Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MONKƆ SO NWƐN!

Nnipa Sɛe Ara Na Ɛresɛe Asaase No—Dɛn Na Bible No Ka Fa Ho?

Nnipa Sɛe Ara Na Ɛresɛe Asaase No—Dɛn Na Bible No Ka Fa Ho?

 “Sɛnea nneɛma rekɔ no, ɛrenkyɛ wim tebea no bɛsɛe koraa. Nea ɛbɛba ne sɛ, nsu beyiri afa nkurow akɛse bebree, mframa no mu bɛyɛ hyehyeehye, ahum anaa mframa a ano yɛ den bɛsɛe nneɛma, nsu ho bɛkɔ atwee, na mmoa ne afifide bebree ase bɛhyew a yɛrenhu bio. Asɛm a yɛreka yi nyɛ anihaahae anaa anansesɛm. Abɔde mu nyansahufo kyerɛ a, sɛ aban ahorow no ansesa akwan a wɔfa so de mfiri yɛ adwuma no a, nea ebesi no no.”—Amanaman Nkabom kyerɛwfo panyin a yɛfrɛ no António Guterres na ɔkaa saa asɛm yi. Bere a aman horow so mpanyimfo hyiaam susuw wim tebea a ɛresɛe no ho, na wɔde ɛho amanneɛbɔ too gua April 4, 2022 no, ɛno akyi na ɔkaa saa asɛm yi.

 “Abɔde mu nyansahufo kyerɛ sɛ mfe kakra a ɛda yɛn anim no, wim tebea a ɛresɛe ntɛmntɛm no bɛsɛe nneɛma paa. Sɛ woba United States ha a, nsaase bɛyɛ 423 bi wɔ hɔ a, esiane nneɛma bi a ɛho hia a ɛwɔ so no nti, aban no ahyehyɛ mmara a wɔde bɔ ho ban. Saa nsaase no sei, sɛnea wim reyɛ hyehyeehye no betumi asɛe nneɛma a ɛwɔ so no. Ɔhaw ahorow a ɛrebobɔ ba no, ɛte sɛ nneɛma a ɛyɛ hu a Bible no kaa sɛ ebesisi no: ogya ne nsuyiri, asukɔtweaa a ɛbɛnan, ɛpo a ebeyiri, ne mframa a emu bɛyɛ hyew.”—“Flooding Chaos in Yellowstone, a Sign of Crises to Come,” The New York Times, June 15, 2022.

 Enti yemmisa sɛ, sɛnea nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ne asaase no resɛe no, bere bi bɛba a ɛto betwa? Sɛ saa a, hena na ɔbɛma ɛto atwa anaa obesi ano? Hwɛ nea Bible ka fa saa asɛm yi ho.

Bible no aka ato hɔ dada sɛ nnipa bɛsɛe asaase no

 Bible no ka sɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asaase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Saa Bible mu asɛm yi ma yehu nneɛma mmiɛnsa bi. Ɛne sɛ:

  1.  1. Nneɛma a nnipa yɛ bɛsɛe asaase no akodu baabi.

  2.  2. Sɛnea nnipa resɛe asaase no, ɛbɛba awiei.

  3.  3. Asaase a nnipa resɛe no no, Onyankopɔn nko ara na obetumi asi ano anaa wama aba awiei.

Yebetumi anya awerɛhyem sɛ asaase yi rensɛe da

 Bible no ka sɛ ‘asaase no bɛwɔ hɔ daa.’ (Ɔsɛnkafo 1:4) Asaase no rensɛe da; nnipa bɛtena so daa.

  •   “Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.”—Dwom 37:29.

 Asaase no bɛsan asi ne dada mu, sɛnea Onyankopɔn bɔɔ no kan no.

  •   “Asaase pradadaa ne asaase a ɛso awo ani begye, na anweatam bedi ahurusi na apae sɛ nhwiren.”—Yesaia 35:1.