Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

1

Onyankopɔn Din a Epue Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no Mu

Onyankopɔn Din a Epue Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no Mu

Ansa na Israelfo rekɔ nkoasom mu wɔ Babilon no, sɛnea na wɔkyerɛw Onyankopɔn din wɔ tete Hebri mu ni

Bere a Israelfo fi Babilon nkoasom mu bae no, sɛnea na wɔkyerɛw Onyankopɔn din wɔ Hebri mu ni

Onyankopɔn din pue bɛyɛ 7,000 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Hebri nkyerɛwde anan a wɔde gyina hɔ ma Onyankopɔn din no ne יהוה. Wɔfrɛ nkyerɛwde yi Tetragrammaton, na Wiase Foforo Nkyerɛase no kyerɛ ase “Yehowa.” Ɛno ne edin a ɛdɔɔso paa wɔ Bible mu. Nnipa a Onyankopɔn de ne honhom kaa wɔn ma wɔkyerɛw Bible no de abodin pii frɛɛ no. Ebi ne “ade nyinaa so Tumfoɔ,” “Ɔsorosoroni,” ne “Awurade.” Nanso, Tetragrammaton no nkutoo na wosii no pi sɛ ɛyɛ Onyankopɔn din.

Yehowa Nyankopɔn hwɛ maa nnipa a wɔkyerɛw Bible no de ne din baa mu. Nhwɛso bi ne sɛ, ɔde ne honhom kaa odiyifo Yoel ma ɔkyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, obenya nkwa.” (Yoel 2:32) Onyankopɔn maa odwontofo bi nso kyerɛwee sɛ: “Nnipa nhu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” (Dwom 83:18) Nnwom nhoma no yɛ anwensɛm nhoma a na Onyankopɔn nkurɔfo to emu nsɛm no sɛ nnwom anaa wɔka no sɛ anwensɛm. Saa nhoma yi nko ara mu no, Onyankopɔn din no pue bɛyɛ 700. Ɛnde dɛn nti na wohwɛ Bible pii mu a, wunhu din no wom? Dɛn nti na Wiase Foforo Nkyerɛase no kyerɛ din no ase “Yehowa”? Dɛn na Onyankopɔn din “Yehowa” no kyerɛ?

Nnwom nhoma no mu nsɛm bi a ɛwɔ Po a Awu nhoma mmobɔwee bi mu. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu bere so na wɔyɛe. Hebri nkyerɛwde a wɔde kyerɛwee no yɛ nea na wɔkyerɛw wɔ Babilon nkoasom no akyi. Nanso Tetragrammaton no nko ara de, tete Hebri nkyerɛwde na wɔde kyerɛwee

Adɛn nti na Onyankopɔn din no nni Bible pii mu? Nneɛma pii ntia. Ebinom susuw sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn de, enhia sɛ onya din pɔtee biara. Afei nso, na Yudafo wɔ atetesɛm bi sɛ Onyankopɔn din de, yɛmmɔ no basabasa, anyɛ saa a ɛho begu fĩ. Ebetumi aba sɛ ɛno ka ho bi nti na ebinom ayi Onyankopɔn din afi Bible mu. Ebinom nso gye di sɛ obiara nni hɔ a obetumi akyerɛ sɛnea wɔbɔ Onyankopɔn din no pɔtee, enti ɛbɛyɛ papa sɛ wɔde abodin bi te sɛ “Awurade” anaa “Onyankopɔn” mmom frɛ no. Nanso, nsɛm a edidi so yi ma yehu sɛ saa nsɛm no ntɔ asom.

  • Wɔn a wɔka sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nhia din pɔtee biara no, ɛyɛ a wobu wɔn ani gu biribi so. Ɛne sɛ, tete no, na nkurɔfo hwɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛwɔ hɔ so kyerɛw bi, na nea wɔyɛe ansa na wɔrewo Kristo no mpo, na Onyankopɔn din no wom. Yɛadi kan aka sɛ Onyankopɔn hwɛ maa ne din puee n’Asɛm no mu bɛyɛ 7,000. Ɛno ma yehu pefee sɛ ɔpɛ sɛ yehu ne din no na yɛbɔ.

