Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Exodus 20:12—“Di Wo Papa Ne Wo Maame Ni”

Exodus 20:12—“Di Wo Papa Ne Wo Maame Ni”

 “Di wo papa ne wo maame ni na woanyin akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.”—Exodus 20:12, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Di w’agya ne wo na ni, na wo nna aware asase a Awurade wo Nyankopɔn de rema wo no so.”—Exodus 20:12, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Exodus 20:12 Kyerɛ

 Onyankopɔn de mmara maa tete Israelfo sɛ wonni wɔn awofo ni. Bɔhyɛ a ɔde kaa saa mmara no ho nti, na ɛbɛma wɔayere wɔn ho adi so. Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no a wɔfrɛ no Mose Mmara no, yɛnhyɛ ase nnɛ. Nanso nea ɔpɛ sɛ nnipa nyinaa yɛ no de, nea ɛte ara na ɛte. Adwene a ɛwɔ Onyankopɔn Mmara no akyi nsesae, enti ɛho hia Kristofo paa.—Kolosefo 3:20.

 Sɛ obi yɛ abofra oo, sɛ ɔyɛ ɔpanyin oo, ade a ɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ ɔredi n’awofo ni ne sɛ obebu wɔn na watie wɔn. (Leviticus 19:3; Mmebusɛm 1:8) Sɛ obi fi n’awofo nkyɛn na ɔkɔkyekye n’abusua mpo a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ so dɔ n’awofo na ɔboa wɔn. Nea obetumi ayɛ no bi ne sɛ, sɛ n’awofo nyin a, ɔbɛhwɛ sɛ nea wohia biara wɔn nsa bɛka, na sika nso ka ho.—Mateo 15:4-6; 1 Timoteo 5:4, 8.

 Hyɛ no nsow sɛ, na ɛsɛ sɛ Israelfo di wɔn papa ne wɔn maame nyinaa ni, na ɛno ma wohui sɛ wɔn maame nso ho hia paa wɔ abusua no mu. (Mmebusɛm 6:20; 19:26) Saa ara na ɛsɛ sɛ obiara yɛ n’awofo nnɛ.

 Ahyɛde a ese obiara nni n’awofo ni no, na ɛnkyerɛ sɛ nea awofo no bɛka biara ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Israelfo no, sɛ wɔn awofo anaa obi foforo biara ka sɛ wɔnyɛ biribi a etia Onyankopɔn mmara a, na ɛnsɛ sɛ wodi so. (Deuteronomium 13:6-8) Yɛn Kristofo nso, ɛnnɛ, “Onyankopɔn ne sodifo a ɛsɛ sɛ yetie no, na ɛnyɛ nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29.

 Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no, ɔhyɛɛ bɔ wom sɛ wɔn a wobedi wɔn awofo ni no, ‘wobenyin akyɛ na asi wɔn yiye’ wɔ asaase a ɔde bɛma wɔn no so. (Deuteronomium 5:16) Enti asotwe a na wɔde ma mmofra a wɔanyinyin a wobu Onyankopɔn mmara so yɛ wɔn awofo so asoɔden no, na ebi remma wɔn so. (Deuteronomium 21:18-21) Saa mmara no, ɛnyɛ nnɛ na Onyankopɔn de maa wɔn, nanso adwene a ɛwɔ akyi no nsesae. (Efesofo 6:1-3) Sɛ yɛyɛ mmofra oo, yɛyɛ mpanyin oo, nea yɛyɛ biara yebebu ho akontaa akyerɛ yɛn Bɔfo no. Sɛnea Onyankopɔn ahyɛ bɔ no, wɔn a wotie no na wodi wɔn awofo asɛm so no, wɔbɛtena ase akyɛ. Nea ɛte ne sɛ, wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa.—1 Timoteo 4:8; 6:18, 19.

Exodus 20:12 Ho Nsɛm

 Sɛ yɛhwɛ baabi a wɔde ahyɛde a ɛwɔ Exodus 20:12 no hyɛe wɔ Mmara Nsɛm Du no mu a, ɛkyerɛ yɛn biribi. (Exodus 20:1-17) Mmara nnan a edi kan no, na ɛkyerɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ Israelfo no yɛ ma Onyankopɔn; ebi ne sɛ wɔbɛsom ɔno nko ara. Mmara nnum a etwa to no nso, na ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ Israelfo no yɛ wɔn yɔnko nnipa; ebi ne sɛ wobedi nokware wɔ aware mu, na wɔahwɛ sɛ wɔremmɔ korɔn. Mmara a ɛka sɛ “di wo papa ne wo maame ni” a ɛhyɛ ntam no, ebinom ka sɛ baabi a ɛhyɛ no fata paa, efisɛ obi di so a, ɛkyerɛ sɛ wayɛ biribi ama ne yɔnko nipa ne Onyankopɔn nyinaa.

Kenkan Exodus ti 20, na hwɛ ase hɔ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu ne kyerɛwnsɛm foforo a ɛfa ho.