Amos 9:1-15

  • Wɔrentumi nguan Onyankopɔn atemmu (1-10)

  • Wɔbɛma Dawid apata no so asi hɔ (11-15)

9  Mihui sɛ Yehowa+ gyina afɔremuka no atifi, na ɔkae sɛ: “Bɔ adum no atifi ma ase no nwosow. Twitwa wɔn ti fi so, na mede sekan bekunkum wɔn a ɛbɛka no. Nea ɔreguan no rennya baabi nguan mfa, na nea ɔrepɛ baabi afa no rennya baabiara nkɔ.+   Sɛ wotutu fam kɔhyɛ Ɔdamoa* mu mpo a,Mede me nsa beyi wɔn afi hɔ aba;Na sɛ wɔforo kɔ soro a,Mɛtwe wɔn afi hɔ aba fam.   Sɛ wokohintaw Karmel Bepɔw atifi a,Mɛkɔ akɔhwehwɛ wɔn akɔfa wɔn afi hɔ aba.+ Na sɛ wofi m’anim kɔhyɛ po ase mpo a,Mɛma ɔwɔ akɔkeka wɔn wɔ hɔ.   Sɛ wɔn atamfo kyere wɔn kɔ a,Mɛma sekan akokunkum wɔn wɔ hɔ.+Mede m’ani besi wɔn so, na mama awie wɔn bɔne, na ɛnyɛ papa.+   Efisɛ Awurade Tumfo asafo Yehowa na ɔde ne nsa aka asaase no,Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛnan+ ama ɛsofo nyinaa adi awerɛhow;+Na asaase no nyinaa bebu afa so te sɛ Nil,Na ɛbɛtwetwe te sɛ Nil a ɛwɔ Egypt.+   ‘Nea ɔyɛ ne stɛps wɔ soro,A ɔde ne dan* tim asaase atifi,Nea ɔboaboa ɛpo mu nsu ano,Na ohwie gu asaase so no,+Ne din ne Yehowa.’+   ‘O Israelfo, mote sɛ Kusfo wɔ m’ani so, ɛnte saa?’ Yehowa asɛm ni. ‘Ɛnyɛ me na miyii Israel fii Egypt asaase so?+Ɛnyɛ me na miyii Filistifo fii Kreta,+ na miyii Siriafo nso fii Kir?’+   ‘Hwɛ! Awurade Tumfo Yehowa ani wɔ ahenni bɔne no so,Na ɔbɛsɛe no afi asaase so.+ Nanso merensɛe Yakob fi korakora,’+ Yehowa asɛm ni.   ‘Hwɛ! Merehyɛ ato hɔ,Na mɛwosow Israel fi wɔ aman nyinaa mu+Sɛnea obi wosow sɔnee no,Na aba baako mpo rentɔ fam. 10  Wɔde sekan bekunkum me man mu abɔnefo nyinaa,Wɔn a wɔka sɛ: “Mmusu no renka yɛn, na ɛremmɛn yɛn” no.’ 11  ‘Saa da no, mɛma Dawid apata*+ a ahwe ase no so asi hɔ,Metuatua emu* ntokuru.Na mɛma nea adwiriw agu no asi ne dedaw mu bio;Mɛkyekye ama ayɛ sɛ tete mmere no,+ 12  Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfa nea ɛbɛka ama Edom,+Na wɔafa aman a me din da wɔn so no nyinaa,’ Yehowa a ɔreyɛ eyi no asɛm ni. 13  ‘Hwɛ! Mmere bi reba,’ Yehowa asɛm ni,‘Saa bere no, nea ofuntum asaase bɛkɔ akɔto nea otwa nnɔbae,Na nea okyĩ bobe bɛkɔ akɔto nea ogu aba;+Na nsã* dɔkɔdɔkɔ bɛsosɔ afi mmepɔw mu,+Na ɛbɛtene afa nkoko nyinaa so.*+ 14  Me man Israelfo a wɔakyere wɔn kɔ no, mɛboaboa wɔn ano asan de wɔn aba,+Na wɔbɛsan akyekye nkurow a asɛe no, na wɔatena mu.+Wɔbɛyeyɛ bobe mfuw na wɔanom mu nsã,*+Na wɔbɛyeyɛ nturo na wɔadi mu nnuaba.’+ 15  ‘Na mede wɔn bedua wɔn asaase so,Na obiara rentu wɔn bioMfi asaase a mede ama wɔn no so,’+ Yehowa wo Nyankopɔn no asɛm ni.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ne soro a akɔntɔn.”
Anaa “sese; ntamadan.”
Anaa “wɔn.”
Nt., “nkoko nyinaa bɛnan.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “bobesa.”