  • Bible asekyerɛfo a Yudafo atetesɛm nti woyii Onyankopɔn din fii wɔn nkyerɛase mu no buu wɔn ani guu asɛnhia bi so. Ɛno ne sɛ, Yudafo akyerɛwfo bi wɔ hɔ a, wɔrekasa a, na wɔmmɔ Onyankopɔn din, nanso bere a wɔrehwɛ Bible no so akyerɛw foforo no, wɔanyi Onyankopɔn din no amfi mu. Nkurɔfo kohuu tete nhoma mmobɔwee bi wɔ Po a Awu no mpɔtam baabi a wɔfrɛ hɔ Kumran, na na Onyankopɔn din no dɔɔso wɔ saa nhoma mmobɔwee no mu. Bible asekyerɛfo bi nso yɛɛ biribi de kyerɛɛ mmeae a anka ɛsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn din no hyɛ wɔ Bible mu. Wɔde nkyerɛwde akɛse kyerɛw “AWURADE” wɔ saa mmeae no. Nanso asɛm no ne sɛ, Bible asekyerɛfo no ara gye tom sɛ edin no wɔ Bible mu bebree. Ɛnde dɛn na ɛkaa wɔn ma woyi fii wɔn nkyerɛase mu? Hena na ɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnsesa din no? Wɔn nko ara na wonim.

  • Nnipa a wɔka sɛ obiara nnim sɛnea yɛbɔ Onyankopɔn din no pɔtee nti ɛnsɛ sɛ yɛbɔ no, saa nnipa yi ara nso, Yesu din de, wɔbɔ. Nanso sɛnea Yesu bere so na n’asuafo bɔ ne din no, seesei ɛnyɛ saa koraa na Kristofo dodow no ara bɔ no. Ɛbɛyɛ sɛ na Yudafo Kristofo no bɔ Yesu din no Ye·shuʹa‛. Afei “Kristo” nso, na wɔka no Ma·shiʹach, anaa “Mesia.” Kristofo a na wɔka Hela kasa no frɛɛ no I·e·sousʹ Khri·stosʹ, na Kristofo a wɔka Latin nso frɛɛ no Ieʹsus Chriʹstus. Wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn ma wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mpo, sɛ wɔrekyerɛw Yesu din a, na wɔkyerɛw no sɛnea wɔbɔ no wɔ Hela kasa mu no. Wohwɛ nso a, na ɛtɔ asom, efisɛ Hela ne kasa a na nnipa dodow no ara ka. Wiase Foforo Nkyerɛase no nso frɛ Onyankopɔn “Yehowa.” Wɔn a wɔyɛe no nim sɛ ɛnyɛ saa pɛpɛɛpɛ na na wɔbɔ din no wɔ tete Hebri kasa mu. Nanso wohu sɛ ntease wom sɛ wɔbɛfrɛ no saa.

Adɛn nti na Wiase Foforo Nkyerɛase no frɛ Onyankopɔn “Yehowa”? Twi kasa mu no, wɔde YHWH na egyina hɔ ma Tetragrammaton (יהוה) nkyerɛwde anan no. Tete no, sɛ wɔrekyerɛw Hebri a, na wɔmfa ɛnne nkyerɛwde te sɛ a, e, ɛ, i, o, ɔ, anaa u, nhyehyɛ mu. Enti Tetragrammaton no nso, na saa nkyerɛwde no bi nnim. Bere a na nnipa pii ka Hebri kasa no, sɛ obi rekenkan biribi a, ɔno ankasa de ɛnne nkyerɛwde hyehyɛ mu.

Bere a wɔkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no wiei no, bɛyɛ mfe apem akyi, Yudafo pii benyaa adwene bi sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛbɔ Onyankopɔn din. Enti bere biara, sɛ wɔrekenkan ade na wokopue Onyankopɔn din so a, na wɔde abodin bi te sɛ “Awurade” ahyɛ anan. Ne saa nti, ɛnnɛ yennim sɛnea na Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no bɔ Onyankopɔn din no. (Genesis 13:4; Exodus 3:15) Nhomanimfo binom susuw sɛ na wɔbɔ no “Yahwe.” Afoforo nso ka sɛ sɛnea na tete Hela akyerɛwfo kyerɛw edin no, ebia saa na na nkurɔfo bɔ no. Ná wɔkyerɛw no Iae, I·a·beʹ, anaa I·a·ou·eʹ. Ɛwom sɛ yennim sɛnea na wɔbɔ din no wɔ tete Hebri mu de, nanso yenim sɛ, sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no ne nnipa anaa Onyankopɔn rekasa a, na wɔbɔ ne din no.​—Exodus 6:2; 1 Ahene 8:23; Dwom 99:9.

