Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahomegyebere

Sɛ wowɔ hɔ na wunni hwee yɛ a, wubetumi adi agorɔ anaa wubetumi ayɛ biribi de agyigye w’ani. Nanso ade ko a wobɛyɛ no betumi ama wo ho adwo wo anaa atwe wo mu nsu. Ɛnde wobɛyɛ dɛn ahu nea woyɛ a ɛbɛboa wo paa? Sua ho ade wɔ ha.

Video Game​—Ɛho Nokwasɛm Pa Ara Ne Sɛn?

Ɛso nsunsuanso betumi ayɛ papa anaa bɔne.

Video Game Reyɛ Agye Wo Bere Nyinaa Anaa?

Video game betumi ama w’ani agye nanso ebetumi nso de wo ato asiane mu. Ɛnde dɛn na wobɛyɛ na woanya so mfaso bere a wontɔ asiane mu?

Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu Fa Agodi Ho

Agodi betumi ama woanya suban pa bi te sɛ, sɛnea wo ne afoforo bɛbom ayɛ ade ne sɛnea wo ne afoforo bedi nkitaho. Nneɛma a ehia wo pa ara wɔ asetena mu no, ɛsɛ sɛ agodi ka ho anaa?

Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Mihu Fa Agodi Ho?

Susuw agodi ko, ɔkwan a wofa so di agorɔ no ne bere dodow a wode di agorɔ no ho.

Ɛyɛ Papa sɛ Yɛde Yɛn Nkwa Bɛto Asiane Mu Agyigye Yɛn Ani?

Mmerante ne mmabaa pii pɛ sɛ wɔhwɛ sɛ dɛn na wobetumi ayɛ. Enti ɛtɔ mmere bi a wɔde wɔn nkwa to asiane mu de gyigye wɔn ani. Wunyae a anka wobɛyɛ bi anaa?

Mɛyɛ Dɛn Ahyehyɛ Me Bere Yiye?

Nyansahyɛ nnum a ɛbɛboa wo na woansɛe wo bere.

Sɛ M’ani Nka a, Menyɛ Dɛn?

Wohwɛ a, fon ne kɔmputa betumi aboa anaa? Anaa wohwɛ a, adwempa betumi ama nneɛma asesa?

Metumi De Ahonhonsɛmdi Agyigye M’ani Kɛkɛ Anaa?

Nnipa pii ani abegye nea edidi so yi ho: nsoromma mu hwɛ, adebisa, wɔn a wɔnom afoforo mogya, abayisɛm, nnipa a wɔayɛ wɔn ho sɛ wɔawu nanso wɔda so te ase. Nanso wohwɛ a asiane bi wom a enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye anaa?

Adɛn Nti Na M’awofo Mma Kwan Mma Minnye M’ani Koraa?

Minguan nkogye m’ani, anaa menka nea merekɔyɛ nkyerɛ m’awofo?