Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BalanceFormcreative/iStock via Getty Images Plus

Boa Afoforo Na Woanyɛ Ankonam—Nea Bible Ka

Boa Afoforo Na Woanyɛ Ankonam—Nea Bible Ka

 Wokɔ wiase baabiara a, nnipa bebree te nka sɛ wɔayɛ ankonam. Wɔtumi ka sɛ, ‘Me de, m’asɛm mfa obiara ho.’ Adɔktafo binom kyerɛ sɛ, ankonamyɛ ano aduru baako ne sɛ wobɛboa afoforo.

  •   “Sɛ yehu sɛ obi hia mmoa na yɛboa no a, ɛma yɛn ani gye, efisɛ yehu sɛ yɛn nso, yɛn so wɔ mfaso. Afei nso, ɛboa yɛn na yɛante nka sɛ yɛayɛ ankonam anaa obiara ayi yɛn baako ahyɛ yɛn nsa.”—U.S. National Institutes of Health.

 Bible boa yɛn ma yehu nea yebetumi ayɛ de aboa afoforo. Sɛ yɛde afotusɛm a ɛwom no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn na yɛante nka sɛ yɛayɛ ankonam.

Nea wubetumi ayɛ

 Nya bere ma nkurɔfo na bue wo nsam. Gye bere ne nkurɔfo mmɔ. Wofrɛ wɔn wɔ fon so a eye, nanso sɛ wutumi kɔ wɔn nkyɛn a, ɛno paa na ɛbɛboa. Afei nso, bue wo nsam na kyɛ ade. Wokyɛ nkurɔfo ade a, ebetumi aka wɔn koma ama wɔada wo ase, na ɛba saa a, na moabɛyɛ nnamfo ara ne sa.

  •   Bible mu afotusɛm: “Monkɔ so mma, na nkurɔfo bɛma mo.”—Luka 6:38.

 Wuhu sɛ obi wɔ ahohia mu a, kyerɛ sɛ wudwen ne ho. Sɛ wuhu sɛ obi rehu amane a, dwen ho hwɛ nea wubetumi ayɛ de aboa no. Ebia nea nipa no hia ara ne sɛ wobɛyɛ aso atie no. Wubetumi nso ayɛ nnwuma bi ama no de atew ne brɛ so.

  •   Bible mu afotusɛm: “Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa.”—Mmebusɛm 17:17.

 Sɛ wopɛ nsɛm pii a ɛbɛboa wo ama wo ne afoforo ntam ayɛ kama a, kenkan asɛm a yɛato din “Sɛnea Yɛne Yɛn Abusuafo Ne Yɛn Nnamfo Ntam Bɛyɛ Kama.”