Sɛnea William Tyndale kyerɛɛ Onyankopɔn din ase wɔ Genesis 15:2 ni. Bible mu nhoma anum a edi kan a ɔkyerɛɛ ase afe 1530 no mu na ɛwɔ

Ɛnde adɛn nti na Wiase Foforo Nkyerɛase no frɛ Onyankopɔn “Yehowa”? Efisɛ ɛnyɛ nnɛ na wofii ase frɛɛ no saa wɔ Twi kasa mu. Onyankopɔn din “Yehowa” no dii kan puee Twi Bible mu wɔ nkyerɛase a Johann Gottlieb Christaller yɛe wɔ 1871 no mu.

Ebinom te nka sɛ ɛsɛ sɛ yɛfrɛ Onyankopɔn “Yahwe,” na ebinom nso se “Yehowa.” Afe 1911 no, Bible ho ɔbenfo Joseph Bryant Rotherham a nkurɔfo bu no paa no kyerɛw nhoma bi a wɔato din Studies in the Psalms. Ɔkyerɛɛ mu wɔ nhoma no mu sɛ, ɔno de, “nnipa a wɔtaa kenkan Bible no, edin a wɔn mu dodow no ara nim (na wogye tom)” no, ɛno na ɔde baa ne Bible nkyerɛase no mu. Afe 1930 mu no, A. F. Kirkpatrick nso kaa biribi saa. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ nea ehia ne sɛnea wɔbɔ din no; nea ehia ne sɛ obiara behu sɛ ɛyɛ Din Paa, na ɛnyɛ abodin te sɛ ‘Awurade.’”

Tetragrammaton nkyerɛwde YHWH no kyerɛ: “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ”

Hebri asɛmfua a wɔkyerɛw no HWH no kyerɛ: “ɛyɛ hɔ”

Dɛn na edin Yehowa kyerɛ? Edin Yehowa no fi Hebri asɛmfua bi mu, na saa asɛmfua no kyerɛ “ɛyɛ hɔ.” Nhomanimfo binom susuw sɛ adwene a ɛwɔ saa asɛmfua no akyi ne sɛ obi na ɔma biribi yɛ hɔ. Enti wɔn a wɔyɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no te Onyankopɔn din no ase sɛ, “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Nhomanimfo adwene nhyia wɔ edin no nkyerɛase ho, enti yɛrentumi nka sɛ kyinkyin ara a, saa na ɛkyerɛ. Nanso Yehowa yɛ Ɔbɔadeɛ, na nea ɔbɔ ne tirim biara, ɔma ɛyɛ hɔ. Ɔno na ɔmaa abɔfo, nnipa, ne amansan yi mu nneɛma a aka nyinaa bae. Afei nso tebea biara mu no, ɔhwɛ ma n’apɛde ne n’atirimpɔw yɛ hɔ.

Hebri asɛmfua a Yehowa din fi mu no, wɔde asɛmfua bi a ɛne no sɛ dii dwuma wɔ Exodus 3:14, na ɛhɔ kan sɛ: “Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ sɛ Meyɛ.” Nanso ɛnyɛ Onyankopɔn din no nkyerɛase nyinaa ne no. Enti yɛreka paa a, saa nsɛm no nkyerɛkyerɛ Onyankopɔn din mu nwie. Mmom no, ɛma yehu biribi fa Onyankopɔn ho, kyerɛ sɛ, tebea biara mu no, ɔyɛ ne ho sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ma n’atirimpɔw yɛ hɔ. Edin Yehowa no san kyerɛ sɛ otumi ma n’abɔde yɛ nea ɔpɛ ma n’atirimpɔw ba mu.