Yeremia 23:1-40

  • Nguanhwɛfo pa ne nguanhwɛfo bɔne (1-4)

  • Asetena bɛyɛ dwoodwoo wɔ ‘trenee dua a ɛbɛfefɛw’ no ase (5-8)

  • Wɔkasa tiaa adiyifo atorofo no (9-32)

  • Yehowa “adesoa” no (33-40)

23  “Nguanhwɛfo a wɔsɛe nguan a wodidi wɔ m’adidibea, na wɔbɔ wɔn hwete no nnue!” Yehowa asɛm ni.+  Enti nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka atia ahwɛfo a wɔhwɛ me man no ni: “Moabɔ me nguan ahwete; moabɔ wɔn apansam, na moantew mo ani anhwɛ wɔn.”+ “Enti mo nneyɛe bɔne nti, mɛdan m’ani aba mo so,” Yehowa asɛm ni.  “Na mɛboaboa me nguan a aka no ano afi nsaase a mebɔɔ wɔn hwetee so+ no nyinaa so, na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔadɔɔso.+  Na mede ahwɛfo a wɔbɛhwɛ wɔn yiye besisi wɔn so.+ Wɔrensuro bio, na ehu biara nso renka wɔn, na wɔn mu biara renyera,” Yehowa asɛm ni.  “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛma trenee dua bi afefɛw* ama Dawid.+ Na ɔhene bi bedi hene+ na ɔde nhumu bɛyɛ ade; obebu atɛntrenee na wayɛ adetrenee wɔ asaase no so.+  Ne nna mu no,* wobegye Yuda,+ na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo.+ Na edin a wɔde bɛfrɛ no ne: Yehowa Ne Yɛn Trenee.”+  “Nanso nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na wɔrenka bio sɛ: ‘Sɛ́ Yehowa a oyii Israelfo fii Egypt asaase so bae no te ase yi!’+  na mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ́ Yehowa a ɔde Israel fi asefo kɔɔ atifi fam asaase so ne nsaase a mebɔɔ wɔn hwetee so nyinaa so na ɔsan de wɔn bae no te ase yi,’ na wɔbɛtena wɔn ankasa asaase so.”+  Nea mewɔ ka kyerɛ adiyifo no ni: Me koma abubu wɔ me mu. Me nnompe nyinaa rewosow. Mayɛ sɛ obi a wabowNe ɔbarima a nsã aba n’ani so,Esiane Yehowa ne ne nsɛm kronkron nti. 10  Awaresɛefo ahyɛ asaase no so ma.+Nnome no nti, asaase no redi awerɛhow,+Na sare so adidibea ahyew.*+ Wɔn akwan yɛ bɔne, na wɔde wɔn tumi sisi nkurɔfo. 11  “Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa ho agu fĩ.*+ Mahu wɔn amumɔyɛ no bi wɔ me fi mpo,”+ Yehowa asɛm ni. 12  “Ɛno nti wɔn kwan so bɛyɛ toro na esum aba so;+Wobepiapia wɔn ama wɔahwehwe ase. Efisɛ mede mmusu bɛba wɔn soAfe a wobebu akontaa no,” Yehowa na waka. 13  “Mahu ade tantaantan bi wɔ Samaria adiyifo mu.+ Baal na ɔkanyan wɔn ma wɔhyɛ nkɔm,Na wɔma me man Israel fom kwan. 14  Na mahu biribi a ɛyɛ asefem wɔ Yerusalem adiyifo mu. Wɔsɛe aware,+ na wɔnantew nkontompo mu;+Wɔhyɛ abɔnefo nkuran,*Na wɔntwe wɔn ho mfi wɔn amumɔyɛ ho. Wɔn nyinaa te sɛ Sodom wɔ m’ani so,+Na emufo te sɛ Gomora.”+ 15  Enti nea asafo Yehowa aka atia adiyifo no ni: “Mɛma wɔadi awɔnwene,Na mama wɔanom nsu a awuduru wom.+ Efisɛ ɔwae fi Yerusalem adiyifo mu atrɛw kɔ asaase no nyinaa so.” 16  Nea asafo Yehowa aka ni: “Munntie adiyifo a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo no nsɛm.+ Wɔredaadaa mo.* Anisoadehu a wɔka ho asɛm no fi wɔn ankasa koma mu;+Emfi Yehowa anom.+ 17  Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wommu me no sɛ,‘Yehowa aka sɛ: “Mubenya asomdwoe.”’+ Na obiara a ɔyɛ asoɔden di ne koma akyi no, wɔka kyerɛ no sɛ,‘Mmusu biara remma wo so.’+ 18  Na hena na watena Yehowa nnamfo paa nkyɛnAhu n’asɛm na wate n’asɛm? Hena na wawɛn n’aso sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛte n’asɛm? 19  Hwɛ! Yehowa ahum de abufuw betu;Ɛbɛyɛ sɛ mframa dennen a edi kyinhyia, na ebetwa ne ho wɔ abɔnefo apampam.