Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Gluu a Ɛpo Mu Aboa Bi a Yɛfrɛ No Ɔworaba No Yɛ

Gluu a Ɛpo Mu Aboa Bi a Yɛfrɛ No Ɔworaba No Yɛ

Nyansahufo a wosua mmoa ho ade no, biribi wɔ hɔ a wɔahyɛ no nsow mfe pii ni. Ɛne sɛ, ɛpo mu aboa bi a yɛfrɛ no ɔworaba (barnacle) tumi fam abotan ho ne po so ahyɛn ase denneennen, na wowae a, ɛnwae. Wɔkyerɛ sɛ gluu anaa amane a ɛboa ma ɔworaba tumi fam biribi ho no, etumi kyere ade yiye sen gluu biara a nnipa ayɛ no koraa. Nanso, nea ɛma ɔworaba tumi fam nneɛma a afɔw ho de, nnansa yi ara na nyansahufo atumi ahu.

Susuw ho: Nyansahufo ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ, sɛ ɔworaba mma sõ asuguare a, wɔtɔ wɔn bo ase hwehwɛ baabi a ɛfata wɔ po mu a wɔbɛfam. Nyansahufo gye di sɛ, sɛ ɔworaba no nya baabi a ɔpɛ sɛ ɔfam a, opuw nnuru mmienu bi fi ne mu. Aduru a odi kan puw no, ɛyɛ sɔkyee te sɛ srade. Nea saa aduru no yɛ ne sɛ, baabi a ɔworaba no pɛ sɛ ɔfam no, esiane sɛ nsu ama ɛhɔ afɔw nti, ɛpopa nsu a ɛwɔ hɔ no. Afei nso, aduru yi siesie baabi a ɔworaba no pɛ sɛ ɔfam no. Ɛba saa a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ aduru a ɛto so mmienu a obepuw no bɛka ɔworaba no afam hɔ yiye.

Sɛ nnuru mmienu no fra saa a, ɛdan gluu bi a ɛyɛ twann a ɛboa ma ɔworaba no tumi fam biribi ho papee. Saa gluu no, mmoawammoawa mpo ntumi nsɛe no. Ade baako a ɛwɔ ɔworaba ho ne sɛ, sɛ ɔfam baabi a, ɛhɔ ara na ɔbɛfam ne nkwa nna nyinaa. Enti eye paa sɛ gluu no nsɛe na etumi kyɛ saa.

Ɔworaba mfoni na ɛwɔ ha yi; mfoni no fã a wɔayɛ no kɛse no, ɛyɛ gluu a ɔworaba yɛ; ɛno na ayɛ sɛ nhama nketenkete pii no

Ɔkwan a ɔworaba fa so yɛ saa gluu no, na nyansahufo nim sɛ ɛyɛ nwonwa. Nanso bere a wɔyɛɛ ho nhwehwɛmu no, wohui sɛ ɛyɛ nwonwa koraa sen sɛnea na wɔn adwene yɛ wɔn no. Nyansahufo a wohuu ɔkwan a ɔworaba fa so yɛ gluu no, nea wɔn mu baako kae ne sɛ: “Ɛyɛ den paa sɛ yɛde biribi bɛfam biribi a afɔw ho, nanso ɔworaba tumi yɛ saa ma ɛyɛ nwonwa paa.” Nhwehwɛmu a nyansahufo ayɛ yi betumi aboa wɔn ama wɔayɛ gluu bi a ebetumi ama wɔde biribi afam biribi ho wɔ nsu ase. Afei nso, ebetumi aboa wɔn ama wɔde nneɛma bi a yenya fi mmoa anaa nnua mu ayɛ gluu ahorow bi a wɔde bedi dwuma wɔ ɛlɛtrɔnik mfiri mu. Nnade ne rɔba a nnuruyɛfo de hyehyɛ nipadua mu nso, wobetumi de saa gluu yi adi dwuma wom.

Wudwen ho sɛn? Ɔkwan a ɔworaba fa so yɛ gluu a ɛboa no ma otumi fam biribi ho papee no, ɛno ara na ɛbae, anaa obi na ɔbɔe?