bible ma yehu sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Saa nimdeɛ yi boa yɛn ma yehu nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan wɔ mmere a emu yɛ den yi mu.

 Bible ma yenya adwene a ɛfata. Ɛne sɛ: Wiase a yɛte mu a emu haw redɔɔso yi, ɛnkyɛ nsakrae kɛse bi bɛba. Ɛyɛ nsakrae bɛn?

Sɛ yareɛ kodiawuo no twam a, daakye bi a wonhwɛ kwan bɛba

 Ɛnyɛ ɔhaw akɛse a yɛrefa mu nnɛ no nko ara na Bible kaa ho asɛm, na mmom ɛka nso sɛ ɛrenkyɛ mmere papa bɛba. Daakye a Bible ka ho asɛm no, nnipa aban biara rentumi mfa mma, gye Onyankopɔn nko ara. “Ɔbɛpopa wɔn aniwa mu nisu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4.

 Yehowa b Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.” (Adiyisɛm 21:5) Obeyi wiase haw nyinaa afi hɔ. Ɔhaw a yareɛ kodiawuo ama ayɛ kɛse no nso, obeyi afi hɔ. Ɔbɛma yɛanya nea edidi so yi:

  •   Yebenya apɔwmuden, na obeyi adwenemhaw, yare ne owu afi hɔ.—Yesaia 25:8; 33:24.

  •   Yebenya adwuma a akomatɔyam wom, na ɛbɛma yɛn ani agye paa. Ɛrenyɛ adwuma a ebegye yɛn bere ne yɛn ahoɔden nyinaa na agya yɛn adwinnwen ama yɛayɛ hahaaha.—Yesaia 65:22, 23.

  •   Obiara bedi yiye, na obeyi ohia ne kɔm afi hɔ.—Dwom 72:12, 13; 145:16.

  •   Awerɛhow ne ateetee a yɛafa mu no, yɛbɛtetew yɛn ho afi ho, na yɛn ho nnipa a awuwu no, yɛhwɛ kwan sɛ yebehu wɔn bio.—Yesaia 65:17; Asomafo Nnwuma 24:15.

 Sɛnea saa nimdeɛ yi betumi aboa yɛn: Bible ka sɛ: “Saa anidaso a yɛwɔ yi, ɛte sɛ sɛkyɛ ma yɛn nkwa.” (Hebrifo 6:19, ase hɔ asɛm) Nneɛma pa a ɛda yɛn anim a yɛrehwɛ kwan yi, ebetumi aboa yɛn ama yɛatumi agyina yɛn haw ano, na atew yɛn adwinnwen so ama yɛanya abotɔyam ne anigye.

 Nanso nea Bible aka yi, wugye di paa sɛ ɛyɛ nokware? Hwɛ asɛm a yɛato din, “Bible—Ɛyɛ Nhoma a Emu Nsɛm Yɛ Nokware.”

Nsakrae a yareɛ kodiawuo no de aba no, Bible afotu betumi aboa ama woahu nea wobɛyɛ wɔ ho

  •   Ma nkwa nsom bo mma wo

     Kyerɛwsɛm: “Nyansa bɔ onipa ho ban.”—Ɔsɛnkafo 7:12.

     Sɛnea ɛbɛboa wo: Yɛ nneɛma a ɛbɛma woatwe wo ho afi yare no ho. Hwɛ sɛnea yare no te wɔ wo mpɔtam hɔ. Hwɛ apɔwmuden ne bammɔ ho nhyehyɛe a wɔde agu akwan mu ne sɛnea yare no retrɛw wɔ hɔ, ne nnipa dodow a wɔawɔ paneɛ no bi awie.

  •   Hwɛ wo ho yiye

     Kyerɛwsɛm: “Onyansafo hwɛ ne ho yiye, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho, na ɔkwasea de, biribiara mfa ne ho, na ogye ne ho di dodo.”—Mmebusɛm 14:16.

     Sɛnea ɛbɛboa wo: Kɔ so yɛ nneɛma a ɛbɛboa wo na woanyare. Animdefo kyerɛ sɛ coronavirus yareɛ no ne yɛn bɛtena akyɛ.

  •  Yareɛ no ho nsɛm a ɛyɛ nokware no, ɛno na fa yɛ adwuma

     Kyerɛwsɛm: “Ogyimifo gye asɛm biara di, na onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.”—Mmebusɛm 14:15.

