Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?

Hena Ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?

Nea Bible ka

 Ɔsom ahorow bi frɛ Mikael sɛ “Ɔhotefo Mikael.” Saa din yi yɛ din a na wɔde frɛ Yesu ansa na ɔreba asaase so ne bere a ɔsan kɔɔ soro no. a Bere a Mose wui no, Mikael ne Satan dii akameakame, na afei nso ɔboaa ɔbɔfo bi ma ɔde Onyankopɔn asɛm kɔmaa odiyifo Daniel. (Daniel 10:13, 21; Yuda 9) Mikael kyerɛ “Hena Na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?” na sɛnea ɔbɔ ne bra no kyerɛ sɛ ne din no fata no. Ɔtaa Onyankopɔn tumidi akyi, na ɔko tia Onyankopɔn atamfo.—Daniel 12:1; Adiyisɛm 12:7.

 Yɛnhwɛ nea enti a yebetumi aka sɛ Yesu no ara na wɔfrɛ no ɔbɔfo panyin Mikael no.

  •   Mikael no ara na wɔfrɛ no “ɔbɔfo panyin” no. (Yuda 9) Abodin “ɔbɔfo panyin” no kyerɛ “abɔfo no kannifo.” Epue mprenu pɛ wɔ Bible mu. Mprenu no nyinaa no, wɔde baako kabea na ɛyɛɛ adwuma. Wei kyerɛ sɛ ɔbɔfo baako pɛ na okura saa abodin no. Kyerɛwsɛm no baako ka sɛ Awurade Yesu a wɔanyan no no ‘de nteɛm a emu yɛ den, ne ɔbɔfo panyin nne, besian afi soro.’ (1 Tesalonikafo 4:16) Yesu wɔ “ɔbɔfo panyin nne” efisɛ ɔno ne ɔbɔfo panyin Mikael.

  •   Mikael da abɔfodɔm bi ano. “Mikael ne n’abɔfo ne ɔwɔ a ne ho yɛ hu no [Satan] koe.” (Adiyisɛm 12:7) Mikael wɔ tumi kɛse paa wɔ abɔfo no mu, efisɛ wɔka ne ho asɛm sɛ “ɔka abirɛmpɔn atitiriw no ho,” na wɔsan frɛ no “ɔbirɛmpɔn kɛse.” (Daniel 10:13, 21; 12:1) Saa abodin yi ma yehu sɛ Mikael yɛ “abɔfodɔm no panyin paa.” Saa na Apam Foforo no ho ɔbenfo David E. Aune frɛ no.

     Edin Mikael akyi no, edin foforo baako pɛ na Bible ka sɛ onii a saa din no da no so no da abɔfodɔm bi ano. Bible ka sɛ, “Bere a wɔada Awurade Yesu adi afi soro a n’abɔfo a wɔwɔ tumi ka ne ho wɔ ogyaframa mu no, bere a ɔde asotwe bɛba.” (2 Tesalonikafo 1:7, 8; Mateo 16:27) Yesu ‘kɔɔ soro, na wɔde abɔfo ne atumfo ne ahoɔdenfo ahyɛ n’ase.’ (1 Petro 3:21, 22) Sɛ ɛsono Yesu na ɛsono Mikael a, anka ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn mmienu ada abɔfo kronkron no ano. Mmom, ntease wom paa sɛ yɛbɛka sɛ Yesu no ara ne Mikael.

  •   Mikael “bɛsɔre agyina” wɔ “amanehunu” bere a ebi mmae da mu. (Daniel 12:1) Daniel nhoma no mu no, wɔtaa de asɛm ‘sɔre gyina’ no ka ɔhene bi a ɔsɔre sɛ ɔbɛyɛ ade titiriw bi ho asɛm. (Daniel 11:2-4, 21) Yesu Kristo a ɔno ne “Onyankopɔn Asɛm” no bɛsɔre agyina ayɛ biribi titiriw bi sɛ “ahemfo mu Hene,” na obekunkum Onyankopɔn atamfo nyinaa na wabɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban. (Adiyisɛm 19:11-16) Ɔbɛyɛ saa adwuma no wɔ ‘ahohiahia kɛse a efi wiase mfiase ebi mmae da’ mu.—Mateo 24:21, 42.

a Sɛ wokenkan Bible a, wubehu sɛ nnipa bi wɔ hɔ a ɛnyɛ din baako na wɔde frɛ wɔn. Wɔn mu bi ne Yakob (wɔsan frɛ no Israel), Petro (wɔsan frɛ no Simon), ne Tadeo (wɔsan frɛ no Yuda).—Genesis 49:1, 2; Mateo 10:2, 3; Marko 3:18; Asomafo Nnwuma 1:13.