Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahmad Gharabli/AFP via Getty Images

MONKƆ SO NWƐN!

Wim Tebea a Ɛresɛe No, Aban Ahorow No Betumi Aka Abom Asɔ Ano Anaa?—Dɛn Na Bible Ka?

Wim Tebea a Ɛresɛe No, Aban Ahorow No Betumi Aka Abom Asɔ Ano Anaa?—Dɛn Na Bible Ka?

 Amanaman Nkabom no fã a ɛhwɛ wim tebea a ɛresɛe no yɛɛ wɔn nhyiam a ɛtɔ so 27. Wɔde baa awiei Kwasida, November 20, afe 2022 mu. Nhyiam no ase no, aman mpanyimfo a wɔkɔɔ bi no nyinaa adwene kɔɔ bɛnkoro mu sɛ, aman a wim tebea a ɛresɛe no betumi akɔfa ɔhaw kɛse abrɛ wɔn no, wɔbɛkeka wɔn nsa ase ayi sika de aboa wɔn. Ɛwom, saa gyinae no na wɔsii de, nanso bebree no ara huu sɛ, nea wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no rentumi ntu ɔhaw no ase.

  •   November 19, 2022 mu no, Amanaman Nkabom kyerɛwfo panyin a yɛfrɛ no António Guterres kaa sɛ, “Ɛyɛ me dɛ paa sɛ yɛatumi abɔ pɔw sɛ yebeyi sika bi de aboa aman a wim tebea a ɛresɛe no akɔfa ɔhaw abrɛ wɔn no. Nanso nea yɛreyɛ yi akɔyɛ te sɛ nea yɛrekɔ nsu gu ankorɛ a abɔ mu. . . . Asaase yi gu so ara da owupa so; ɛregye nna awu.”

  •   “Sɛnea nneɛma rekeka kɔ no, ɛrenkyɛ wim tebea a ɛresɛe no begye nsam ama ɔhaw a ɛbɛkɔ akɔfa aba no, obiara mfa ne ho nni.”—Mary Robinson, Kan Ireland mampanyin ne Kan Amanaman Nkabom Bagua a Ɛhwɛ Nnipa Ahofadi Ho Nsɛm Panyin, November 20, 2022.

 Sɛnea asaase no resɛe no, mmabun paa na ɛho asɛm rehaw wɔn kɛse. Nanso yemmisa sɛ, wim tebea a ɛresɛe no, aban ahorow no betumi aka abom asɔ ano sɛnea wɔabɔ ho pɔ no anaa? Dɛn na Bible ka?

Aman ahorow no betumi aka abom ama nneɛma ayɛ yiye anaa?

 Bible no ma yehu sɛ, adwumaden ne mmɔden a aman ahorow no rebɔ sɛ wɔbɛsɔ wim tebea a ɛresɛe no ano no, ɛrennu baabiara. Nneɛma mmienu yi ntia:

  •   “Nea akyea no, wɔrentumi nteɛ no.”—Ɔsɛnkafo 1:15.

     Nea ɛkyerɛ: Nea enti a aban ahorow no ntumi nyɛ nneɛma a wɔpɛ sɛ wɔyɛ no nyinaa ne sɛ, Onyankopɔn ammɔ nipa sɛ onni ne yɔnko nipa so. (Yeremia 10:23) Enti sɛ ɛkɔba sɛ aban ahorow no ka bom yɛ adwumaden sɛ dɛn mpo a, wɔn brɛ bɛyɛ kwa; ɛnyɛ ade a wɔbetumi ayi wiase haw afi hɔ da.

  •   “Efisɛ nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya, wɔbɛyɛ sikanibere, . . . nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam.”—2 Timoteo 3:2, 3.

     Nea ɛkyerɛ: Bible no ka too hɔ sɛ, yɛn bere yi so no, nnipa bebree bɛyɛ pɛsɛmenkominya, na esiane sɛ afoforo asɛm nyɛ wɔn asɛm nti, wɔrenkum wɔn ho ne afoforo nka mmom nyɛ adwuma na afoforo anya so mfaso.

Nea enti a yebetumi anya anidaso

 Ade baako a ɛsɛ sɛ yɛkae ne sɛ, ɛnyɛ ɛbɔ ahorow a nnipa aban rehyɛ no na ɛbɛma asaase no asan asi ne dedaw mu. Onyankopɔn ayi obi a obetumi adi asaase so yiye paa. Ɔno ne Yesu Kristo. Bible no ka ne ho asɛm sɛ:

  •   “Ahenni no bɛda n’abati so. Edin a wɔde bɛfrɛ no ne Ɔfotufo Nwonwafo, Onyame Tumfo, Daa Agya, Asomdwoe Hene.”—Yesaia 9:6.

 Onyankopɔn Ahenni no anaa n’aban a ɛwɔ soro no, Yesu na ɔyɛ so Hene. (Mateo 6:10) Ɔwɔ tumi ne nyansa a ɔde bɛma asaase yi asan asi ne dedaw mu bio, na n’ani gye ho paa sɛ ɔbɛma wɔn a wɔbɛtena asaase so no nsa aka nea wɔhia. (Dwom 72:12, 16) Yesu nam Onyankopɔn Ahenni no so bɛma wɔn a “wɔresɛe asaase no” agyae asaase a wɔresɛe no no, na ɔbɛsa asaase no yare ama asan afa ne ntama pa afura.—Adiyisɛm 11:18; Yesaia 35:1, 7.

 Wim tebea a ɛresɛe a akɔfa ɔhaw pii aba no, sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ebetumi asɔ ano korakora ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn Na Bible Aka Afa Wim Tebea a Ɛresɛe No Ne Yɛn Daakye Ho?