     Sɛnea ɛbɛboa wo: Ɛnyɛ yare no ho asɛm biara na ɛsɛ sɛ wugye di. Nea wobɛyɛ wɔ yare no ho no, ehia paa. Sɛ ɛho nsɛm a wobɛte no nyɛ nokware, na sɛ wode yɛ adwuma a, ebetumi adi wo awu.

  •   Yɛ w’adwene yiye

     Kyerɛwsɛm: “Nka sɛ, ‘Adɛn nti na kan nna no ye sen nnɛ?’ na nyansa nnim sɛ wubebisa saa.”—Ɔsɛnkafo 7:10.

     Sɛnea ɛbɛboa wo: Asetena a wowɔ mu seesei no, ma w’ani nnye. Sɛnea na w’asetena te ansa na yareɛ kodiawuo no reba no, mfa w’adwene nkɔ so pii. Nneɛma a yareɛ no nti, wuntumi nyɛ bio no, yi w’adwene fi so.

  •   Nea obiara bɛyɛ wɔ yare no ho no, nkasa ntia no

     Kyerɛwsɛm: “Munni nnipa nyinaa ni.”—1 Petro 2:17.

     Sɛnea ɛbɛboa wo: Yareɛ no ne ɛho nsunsuanso no, ɛsono sɛnea obiara hu no. Nea obiara bɛyɛ wɔ ho biara, gyaa no; nkasa ntia no. Nanso wo deɛ, nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ no yareɛ no ho, yɛ. Wɔn a wonnya nnwɔɔ paneɛ no bi, nkwakoraa ne mmerewa, ne wɔn a yareɛ hyehyɛ wɔn ho no, dwen wɔn ho.

  •   Nya abotare

     Kyerɛwsɛm: “Ɔdɔ wɔ abotare.”—1 Korintofo 13:4.

     Sɛnea ɛbɛboa wo: Nneɛma a na yɛyɛ kan no, sɛ seesei ɛyɛ den ma obi sɛ ɔbɛyɛ a, nya ne ho abotare. Sɛ yareɛ no rekɔ fɔm, na mmara a wɔahyehyɛ wɔ yareɛ no ho no, wɔgow mu, na sɛ nneɛma reyɛ asi ne dedaw mu a, wo ara nso, sɛ wopɛ sɛ woyɛ nneɛma bi a, ɛyɛ a to wo bo ase.

Sɛnea Bible no reboa nkurɔfo ama wɔagyina COVID-19 yareɛ kodiawuo no ano

 Daakye papa a ɛda yɛn anim a Bible de ahyɛ yɛn bɔ no, Yehowa Adansefo ma ɛkyekye wɔn werɛ. Wei nti, wɔmfa wɔn adwene nsi yareɛ kodiawuo no so. Afei nso, wotie ahyɛde a Bible de ama wɔn sɛ wɔntaa nhyiam nsom Nyankopɔn no, na ɛno ma obiara boa ne yɔnko. (Hebrifo 10:24, 25) Obiara tumi ba Yehowa Adansefo nhyiam no bi. Seesei, yareɛ kodiawuo no nti, yɛyɛ nhyiam no wɔ abɛɛfo mfiri (video conference) so.

 Ebinom gye tom sɛ, Yehowa Adansefo a wɔne wɔn hyiam som no aboa wɔn wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Ɔbea bi a onyaa COVID-19 yareɛ no bi kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam a wɔyɛ no abɛɛfo afiri so no bi. Saa nhyiam no boaa no paa maa n’ani gyei ɛmfa ho sɛ na yareɛ no reteetee no no. Akyiri yi, ɔkaa sɛ: “Moama mate nka sɛ meka mo abusua yi ho. Sɛ mekan Bible a, m’asom dwo me, na me koma tɔ me yam. Ɛboa me ma miyi m’adwene fi me haw so, na mede m’adwene si daakye papa a ɛde m’anim no so. Meda mo ase sɛ moaboa me ama me ne Onyankopɔn anya ayɔnkofa a na mahwehwɛ no m’abrabɔ mu dedaadaw no.”

a Asoɛe a ɛhwɛ nsanyare ne ne nkekaho ho nsɛm so wɔ United States man no mu no, ɔno na ɔda ano.

b Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa.—Dwom 83:18.