Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

fcafotodigital/E+ via Getty Images

Kyirinamfo—Dɛn Na Bible Ka?

Kyirinamfo—Dɛn Na Bible Ka?

 Wokɔ wiase baabiara a, nnipa pii regyae nam we.

  •   “Kyirinamfo si wɔn bo sɛ, wɔbɛbɔ wɔn bra wɔ ɔkwan bi so a, ɛremma wɔnteetee mmoa, wɔrenyɛ wɔn ayayade, wɔremfa wɔn ho biribiara nyɛ aduan anaa ataade, anaa wɔremfa mmoa nyɛ biribi foforo biara.”—The Vegan Society, anaa Kyirinamfo Kuw.

 Ebinom nso de, ɛnyɛ mmoa a wɔn ho hia wɔn nko ara nti na wɔtua wɔn ho nam, mmom, pɛ a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asaase so nneɛma ho ban, wɔn apɔwmuden, ne wɔn som nti na wɔnwe nam.

  •   “Kyirinamfo nte sɛ nnipa binom a wɔtuatua wɔn ho nnuan bi. Wɔn de, wɔhu no sɛ ɛyɛ wɔn gyidi, wɔhu no sɛ ade a ɛfata sɛ wɔyɛ, na wɔgye di sɛ nea wɔreyɛ no bɛboa ama nneɛma akɔ yiye wɔ wiase.”—Britannica Academic.

 Sɛ nnipa nyinaa gyae nam we a, ɛno na ɛbɛma nneɛma akɔ yiye wɔ wiase anaa? Dɛn na Bible ka?

Sɛnea Ɔbɔadeɛ no hu nnipa ne mmoa

 Bible ma yehu sɛ, Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn a bu nnipa sɛ wɔkyɛn mmoa, na wama nnipa tumi sɛ wɔnni mmoa so. (Genesis 1:27, 28) Akyiri yi, Onyankopɔn maa nnipa kwan sɛ, wɔbetumi de mmoa ayɛ aduan. (Genesis 9:3) Nanso, ɔmpene so sɛ yɛbɛyɛ mmoa ayakayakade.—Mmebusɛm 12:10.

 Bible ma yehu sɛ, sɛ obi bɛwe nam oo, sɛ ɔrenwe oo, ɛto gye ɔno ara. b Sɛ obi we nam oo, sɛ ɔnwe oo, ɛnyɛ ɛno na ɛbɛma wasɔ Onyankopɔn ani. (1 Korintofo 8:8) Aduan a obi pɛ sɛ odi de, ɛyɛ ɔno ara n’asɛm, ɛnsɛ sɛ obiara kasa tia no.—Romafo 14:3.

Nea ɛbɛma wiase ayɛ yiye daakye

 Bible ma yehu sɛ, ɛnyɛ yɛn mmɔdenbɔ na ɛbɛma wiase haw afi hɔ. Amammu nhyehyɛe, sikasɛm nhyehyɛe, ne sɛnea nnipa yɛ yɛn ade no, ɛno na akɔfa wiase haw bebree aba. Ɛno nso de, nnipa yɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye. Bible ka sɛ:

 Ɔbɔadeɛ no na obeyi yɛn haw afi hɔ. Nea Ɔbɔadeɛ no bɛyɛ no, Bible de kasakoa kyerɛkyerɛ mu.

  •   “Mihuu ɔsoro foforo ne asaase foforo. Ná kan soro ne kan asaase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:1.

 Onyankopɔn beyi nnipa aban nyinaa, anaa “kan soro” no afi hɔ, na ɔde “ɔsoro foforo,” kyerɛ sɛ, ne soro Ahenni no besi anan. N’Ahenni no beyi “kan asaase,” anaa abɔnefo afi hɔ, na ebedi “asaase foforo,” kyerɛ sɛ, wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ne tumi ase no so.

 Gye sɛ Onyankopɔn Ahenni no aba, ansa na nnipa asua sɛnea wɔne mmoa bɛtena yiye, na wɔahwɛ nneɛma a ɛwɔ asaase so no so yiye.—Yesaia 11:6-9.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.

b Bible ka sɛ, ‘yɛntwe yɛn ho mfi mogya’ ho. (Asomafo Nnwuma 15:28, 29) Wei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛnom mogya, na ɛnsɛ sɛ yɛwe aboa a wɔanhwie ne mogya angu, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yedi aduan biara a wɔde mogya aka ho.