Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Noa Asetena Mu Nsɛm Ne Nsuyiri Kɛse No—Ɛyɛ Anansesɛm Bi Kɛkɛ Anaa?

Noa Asetena Mu Nsɛm Ne Nsuyiri Kɛse No—Ɛyɛ Anansesɛm Bi Kɛkɛ Anaa?

Nea Bible ka

 Nsuyiri no yɛ biribi a esii ankasa. Onyankopɔn de sɛee nnipa abɔnefo, nanso ɔka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka mfa nnye nnipa pa ne mmoa nkwa. (Genesis 6:11-20) Esiane sɛ wɔaka Nsuyiri no ho asɛm wɔ Bible mu nti, yebetumi agye adi sɛ esii ankasa, efisɛ Bible fi “Onyankopɔn honhom mu.”—2 Timoteo 3:16.

 Ɛyɛ biribi a esii anaasɛ ɛyɛ anansesɛm?

 Bible ma yehu sɛ Noa yɛ onipa ankasa a ɔtenaa ase, na Nsuyiri no nso yɛ biribi a esii ankasa, ɛnyɛ anansesɛm.

  •   Ná Bible akyerɛwfo gye di sɛ Noa yɛ onipa ankasa a ɔtenaa ase. Sɛ nhwɛso no, bere a Bible akyerɛwfo Esra ne Luka a wɔyɛ abakɔsɛm akyerɛwfo a wɔn ho akokwaw reka Israel awo ntoatoaso ho asɛm no, wɔbɔɔ Noa din kaa ho. (1 Beresosɛm 1:4; Luka 3:36) Nsɛm a Yesu ka faa Noa ne Nsuyiri no ho no, Asɛmpa akyerɛwfo Mateo ne Luka kyerɛw ho asɛm.—Mateo 24:37-39; Luka 17:26, 27.

     Afei nso, odiyifo Hesekiel ne ɔsomafo Paul kaa Noa ho asɛm sɛ obi a ɔwɔ gyidi na ɔsan yɛ ɔtreneeni a yebetumi asuasua no. (Hesekiel 14:14, 20; Hebrifo 11:7) Wohwɛ a, ntease wom sɛ akyerɛwfo yi bɛka sɛ yensuasua obi a ɔntenaa ase pɛn? Nokwarem no, Noa ne nnipa afoforo a na wɔwɔ gyidi atwa sa pa ato ama yɛn a ɛsɛ sɛ yesuasua, efisɛ wɔyɛ nnipa a wɔtenaa ase ankasa.—Hebrifo 12:1; Yakobo 5:17.

  •   Bible ma yehu Nsuyiri no ho nsɛm pɔtee bi. Bere a Bible no reka Nsuyiri no ho asɛm no, amfa nsɛm bi te sɛ “Anansesɛm yɛ asisi oo,” amfi ase te sɛ nea ɛrebɛto anansesɛm bi. Mmom, Bible ma yehu afe, bosome, ne da pɔtee a Nsuyiri no ho nsɛm sisii. (Genesis 7:11; 8:4, 13, 14) Ɛsan nso ma yehu sɛnea na Noa adaka no kɛse te. (Genesis 6:15) Nsɛm pɔtee a Bible ka fa Nsuyiri no ho no ma yehu sɛ Nsuyiri no nyɛ anansesɛm, mmom ɛyɛ biribi a esii ankasa.

 Adɛn nti na Nsuyiri no bae?

 Bible ka sɛ, ansa na Nsuyiri no reba no, na “onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asase so mã.” (Genesis 6:5) Ɛsan ka sɛ, “na asase asɛe wɔ nokware Nyankopɔn no ani so,” efisɛ na awudisɛm ne aguamammɔ ahyɛ asase so mã.—Genesis 6:11; Yuda 6, 7.

 Bible ka sɛ, abɔfo bɔne a wofi soro bae ne mmea bɛbɔɔ aguaman no na ɛkɔfaa abɔnefosɛm yi nyinaa bae. Saa abɔfo bɔne yi mma a wɔfrɛ wɔn Nefilimfo no de ɔhaw ne amanehunu baa nnipa a na wɔwɔ hɔ saa bere no so. (Genesis 6:1, 2, 4) Onyankopɔn sii gyinae sɛ ɔbɛsɛe nnipa abɔnefo no nyinaa na wama apapafo ahyɛ asetena foforo ase.—Genesis 6:6, 7, 17.

 Ná nnipa nim sɛ Nsuyiri no bɛba?

 Yiw. Onyankopɔn kaa Nsuyiri a na ɛreba no ho asɛm kyerɛɛ Noa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ adaka a ɔde begye n’abusua ne mmoa nkwa. (Genesis 6:13, 14; 7:1-4) Noa bɔɔ nkurɔfo no kɔkɔ wɔ ɔsɛe a na ɛreba no ho, nanso wɔantie. (2 Petro 2:5) Bible ka sɛ: “Na wɔanhu kosii sɛ nsuyiri no bae bɛpraa wɔn nyinaa kɔe.”—Mateo 24:37-39.

 Ná Noa adaka no te sɛn?

 Ná adaka no sõ pa ara. Ná ne ntwemu bɛyɛ mita 133 anaa anammɔn 437, ne tɛtrɛtɛ nso bɛyɛ mita 22 anaa anammɔn 73, na ne tenten bɛyɛ mita 13 anaa anammɔn 44. a Wɔde gofer dua na ɛyɛɛ adaka no, na wɔde amane tetaree emu ne ɛho nyinaa. Ná adaka no yɛ abansoro a ɛtoa so mmiɛnsa, na na adan bebree hyehyɛ mu. Ná ɔpon wɔ ne nkyɛnmu, na ɛbɛyɛ sɛ na mfɛnsere wɔ adaka no soro. Bio nso, ɛbɛyɛ sɛ wɔbɔɔ adaka no so wɔ ɔkwan bi so a, sɛ nsu gu so a, ebesian agu fam.—Genesis 6:14-16.

 Mfe sɛn na Noa de yɛɛ adaka no?

 Bible nkyerɛ mfe dodow a Noa de yɛɛ adaka no, nanso ɛbɛyɛ sɛ egyee no mfe pii. Noa rewo ne ba a odi kan no, na wadi bɛboro mfe 500, na bere a Nsuyiri no bae no, na wadi mfe 600. bGenesis 5:32; 7:6.

 Bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka no, na ne mma no anyinyin awareware. Enti ɛbɛyɛ sɛ na ne mma no adi bɛyɛ mfe 50 anaa 60. (Genesis 6:14, 18) Sɛ saa a, ɛnde yebetumi aka sɛ Noa de mfe 40 anaa 50 na ɛyɛɛ adaka no.

a Sɛ wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ wosusuw adaka no wɔ basafã mu. Sɛnea wosusuw ade wɔ “Hebri mu no, na basafã baako yɛ nsateakwaa 17.5 anaa sɛntimita 44.45.”—The Illustrated Bible Dictionary, Revised Edition, Ɔfã 3, kratafa 1635.

b Sɛ wopɛ sɛ wuhu mfe dodow a nnipa bi te sɛ Noa dii a, hwɛ asɛm a yɛato din “So Nnipa a Wɔtenaa Ase Tete No Nyinii Sɛnea Bible Kyerɛ No?” a ɛwɔ January 1, 2011 Ɔwɛn-Aban no mu no.