Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 2

Dɛn Nti na Wɔfrɛ Yɛn Yehowa Adansefo?

Dɛn Nti na Wɔfrɛ Yɛn Yehowa Adansefo?

Noa

Abraham ne Sara

Mose

Yesu Kristo

Nnipa pii susuw sɛ, Yehowa Adansefo yɛ ɔsom foforo bi a aba din. Nanso, bɛboro mfe 2,700 a atwam ni na wɔfrɛɛ nokware Nyankopɔn koro no asomfo sɛ ‘n’adansefo.’ (Yesaia 43:10-12) Ansa na afe 1931 reba no, na wɔfrɛ yɛn Bible Asuafo. Dɛn nti na yɛfaa edin Yehowa Adansefo?

Edin no ma wohu yɛn Nyankopɔn. Sɛnea tete nsaano nkyerɛwee ahorow kyerɛ no, Onyankopɔn din Yehowa no pue mpɛn mpempem pii wɔ Bible mu. Wɔ nkyerɛase ahorow pii mu no, wɔde abodin ahorow te sɛ Awurade anaa Onyankopɔn na asi saa din no ananmu. Nanso, na nokware Nyankopɔn no ada ne ho adi akyerɛ Mose sɛ ne din ne Yehowa. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Eyi ne me din de kosi daa.” (Exodus 3:15) Ɔnam saa a ɔyɛe no so daa no adi sɛ ɔyɛ soronko wɔ atoro anyame nyinaa ho. Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ Onyankopɔn din kronkron no da yɛn so.

Ɛma wohu adwuma a yɛyɛ. Nnipa a wɔtenaa ase tete no mu pii, a ɔtreneeni Habel na odi kan no, dii Yehowa mu gyidi a na wɔwɔ no ho adanse. Mfehaha pii a atwam no, Noa, Abraham, Sara, Mose, Dawid, ne afoforo bɛkaa “adansefo mununkum kɛse” yi ho. (Hebrifo 11:4–12:1) Sɛnea obi tumi kɔ asɛnnibea kodi adanse ma obi a ɔnyɛɛ bɔne biara no, yɛn nso yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu yɛn Nyankopɔn no ho nokwasɛm.

Yɛresuasua Yesu. Bible frɛ Yesu sɛ “ɔdansefo nokwafo.” (Adiyisɛm 3:14) Yesu ankasa kae sɛ ‘wama wɔahu Onyankopɔn din,’ na wakɔ so adi Onyankopɔn ho ‘nokware no ho adanse.’ (Yohane 17:26; 18:37) Enti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Kristo akyidifo ankasa no di Yehowa din ho adanse na wɔma nkurɔfo hu edin no. Eyi na Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ.

  • Dɛn nti na Bible Asuafo no faa edin Yehowa Adansefo?

  • Efi bere bɛn na Yehowa nyaa adansefo wɔ asase so?

  • Hena ne Yehowa Dansefo a ɔsen biara?