+ 20  Yehowa abufuw rensan,Gye sɛ wayɛ nea wasusuw wɔ ne komam no awie. Awiei nna no mu na mobɛte eyi ase yiye. 21  Mansoma adiyifo no, nanso wotuu mmirika. Manka hwee ankyerɛ wɔn, nanso wɔhyɛɛ nkɔm.+ 22  Sɛ wɔtenaa me nnamfo paa nkyɛn a,Anka wɔbɛma me man ate me nsɛm,Na anka wɔbɛma wɔasan afi wɔn kwammɔne ne wɔn nneyɛe bɔne no ho.”+ 23  “Menyɛ Onyankopɔn a ɔbɛn anaa?” Yehowa asɛm ni, “na menyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ akyirikyiri nso?” 24  “Obi betumi de ne ho asie hintabea bi a merenhu no anaa?”+ Yehowa asɛm ni. “Biribi betumi ahintaw wɔ ɔsoro anaa asaase so a merenhu anaa?”*+ Yehowa asɛm ni. 25  “Mate nea adiyifo a wɔhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokware wɔ me din mu rekeka no sɛ, ‘Maso dae! Maso dae!’+ 26  Adwene a adiyifo no wɔ sɛ wɔbɛhyɛ nkɔm a ɛnyɛ nokware no, ɛbɛkɔ so wɔ wɔn komam akosi da bɛn? Wɔyɛ adiyifo a wɔka wɔn komam nnaadaasɛm.+ 27  Wɔpɛ sɛ wɔde adae a wɔkeka kyerɛ wɔn ho no ma me man werɛ fi me din, sɛnea Baal nti wɔn agyanom werɛ fii me din no.+ 28  Odiyifo a waso dae no, ma ɔnka dae no, na nea m’asɛm wɔ ne nkyɛn no, ma ɔnka m’asɛm no nokwarem.” “Wohwɛ a ntɛtɛwa yɔnko ne hwiit* anaa?” Yehowa asɛm ni. 29  “M’asɛm nte sɛ ogya anaa,”+ Yehowa asɛm ni, “ɛnte sɛ hamma* a ebubu ɔbotan pasaa anaa?”+ 30  “Enti hwɛ, me ne adiyifo no anya,” Yehowa asɛm ni, “adiyifo a wowia me nsɛm fi wɔn yɔnko hɔ no.”+ 31  “Hwɛ, me ne adiyifo no anya,” Yehowa asɛm ni, “adiyifo a wɔde wɔn tɛkrɛma keka sɛ, ‘N’anom asɛm ni!’ no.”+ 32  “Hwɛ, me ne adiyifo a wɔsoso atoro adae no anya,” Yehowa asɛm ni, “adiyifo a wɔkeka adae, na wɔn atosɛm ne wɔn ahohoahoa nti, wɔma me man fom kwan no.”+ “Nanso mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn. Ɛno nti wɔremfa mfaso biara mmrɛ ɔman yi,”+ Yehowa asɛm ni. 33  “Na sɛ ɔman yi anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bi bisa wo sɛ, ‘Ɛdɛn ne Yehowa adesoa?’* a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Mo saa nkurɔfo yi, mo na moyɛ adesoa no! Na mɛtow mo akyene,”+ Yehowa na waka.’ 34  Na odiyifo anaa ɔsɔfo anaa ɔman yi muni a ɔka sɛ, ‘Eyi ne Yehowa adesoa!’* no, mede m’ani besi saa onipa no ne ne fifo so. 35  Nea mo mu biara bisa ne yɔnko ne ne nua ne sɛ, ‘Mmuae bɛn na Yehowa de ama? Na dɛn na Yehowa aka?’ 36  Na Yehowa adesoa* no de, ɛnsɛ sɛ moka ho asɛm bio, efisɛ adesoa* no ne mo ara mo anom asɛm, na Onyankopɔn teasefo no, asafo Yehowa, yɛn Nyankopɔn nsɛm no, moasesa no. 37  “Eyi na ka kyerɛ odiyifo no, ‘Mmuae bɛn na Yehowa de ama wo? Na dɛn na Yehowa aka? 38  Na sɛ mokɔ so ka sɛ “Yehowa adesoa!”* a, ɛnde nea Yehowa aka ni: “Esiane sɛ moka sɛ, ‘Asɛm yi ne Yehowa adesoa,’* bere a meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Monnka sɛ: “Yehowa adesoa!”* nti,’ 39  hwɛ! Merebɛma mo so na matow mo afi m’anim akyene, mo ne kurow a mede maa mo ne mo agyanom no. 40  Na mɛma w’ani awu daa na animguase aka wo afebɔɔ, na obiara werɛ remfi da.”’”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “mɛma ɔdedifo bi so.”
Anaa “Ne bere so no.”
Anaa “akisa.”
Anaa “yɛ awaefo.”
Nt., “Wɔhyɛ abɔnefo nsa den.”
Anaa “Wɔrema mo anya anidasohunu.”
Anaa “Menhyɛɛ ɔsoro ne asaase nyinaa ma anaa?”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “asae; abɔsobaa.”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru?” Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ ase “adesoa” wɔ ha yi betumi akyerɛ “Onyankopɔn atemmusɛm a emu yɛ duru” anaa “biribi a emu yɛ duru.”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”
Anaa “asɛm a emu yɛ duru.”